Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g03 8/8 kr. 8-9
  • Bere a Wim Tebea Renyɛ Asiane Bio!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bere a Wim Tebea Renyɛ Asiane Bio!
  • Nyan!—2003
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Gye sɛ Onyankopɔn De ne Ho Gye Nsɛm Mu
  • Ewim Nsakrae a Ɛresɛe No, Bible Betumi Aboa Wo Ama Woagyina Mu Anaa?
    Nsɛm Foforo a Wubenya
  • Nsuyiri ne Ɔpɛ—So Efi Onyankopɔn?
    Nyan!—1986
  • Dɛn Na Bible Aka Afa Wim Tebea a Ɛresɛe No Ne Yɛn Daakye Ho?
    Nsɛm Foforo a Wubenya
  • Asiane—So Efi Onyankopɔn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2003
g03 8/8 kr. 8-9

Bere a Wim Tebea Renyɛ Asiane Bio!

“ESIANE sɛ nipa nam adifudepɛ so repɛ ahotɔ, ayɛ nneɛma ntɛmntɛm, na wanya ne ho nti, nea ɛbɛba asase tebea so mfa ne ho.” Ɛno ne asɛm a wɔakyerɛw wɔ 5000 Days to Save the Planet nhoma no akyi. Nea onipa adifudepɛ de aba na yehu yi. Na sɛ ebia nea wɔka fa asase so hyew a ayɛ ho no bɛba mu anaasɛ ɛremma mu no, ade biako na yegye tom—nipa resɛe yɛn okyinnsoromma fɛfɛ yi. Yɛn anidaso koro pɛ ne Bible bɔhyɛ a ɛbɛba mu a ɛka sɛ Onyankopɔn ‘bɛsɛe wɔn a wɔsɛe asase no.’—Adiyisɛm 11:18.

Onyankopɔn de nhyehyɛe foforo koraa besi nnipa nniso a aporɔw no ananmu. Ansa na wobɛbɔ saa nsusuwii no agu sɛ nyamesom mu nsɛnhunu no, susuw eyi ho hwɛ: Hena na obetumi ahu asase no ahiade sen ne Bɔfo no? So nea ɛbɛba okyinnsoromma yi so no mfa ne ho? Bible ma ɛda adi pefee sɛ ɛfa ne ho bere a ɛka wɔ Yesaia 45:18 sɛ Yehowa ne “Nyankopɔn, ɔno na ɔde sii hɔ; wammɔ no hunu, na ɔnwenee sɛ wɔntra so” no. Nea ɛbɛyɛ na saa atirimpɔw no abam no, Onyankopɔn betumi de ne ho agye nsɛm mu, na ɔbɛyɛ nso.

Onyankopɔn bɛyɛ eyi denam nniso anaa ahenni foforo a ɔde bɛba abedi asase so no so. Sɛ Kristofo bɔ mpae a wɔfrɛ no Awurade Mpaebɔ no na wɔka sɛ, “W’ahenni mmra” a, na wɔreka sɛ saa Aban yi mmedi asase so. (Mateo 6:9, 10) Onyankopɔn Ahenni anaa nniso no bɛyɛ ade ma ɛne asase so abɔde mu kyinhyiadi a ɛyɛ nwonwa no ahyia. Enti ebetumi asiesie asase so mmeae a wɔasɛe no denam efĩ ne nneɛma a atwa yɛn ho ahyia a yɛmfa nni dwuma ɔkwampa so no. Yesaia 35:1, 6 ka sɛ: ‘Anhwea pradada bɛhan sɛ nhwiren. Nsu betue sare so, na nsuwansuwa asen anhwea pradada so.’

Gye sɛ Onyankopɔn De ne Ho Gye Nsɛm Mu

Wɔ afe 2002 nsuyiri no akyi no, Helmut Schmidt a na kan ɔyɛ West Germany mampanyin no kyerɛwee sɛ: “Obiara ntumi nsiw nsu a ebu fa nsu mu ban so no kwan. Asiane ahorow kɔ so sisi.” Ɛyɛ nokware. Na sɛ wim nsakrae ma nneɛma sɛe a, nea nnipa tumi yɛ ara ne sɛ wɔbɛbɔ mmɔden biara sɛ wobegyina ano. Amanehunu a efi asiane a ɛte saa mu ba nyinaa akyi no, nneɛma pa betumi afi mu aba. Ebetumi aka nkurɔfo ma wɔada ɔdɔ ne ayamhyehye adi akyerɛ wɔn mfɛfo. (Marko 12:31) Sɛ nhwɛso no, ɛte sɛ nea nsuyiri a ɛbae wɔ Europa no nyaa ebinom so nkɛntɛnso saa kwan yi so. Atesɛm krataa biako kyerɛwee sɛ: “Atuhoamafo a wɔyɛ nsi fi Germany mmeae nyinaa aba sɛ wɔrebɛboa. Ɛyɛ atuhoama dwumadi a efi Wiase Ko II so no, ɛso bi mmae da.”

Ná Yehowa Adansefo pii nso ka saa atuhoamafo yi ho. Asɛm a edi hɔ no besusuw mmoa a Adansefo no de mae wɔ aman anan a ahum a ano yɛ den bɔ faa hɔ no ho. Su a Kristofo yi daa no adi no yɛ nea asetra bɛyɛ wɔ Onyankopɔn nniso a ɛreba no mu daakye, a wɔbɛda ɔdɔ ne tema adi—ɛnyɛ adifudepɛ ne pɛsɛmenkominya—no ho nsusuwso.—Yesaia 11:9.a

Kristofo betumi anya awerɛkyekye afi Onyankopɔn bɔhyɛ a ɔde maa tete Israelfo no mu: “Mɛma mo asase so su atɔ ne bere mu, asusow ne adom.” (Deuteronomium 11:14) Saa bɔhyɛ no bɛbam ama wɔn a wobenya hokwan atra Onyankopɔn wiase foforo no mu no—wiase a asiane biara mma wim tebea so.

[Ase hɔ asɛm]

a Sɛ wopɛ sɛ wusua pii fa Bible bɔhyɛ a ɛfa Ahenni nniso no ho a, yɛsrɛ sɛ hu Yehowa Adansefo a wɔwɔ wo mpɔtam hɔ no anaa kyerɛw wɔn a wotintim nsɛmma nhoma yi.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 9]

Wim Tebea a Ɛyɛ Pɛ

Wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu no, ɛho renhia sɛ nnipa suro sɛ ahum a etu mpofirim bɛsɛe wɔn afie anaa wɔn nnɔbae. (2 Petro 3:13) Bible ma ɛda adi pefee sɛ Onyankopɔn ne ne Ba Yesu Kristo wɔ tumi koraa sɛ wobedi wim tebea so. Susuw kyerɛwsɛm a edidi so yi ho hwɛ.

◼ Genesis 7:4: “Aka ɛha nnanson na matɔ osu magu asase so adaduanan awia ne anadwo.”

◼ Exodus 14:21: ‘Yehowa de apuei mframa dennen maa ɛpo no kɔe anadwo no nyinaa, na ɔdan po no ma ɛyɛɛ asase kesee, na nsu no mu baee.’

◼ 1 Samuel 12:18: ‘Ɛnna Samuel frɛɛ Yehowa, na Yehowa maa aprannaa ne osu bae da no. Na ɔman no nyinaa suroo Yehowa ne Samuel.’

◼ Yona 1:4: ‘Yehowa maa mframa a ano yɛ den bɛbɔe ɛpo no so, na ahum kɛse tui ɛpo no so, na hyɛn no yɛe sɛ ɛrebɛbɔ.’

◼ Marko 4:39: “Ɔsɔre [Yesu a Onyankopɔn ama no tumi] teɛteɛɛ mframa no, na osee po no sɛ: Mua w’ano, yɛ komm! Na mframa no gyaee, na ɛyɛɛ dinn.”

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 8, 9]

Wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu no, yɛrensuro wim tebea a ɛyɛ hu biara

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena