Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g03 8/8 kr. 30-31
  • So Mmusua Ntam Nitan Teɛ?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Mmusua Ntam Nitan Teɛ?
  • Nyan!—2003
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔn Nnwuma Bu Wɔn Atɛn
  • Yesu Hyɛɛ Mmusua Ntam Biakoyɛ Ho Nkuran
  • Mmusuakuw a Ɛwɔ Kristofo Asafo no Mu
  • Yɛbɛyɛ Dɛn Asiw Mmusuakuw Ntam Mpaapaemu Ano?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • So Wobetumi Ama Wiase no Ayɛ Biako?
    Nyan!—1994
  • Ɔtan Bɛba Awiei Da Bi?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Yɔnko Dɔ Betumi Ayɛ Yiye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2003
g03 8/8 kr. 30-31

Bible no Adwene

So Mmusua Ntam Nitan Teɛ?

SƐ WOBU wo sɛ woyɛ okontomponi, basabasayɛfo, ɔkwasea, anaa obi a ne bra asɛe esiane abusua a wufi mu nti a, wobɛte nka dɛn?a Akyinne biara nni ho sɛ, w’ani rennye. Awerɛhosɛm ne sɛ, saa na ɛte wɔ nnipa ɔpepem pii fam. Bio nso, wɔ abakɔsɛm nyinaa mu no, wɔayɛ nnipa pii a wɔn ho nni asɛm ayayade na wɔakum ebinom mpo, esiane abusua anaa ɔman a wofi mu nti. Nokwarem no, ntawtawdi a mogyahwiegu wom no mu dodow no ara fi mmusua ho nitan. Nanso, wɔn a wɔka ankasa sɛ wɔwɔ Onyankopɔn ne Bible no mu gyidi no na wɔde wɔn ho hyɛ saa basabasayɛ no mu. Na ebinom nso ka sɛ nnipa mu nyiyim ase atim—abɛyɛ adesamma su.

So Bible no pene saa mmusua ho nitan yi so? So tebea bi wɔ hɔ a ɛma wɔtan wɔn a wofi amammerɛ anaa abusua soronko mu no? So anidaso bi wɔ hɔ ma daakye a mmusua ho nitan nnim? Dɛn ne Bible no adwene?

Wɔn Nnwuma Bu Wɔn Atɛn

Sɛnea Onyankopɔn ne adesamma dii nsɛm tete no a yɛnto yɛn bo ase nsusuw ho nkɔ akyiri no betumi ama yɛanya nsusuwii a ɛnteɛ—ɛne sɛ, Onyankopɔn foaa mmusua ho nitan so ankasa. So Bible kyerɛwtohɔ dodow no ara nka Onyankopɔn ho asɛm sɛ okum mmusua ne aman mũ nyinaa? Yiw, nanso nhwehwɛmu a ɛkɔ akyiri kyerɛ sɛ Onyankopɔn buu nkurɔfo no atɛn esiane wɔn bra a asɛe a enti ɛma wobuu wɔn ani guu Onyankopɔn mmara ahorow so no nti, na ɛnyɛ mmusua a wofi mu nti.

Sɛ nhwɛso no, Yehowa Nyankopɔn buu Kanaanfo fɔ esiane wɔn ho a wɔde hyɛɛ nna mu ɔbrasɛe ne adaemone amanne ahorow mu nti. Wɔhyew wɔn mma de bɔɔ afɔre maa atoro anyame mpo! (Deuteronomium 7:5; 18:9-12) Nanso, wɔ tebea bi mu no, Kanaanfo no bi nyaa Onyankopɔn mu gyidi na wɔsakrae. Ɛno nti, Yehowa ansɛe wɔn na ohyiraa wɔn. (Yosua 9:3, 25-27; Hebrifo 11:31) Kanaanni bea, Rahab, mpo bɛyɛɛ Mesia a wɔahyɛ ne ho bɔ, Yesu Kristo, nanabea.—Mateo 1:5.

Mmara a Onyankopɔn de maa Israelfo no da no adi sɛ ɔnyɛ animhwɛ. Mmom no, ɔda no adi sɛ nnipa nyinaa yiyedi ho hia no ankasa. Wɔ Leviticus 19:33-34 no, yehu ahyɛde a edi so a ayamhyehye wom a Onyankopɔn de maa Israelfo yi: “Na sɛ ɔhɔho bi bɛsoɛ mo asase so a, monnhyɛ no so. Ɔhɔho a wabɛtra mo mu nyɛ mo sɛ mo kuroni bi, na dɔ no sɛ wo ho, efisɛ moyɛɛ Misraim asase ahɔho: Mene [Yehowa, NW] mo Nyankopɔn.” Yehu ahyɛde koro a ɛte saa ara wɔ Exodus ne Deuteronomium nhoma no mu. Ɛda adi sɛ, Yehowa anhyɛ mmusua ho nitan ho nkuran. Osii mmusua ntam biakoyɛ so dua.

Yesu Hyɛɛ Mmusua Ntam Biakoyɛ Ho Nkuran

Bere a na Yesu wɔ asase so no, na Yudafo ne Samariafo taa bu wɔn ho wɔn ho animtiaa. Bere bi, nkurɔfo a na wɔwɔ Samaria akuraa bi ase poo Yesu esiane sɛ na ɔyɛ Yudani a ɔrekɔ Yerusalem nti. Ɔkwan bɛn so na anka wobɛyɛ w’ade wɔ po a wɔpoo no no ho? Ɛbɛyɛ sɛ Yesu asuafo no daa adwemmɔne a na nkurɔfo kura saa bere no bi adi bere a wɔkae sɛ: “Awurade, wopɛ sɛ yɛka na ogya fi soro bɛhyew wɔn?” (Luka 9:51-56) So Yesu maa n’asuafo no adwemmɔne no nyaa ne so nkɛntɛnso? Nea ɛne no bɔ abira no, ɔkaa wɔn anim na ɔde asomdwoe hwehwɛɛ akuraa foforo kɔsoɛɛ hɔ. Ɛno akyi bere tiaa bi no, Yesu buu bɛ a ɛfa Samariani mmɔborohunufo ho no. Eyi kyerɛkyerɛɛ mu paa sɛ obi abusua a ofi mu kɛkɛ mma ɔnnyɛ ɔtamfo. Nokwarem no, obetumi ayɛ ofipamfo a oye ankasa!

Mmusuakuw a Ɛwɔ Kristofo Asafo no Mu

Wɔ Yesu asase so som adwuma mu no, ɔde adwene sii wɔn a wɔne no fi ɔman koro mu a na wɔbɛba abɛyɛ n’asuafo no so titiriw. Nanso ɔdaa no adi sɛ bere bi akyi no afoforo nso bɛba abɛyɛ n’akyidifo. (Mateo 28:19) So wobegye ankorankoro a wofi mmusuakuw ahorow nyinaa mu no atom? Yiw! Ɔsomafo Petro kae sɛ: “Nokwarem na mahu sɛ Onyankopɔn nhwɛ onipa anim, na mmom ɔman biara mu, nea osuro no na ɔyɛ ade trenee no, ɔpɛ no agye no.” (Asomafo no Nnwuma 10:34, 35) Akyiri yi, Ɔsomafo Paulo hyɛɛ saa nsɛm yi mu den denam ka a ɔkaa no pefee sɛ abusua a obi fi mu nyɛ ade titiriw wɔ Kristofo asafo no mu no so.—Kolosefo 3:11.

Yehu ade foforo a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn gye nnipa a wofi mmusuakuw nyinaa mu tom wɔ Bible mu nhoma a ɛne Adiyisɛm mu. Wɔ ɔsoro anisoadehu a efi honhom mu mu no, ɔsomafo Yohane huu “nnipakuw kɛse . . . a wofi aman ne mmusuakuw ne nkurɔfo ne ɔkasa nyinaa mu,” a wonyaa nkwa fii Onyankopɔn hɔ. (Adiyisɛm 7:9, 10) Saa “nnipakuw kɛse” yi bɛyɛ adesamma abusua foforo no fapem a nnipa a wofi mmusua nyinaa mu bɛbom atra asomdwoe mu, na ɔdɔ a wɔwɔ ma Onyankopɔn no ama wɔayɛ biako.

Ansa na saa bere no bɛba no, ɛsɛ sɛ Kristofo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛko atia ɔpɛ a ɛne sɛ wobebu afoforo atɛn esiane mmusua a wofi mu nti no. Nkurɔfo a yɛbɛhwɛ wɔn sɛ ankorankoro, sɛnea Onyankopɔn nso hwɛ wɔn, na yɛnhwɛ wɔn sɛ wɔyɛ mmusuakuw bi mufo kɛkɛ no kyerɛ adetrenee ne ɔdɔ. So ɛnyɛ saa na wopɛ sɛ wohu wo? Yesu tu yɛn fo ma ɛfata sɛ: “Enti ade biara a mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara.” (Mateo 7:12) Ɛyɛ abotɔyam sɛ yɛbɛtra ase a yennya mmusua ho nitan. Ɛma yenya asomdwoe kɛse, na ɛma asomdwoe ba yɛne afoforo ntam. Nea ehia sen saa no, ɛma yɛne yɛn Bɔfo a ɔnyɛ animhwɛ, Yehowa Nyankopɔn, yɛ biako. Ntease a edi mu a enti ɛsɛ sɛ yɛpo mmusua ho nitan bɛn ara ni!

[Ase hɔ asɛm]

a “Abusuakuw” a wɔde di dwuma wɔ nsɛm yi mu no gyina hɔ ma nkurɔfo a wofi mmusua, ɔman, nnipakuw anaa amammerɛ koro mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena