Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g03 9/8 kr. 28-29
  • So Onyankopɔn De Ahonyade Hyira Yɛn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Onyankopɔn De Ahonyade Hyira Yɛn?
  • Nyan!—2003
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Atirimpɔw Bi Nti na Wohyiraa Wɔn
  • Sɛnea Onyankopɔn Hyira Yɛn
  • Ɛsom Bo Sen Dwetɛ Anaa Sika
  • Yebedi Yiye Ankasa Wɔ Onyankopɔn Wiase Foforo no Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Yehowa Nhyira Na Ɛyɛ Ɔdefo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Ahonyade a Efi Onyankopɔn Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • So Ɛsɛ sɛ Kristofo Yɛ Ahiafo?
    Nyan!—2003
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2003
g03 9/8 kr. 28-29

Bible no Adwene

So Onyankopɔn De Ahonyade Hyira Yɛn?

“Yehowa nhyira—ɛno na ɛyɛ ɔdefo, na ɔmfa yaw biara nka ho.”—MMEBUSƐM 10:22, NW.

SO KYERƐWSƐM a wɔaka emu asɛm wɔ atifi hɔ no kyerɛ sɛ Onyankopɔn de honam fam nneɛma hyira ne nkoa? Nnipa binom susuw saa. Susuw nea Pentekoste asɔre no ɔsɛmpakafo ne nhoma kyerɛwfo bi a ofi Australia kae yi ho hwɛ: “Merebɛkyerɛ mo nea enti a muhia sika pii, ne nea ɛto so abien, ɔkwan a mobɛfa so anya sika pii wɔ [me] nhoma no mu . . . Sɛ mubetumi asesa mo nsusuwii na moanya sika ho adwene a ɛfata a, migye di sɛ mubenya Onyankopɔn nhyira ne yiyedi na sika ho renyɛ mo na da.”

Nanso, nsusuwii a ɛte saa no kyerɛ sɛ ahiafo nnya Onyankopɔn anim dom. So honam fam yiyedi yɛ Onyankopɔn nhyira ho sɛnkyerɛnne ankasa?

Atirimpɔw Bi Nti na Wohyiraa Wɔn

Wohu Onyankopɔn asomfo anokwafo a ɔde ahonyade hyiraa wɔn ho kyerɛwtohɔ pii wɔ Bible no mu. Sɛ nhwɛso no, Yakob de ne poma nkutoo na efii fie, nanso mfe 20 akyi a na ɔresan akɔ fie no, ɔde nguan, anantwi, ne mfurum pii a na ama no ayɛ akuw abien na ɛkɔe. Sɛnea Bible no kyerɛ no, na Yakob yiyedi no yɛ akyɛde a efi Onyankopɔn nkyɛn. (Genesis 32:10) Nhwɛso foforo: Hiob hweree n’agyapade nyinaa, nanso akyiri yi Yehowa maa no “nguan ɔpeduannan ne yoma mpemnsia ne anantwi mpamho apem ne mfurum abere apem.” (Hiob 42:12) Yehowa maa Ɔhene Salomo ahode araa ma n’anuonyam da so wɔ hɔ de besi nnɛ mmere yi mu.—1 Ahene 3:13.

Nea ɛne eyi bɔ abira no, wohu Onyankopɔn nokware asomfo a wɔyɛɛ osetie a na wɔyɛ ahiafo ho kyerɛwtohɔ pii wɔ Bible mu. Akyinnye biara nni ho sɛ na Onyankopɔn mfa ohia ntwe ebinom aso bere a na ɔde yiyedi rehyira afoforo no. Ɛnde, atirimpɔw bɛn nti na Onyankopɔn de ahonyade hyiraa ebinom?

Mmuae no yɛ soronko wɔ tebea no biara mu. Honam fam ahonyade a wɔde hyiraa Yakob no yɛɛ ɔman a na wɔbɛkyekye de aboaboa wɔn ho atwɛn Aseni a na wɔahyɛ ne ho bɔ no fapem. (Genesis 22:17, 18) Hiob yiyedi no yii adwene mu naayɛ biara a na ɛfa nea ɔde amanehunu aba ɔno Hiob so ho no fii hɔ, na ɛnam so tew Yehowa din ho. (Yakobo 5:11) Salomo nso de n’ahonyade a Onyankopɔn de maa no no mu fã kɛse no sii asɔrefie fɛfɛ bi. (1 Ahene 7:47-51) Nea ɛyɛ anigye no, Yehowa maa Salomo yɛɛ n’ankasa suahu a onyae wɔ anohyeto a ɛwɔ ɛbo a honam fam nneɛma som mu ho kyerɛwtohɔ.—Ɔsɛnkafo 2:3-11; 5:10; 7:12.

Sɛnea Onyankopɔn Hyira Yɛn

Bere a Yesu see n’akyidifo sɛ “munnnwinnwen” agyapade ho no, na ɔrekyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonnya sika ho adwempa. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ Salomo anuonyam nyinaa akyi mpo no, wankeka ne ho sɛ wuram sukooko. Nanso Yesu kae sɛ: “Na sɛ Onyankopɔn fura wuram ahaban . . . ntama saa a, ɔrenyɛ eyi mma mo, mo a mo gyidi sua?” Yesu maa Kristofo awerɛhyem sɛ, sɛ n’akyidifo hwehwɛ Onyankopɔn Ahenni ne ne trenee kan a, ɛnde wɔde aduan, ntade, ne dabere bɛka wɔn ho. (Mateo 6:25, 28-33) Ɔkwan bɛn so na saa bɔhyɛ no nya ne mmamu?

Sɛ wɔde Bible afotu di dwuma a, ɛde honhom fam nhyira titiriw na ɛba. (Mmebusɛm 10:22) Nanso, ɛde mfaso afoforo ba. Sɛ nhwɛso no, Onyankopɔn Asɛm no tu Kristofo fo sɛ: “Owifo nnwia ade bio, na mmom ɔmmɔ mmɔden mfa ne nsa nyɛ adwuma pa.” (Efesofo 4:28) Ɛka nso sɛ “ohia behia nea ɔtwentwɛn ne nsa ase, na nsiyɛfo nsa ma wonya wɔn ho.” (Mmebusɛm 10:4) Mpɛn pii no, wɔtaa pɛ Kristofo a wotie afotu yi na wofi nokwaredi mu yɛ adwumaden no sɛ adwumayɛfo. Eyi betumi ayɛ nhyira.

Bible kyerɛkyerɛ Kristofo nso sɛ wɔnkwati adifudepɛ adeyɛ a ɛne kyakyatow a ebinom yɛ de gyigye wɔn ani, sigaretnom a egu nnipa ho fĩ, ne asabow a ɛyɛ subammɔne no. (1 Korintofo 6:9, 10; 2 Korintofo 7:1; Efesofo 5:5) Wɔn a wɔde afotu yi di dwuma no hu sɛ wɔn ka so atew na wɔn akwahosan nso ayɛ yiye.

Ɛsom Bo Sen Dwetɛ Anaa Sika

Nanso yentumi nnyina honam fam yiyedi nkutoo so nkyerɛ sɛ yɛanya Onyankopɔn anim dom ne ne nhyira. Sɛ nhwɛso no, Yesu paa ohia a na Kristofo binom a wɔwɔ Laodikea no di wɔ honhom fam no ho ntama bere a ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Wuse: Meyɛ ɔdefo na manya me ho, na hwee nhia me, na wo ara ne ɔmanehunufo ne mmɔboroni ne ohiani ne onifuraefo ne dagyawee.” (Adiyisɛm 3:17) Nea ɛne no bɔ abira no, Yesu ka kyerɛɛ Kristofo a na wɔwɔ Smirna a na wodi hia honam fam nanso wodi yiye honhom fam no sɛ: “Minim w’ahohia ne wo hia no—nanso woyɛ ɔdefo.” (Adiyisɛm 2:9) Akyinnye biara nni ho sɛ saa Kristofo yi hyiaa sika fam ahokyere wɔ wɔn ataafo nsam esiane wɔn nokwaredi nti, nanso na wɔwɔ ahode a ɛsom bo sen dwetɛ anaa sika koraa mpo.—Mmebusɛm 22:1; Hebrifo 10:34.

Yehowa Nyankopɔn hyira wɔn a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ n’apɛde no nyinaa mmɔdenbɔ so. (Dwom 1:2, 3) Ɔma wɔn ahoɔden a wobetumi de agyina sɔhwɛ ahorow ano ne ahode a wɔde bɛhwɛ wɔn mmusua, na wɔahwehwɛ Ahenni no kan. (Dwom 37:25; Mateo 6:31-33; Filipifo 4:12, 13) Enti, sɛ́ anka Kristofo bebu honam fam nneɛma sɛ ɛne nhyira titiriw a Onyankopɔn de ma no, wɔbɔ mmɔden ‘nya wɔn ho nnwuma pa fam.’ Bere a Kristofo ne wɔn Bɔfo no nya abusuabɔ a emu yɛ den no, ‘na wɔreto nhyɛase pa asie ama daakye.’—1 Timoteo 6:17-19; Marko 12:42-44.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena