Wim Tebea So Ɛresakra?
“SƐ ENGIRESIFO baanu hyiam a, nea wodi kan di ho nkɔmmɔ ne wim tebea.” Saa na nhoma kyerɛwfo a wagye din, Samuel Johnson, ka de dii agoru. Nanso nnansa yi, wim tebea abɛyɛ aniberesɛm ankasa. Abɛyɛ ahiasɛm ama nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa. Dɛn ntia? Efisɛ ɛte sɛ nea sakra ara na wim tebea—ɛwom sɛ ɛnyɛ bere nyinaa na wotumi kyerɛ sɛnea ɛbɛyɛ de—resakra.
Sɛ nhwɛso no, wɔ afe 2002 ahohuru bere mu no, osu kɛse totɔe wɔ Europa. Nokwarem no, ɛmaa wɔkaa ho asɛm sɛ na ɛyɛ “nsuyiri a ɛkyɛn so a asi wɔ Europa mfinimfini fam bɛboro mfe ɔha ni.” Hyɛ amanneɛbɔ a edidi so yi nsow:
AUSTRIA: “Osu a ano yɛ den tɔe ma ɛkaa Salzburg, Carinthia, ne Tirol amansin no titiriw. Atɛkyɛ ne nwura sum beguu akwan pii so ma ɛkɔɔ soro bɛyɛ mita 15. Wɔ Vienna Südbahnhof keteke gyinabea no, aprannaa maa keteke bi nyaa akwanhyia ma nnipa pii pirapirae.”
CZECH REPUBLIC: “Asɛm a ɛyɛ ahometew paa na ɛtoo Prague. Nanso na asɛm no ani yɛ nyan kɛse wɔ amansin no mu. Nnipa a wɔn dodow bɛyɛ 200,000 tu fii wɔn afie mu. Nsuyiri no kataa nkurow mũ nyinaa so.”
FRANCE: “Nnipa 23 wuwui, 9 yerae, na ama nnipa mpempem pii ho akam ankasa . . . Apranaa kunkum nnipa 3 wɔ osu a ɛtɔɔ Dwoda no mu. . . . Odumgyani bi wui bere a ogyee awarefo bi a na wɔwɔ ahohia mu wiei no; ná nsu afa wɔne kar a wɔte mu no.”
GERMANY: “Ɛmmae wɔ Germany abakɔsɛm mu da sɛ wɔayi nnipa pii afi nkurow ne nkuraa ase te sɛ nea esii mprempren yi wɔ ‘nsuyiri kɛse a ɛsen biara wɔ afeha’ yi mu yi. Nnipa mpempem pii aguan afi wɔn nkurow mu. Nnipa pii ayɛ saa de abɔ wɔn ho ban. Akyiri koraa no, wɔde ahyɛmma ne helikopta na egyee ebinom fii nsuyiri no mu.”
ROMANIA: “Ahum a etui fi July mfinimfini mu hɔ no ama nnipa pii ahwere wɔn nkwa.”
RUSSIA: “Anyɛ yiye koraa no, nnipa bɛyɛ 58 wuwui wɔ Po Tuntum no ano . . . Kar ne bɔs bɛyɛ 30 kaa ɛpo bun mu a na wontumi nhwehwɛ esiane sɛ wɔde kɔkɔbɔ mae sɛ ahum foforo betu nti.”
Ɛnyɛ Europa Nko na Ɛwɔ
Germany atesɛm krataa Süddeutsche Zeitung bɔɔ amanneɛ wɔ August 2002 mu sɛ: “Wim tebea foforo a ɛmaa osu kɛse tɔe na ahum tutui wɔ Asia, Europa, ne Amerika Kesee fam no asɛe ade kɛse. Wukuda no, dɔte ne abotan a edwiriw fii mmepɔw so kunkum nnipa bɛyɛ 50 wɔ Nepal. Ahum bi a etui wɔ China kesee fam no kunkum nnipa awotwe na ɛmaa osu kɛse tɔe wɔ China mfinimfini fam. Nsuyiri a ɛbae wɔ China no maa Asubɔnten Mekong yiri duu beae a na ennuu da wɔ mfe 30 mu, na ɛkataa afi bɛboro 100 so wɔ Thailand atifi fam apuei. . . . Wɔ Argentina no, osu kɛse a ɛtɔe no faa anyɛ yiye koraa no, nnipa baanum. . . . Nnipa bɛboro apem na wowuwui wɔ China ahohuru bere mu ahum a etui no mu.”
Bere a na nsu rehaw nnipa wɔ wiase mmeae pii no, na ɔpɛ kɛse bi asi wɔ United States. Wɔbɔɔ amanneɛ sɛ: “Abura mu nsu a ɛso tewee anaa ɛyowee, nsuten pii mu nsu a ɛso tewee wɔ baabiara, ne kwae a ogya hyewee a ebu bɔɔ ho saa bere no haw ɔman no nyinaa. Esiane sɛ na nnɔbae ne mmoa adidibea asɛe, na nsu a wɔnom ho ayɛ den, na wusiw ne mfutuma retu nti, ɛmaa animdefo kae sɛ, ɛka a ɛbɛma ɔman no abɔ wɔ 2002 mu no bedu dɔla ɔpepepem pii.”
Efi 1960 mfe no mu no, ɔpɛ a ano yɛ den asi wɔ Afrika atifi fam ma asɛe nneɛma pii. Sɛnea amanneɛbɔ ahorow kyerɛ no, “osutɔ so tew baa fam ɔha mu nkyem 20 kosi 49 sen afeha a ɛto so 20 no fã a edi kan no mu, na ama ɔkɔm akunkum nnipa pii.”
El Niño (mframa a ɛma osu tɔ baabi na ɔpɛ si baabi) wim tebea—nsu a ɛyɛ hyew a efi Pacific supɔw a ɛda apuei fam na ɛkanyan no—ma nsuyiri ne wim tebea afoforo a ɛsɛe ade ba bere ne bere mu wɔ Amerika Kusuu ne Kesee fam.a Na CNN amanneɛbɔ ahyehyɛde no ka sɛ El Niño a esii wɔ 1983 ne 84 mu no na “ɛmaa nnipa bɛboro 1,000 wuwui, na ɛkame ayɛ sɛ ɛno na ɛkɔfaa asiane a wim nsakrae ma ɛbae wɔ nsasepɔn nyinaa so no bae, na wobuu akontaa sɛ ɛsɛee agyapade ne nyɛmmoa a ne bo si dɔla ɔpepepem 10.” Saa ade yi san sisi (bɛyɛ mfe anan biara ntam) fi bere a wodii kan hui wɔ afeha a ɛto so 19 mu no. Nanso animdefo binom gye di sɛ “El Niño anya nkɔanim wɔ mpɛn dodow a esi no mu” na “ɛbɛtaa asisi” daakye.
Asɛm bi a U.S. Ɔman Wimhyɛn ne Ahunmu Asoɛe tintimii de awerɛhyem yi ma sɛ: “Wim tebea ‘soronko’ a yɛrehu no dodow ara—ahohuru bere anaa awɔw bere a ɛda nsow no—fi wim nsakrae a ɛba wɔ mmeae horow bere ne bere mu no.” Nanso nsɛnkyerɛnne wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ ebia ɔhaw bi a emu yɛ den wɔ hɔ. Greenpeace, ahyehyɛde a edi nneɛma a atwa yɛn ho ahyia sohwɛ mu akoten no ka sɛ: “Wim tebea a ɛyɛ hu a ahum a ano yɛ den ne nsu kɛse a ɛtɔ ka ho no bɛkɔ so asɛe nneɛma wɔ okyinnsoromma yi so. Ɔpɛ a ano yɛ den ne nsuyiri pii no bɛsesa Asase ani ankasa, na ɛbɛsɛe mpoano nsase ne kwae.” So adanse bi wɔ hɔ a ɛma wogyina so ka saa? Sɛ saa na ɛte a, dɛn na ɛde “wim tebea a ɛyɛ hu yi ba”?
[Ase hɔ asɛm]
a Hwɛ asɛm “What Is El Niño?” (Dɛn ne El Niño?) a ɛwɔ March 22, 2000 Engiresi Nyan! mu no.
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 2, 3]
Nsuyiri wɔ Germany (atifi) ne Czech Republic (benkum so)