Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g03 10/8 kr. 16-18
  • So Ɛsɛ sɛ Mikurukyerɛw Me Ho?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Ɛsɛ sɛ Mikurukyerɛw Me Ho?
  • Nyan!—2003
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn Nti na Agye Din Saa?
  • Nkurukyerɛwee Yɛ Tete Adwinni
  • Akwahosan Mu Asiane Ahorow
  • Adwene Bɛn na Afoforo Benya?
  • Dɛn Na Bible Ka Fa Tattoo Ho?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Nipadua a Wokurukyerɛw Ho—Ɛho Ntease a Ɛsɛ sɛ Yenya
    Nyan!—2000
  • 666—Ɛnyɛ Asɛm Bi a Ɛkyere Adwene Kɛkɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • Nea Enti a Ɛsɛ Sɛ Yɛhwɛ Yɛn Ntaadehyɛ Ne Yɛn Ahosiesie Yiye
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
Nyan!—2003
g03 10/8 kr. 16-18

Mmofra Bisa Sɛ . . .

So Ɛsɛ sɛ Mikurukyerɛw Me Ho?

“Nkurukyerɛwee no bi yɛ fɛ. Ɛyɛ adwinni a ɛyɛ fɛ ankasa.”—Jalene.a

“Mede mfe abien na ɛhwɛɛ nkurukyerɛwee a edi kan a mɛyɛ wɔ me ho no kwan.”—Michelle.

NKURUKYERƐWEE wɔ baabiara—anaa ɛte sɛ nea ebi wɔ baabiara. Rock nnwontofo a wɔagye din, agumadi mu akunini, wɔn a wɔhyɛ ntade a aba so de kyerɛ, ne wɔn a wɔagye din wɔ sini mu de hoahoa wɔn ho. Mmofra a wɔadu wɔn mpanyin afe so pii adi eyi akyi, na wɔakurukyerɛw wɔn mmati, wɔn nsa ho, wɔn sisi, ne wɔn anannweaa so de hoahoa wɔn ho. Andrew ka sɛ: “Nnipa ho a wokuruwkyerɛw yɛ ade a aba so. Sɛ obi bɛyɛ bi anaa ɔnyɛ bi no yɛ ankorankoro asɛm.”

World Book Encyclopedia ka sɛ: “Obi ho a okurukyerɛw yɛ adwinni a odi gu ne nipadua ho a ɛnkɔ da. Ɔkwan a wɔfa so yɛ ne sɛ wɔde abaa a wɔasensen ano, dompe, anaa paane bɔ aduru a ɛyɛ kɔla a wɔafrafra mu de tutu ntokuru nketenkete wɔ wɔn nipadua ho.”

Ɛwom sɛ ɛho akontaabu yɛ den de, nanso akontaabu bi kyerɛ sɛ wɔ United States no, mmofra a wɔadi fi mfe 15-25 no ɔha biara mu 25 na wɔakurukyerɛw biribi agu wɔn ho. Sandy ka sɛ: “Ɛno ne ade a aba so a ɛsɛ sɛ woyɛ bi.” Dɛn nti na mmabun bi ani gye nipadua ho a wokurukyerɛw saa?

Dɛn Nti na Agye Din Saa?

Wɔ ebinom fam no, nipadua ho a wokurukyerɛw no yɛ ɔkwan soronko a wɔfa so da ɔbarima ne ɔbea ntam dɔ adi. Michelle ka sɛ: “Na wɔakurukyerɛw ababaa a me nuabarima ne no fi adi no din wɔ ne nannweaa so.” Ɔhaw bɛn na afi mu aba? “Ɔne no nnantew bio.” Teen nsɛmma nhoma no bɔ amanneɛ sɛ “nnuruyɛfo bu akontaa sɛ nnipa a wɔyɛ wɔn oprehyɛn de popa nkurukyerɛwee fi wɔn ho bɛboro ɔha mu 30 na ɛyɛ mmabaa a wɔpɛ sɛ wɔpopa wɔn mpenafo dedaw din fi wɔn ho.”

Mmabun binom bu nipadua ho a wokurukyerɛw sɛ adwinni a ɛyɛ fɛ. Ebinom nso bu no sɛ ahofadi ho sɛnkyerɛnne. Josie kae sɛ: “Me ara na midi me ho so,” na ɔde kaa ho sɛ gyinae a misii sɛ mekurukyerɛw me ho no ne “gyinae a m’ankasa masi wɔ m’asetra mu.” Mmabun bi ho a wokurukyerɛw no ma wonya hokwan sɔ biribi hwɛ—ɛma wɔte nka sɛ wɔwɔ wɔn ahosiesie so tumi. Obi ho a okurukyerɛw nso betumi ayɛ atuatew anaa asetra kwan foforo ho sɛnkyerɛnne. Ebinom nso yɛ kasafĩ ne mfonini ahorow a ɛmfata anaa ɛfene a ɛtwetwe adwene kɔ nneɛma bɔne so.

Nanso, mmabun dodow no ara na ebetumi aba sɛ wɔde wɔn ho akɔhyɛ biribi a aba so mu kɛkɛ. So ɛsɛ sɛ wo nso woyɛ bi esiane sɛ ɛte sɛ nea obiara rekurukyerɛw ne ho nti?

Nkurukyerɛwee Yɛ Tete Adwinni

Akyinnye biara nni ho sɛ nipadua ho a wokurukyerɛw nyɛ ɛnnɛyi adeyɛ. Wɔahu Misrifo ne Libiafo amukyenee ahorow bi a wɔakurukyerɛw ho a atra hɔ mfehaha pii ansa na Kristo reba. Wɔahu amukyenee ahorow bi nso a wɔakurukyerɛw ho wɔ Amerika Kesee fam. Ná ahoni a wɔakurukyerɛw ho no fã kɛse no ara yɛ abosonsom anyame. Sɛnea nhwehwɛmufo Steve Gilbert kyerɛ no, “nkurukyerɛwee a edi kan koraa a wonim sɛ ɛyɛ biribi ankasa ho mfonini na ɛnyɛ biribi a wɔde adwene abu ho mfonini no yɛ Bes nyame a wɔakurukyerɛw agu biribi ho. Wɔ Misrifo atetesɛm mu no, Bes yɛ potwaa nyame guamanfo.”

Sɛnea ɛfata no, Mose Mmara no baraa Onyankopɔn nkurɔfo sɛ wonnkurukyerɛw wɔn ho. Leviticus 19:28 ka sɛ: “Monnsesa mo ho nkamaa mmma awufo, na munnkurukyerɛw mo ho nkyerɛwee bi: Mene Awurade.” Abosonsomfo te sɛ Misrifo kurukyerɛw wɔn anyame din anaa wɔn nsɛnkyerɛnne guu wɔn koko anaa wɔn nsa ho. Sɛ na Israelfo no tie Yehowa mmara a na ɛbara nipadua ho nkamaa no a, na ɛbɛma wɔada nsow wɔ amanaman no mu.—Deuteronomium 14:1, 2.

Ɛwom sɛ Kristofo nni Mose Mmara no ase de, nanso ɛsɛ sɛ wosusuw bara a ɛbaraa nipadua ho a wokurukyerɛw no anibere so. (Efesofo 2:15; Kolosefo 2:14, 15) Sɛ woyɛ Kristoni a, akyinnye biara nni ho sɛ wompɛ sɛ wobɛyɛ nkamaa bi wɔ wo ho a ɛtwetwe adwene kɔ abosonsom anaa atoro som so—sɛ ɛyɛ bere tia mu de mpo a.—2 Korintofo 6:15-18.

Akwahosan Mu Asiane Ahorow

Akwahosan ho asiane ahorow nso wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wosusuw ho. Susuw nea Oduruyɛfo Robert Tomsick a ɔyɛ honam ani nyarewa ho ɔbenfo ka yi ho hwɛ: “Wonam nea woreyɛ no so resɛe wo were na wode aduru a ɛyɛ kɔla a wɔafrafra rekɔ wo nipadua no mu. Ɛwom sɛ paane no nwɔ nkɔ akyiri de, nanso bere biara a wode bɛwɔ wo were mu no, na worebɔ kwan ama yare mmoawa aba wo nipadua mu. Misusuw sɛ [obi ho a obekurukyerɛw no] yɛ ade a asiane wom ankasa.” Oduruyɛfo Tomsick toaa so sɛ: “Sɛ woannya yare bi amfi mu mpo a, ɛrenyɛ den sɛ wode nneɛma bi a ɛne wo honam nnye bɛkɔ wo nipadua mu, wo ho bɛbɔ atape, na woahyia ɔhaw afoforo a ebetumi ama were no ayɛ kɔɔ, ahon, ayɛ denneennen na akeka wo bere a wode aduru a ɛyɛ kɔla a wɔafrafra no kɔ wɔ nipadua mu no.”

Ɛmfa ho sɛ wɔtaa pɛ sɛ nkurukyerɛwee no kyɛ no, wɔnam akwan ahorow bi so popa fi hɔ: Laser removal (nkurukyerɛwee no a wɔhyew fi hɔ), oprehyɛn (nkurukyerɛwee no a wotwa fi hɔ), dermabrasion (dade brɔhye a wɔde twitwiw were no ani de yi fi hɔ), salabrasion (nkyene nsu a wɔde donnɔn were a wɔakurukyerɛw ho no), scarification (nsu yerɛwyerɛw a wɔde yi nkurukyerɛwee no ma ɛhɔ yɛ twã). Saa akwan a wɔfa so yi gye sika pii na ebetumi ayɛ yaw. Teen nsɛmma nhoma no ka sɛ: “Ɛyɛ yaw koraa sɛ wɔbɛfa laser so apopa nkurukyerɛwee afi wo ho sen sɛ wubekurukyerɛw no foforo.”

Adwene Bɛn na Afoforo Benya?

Esiane sɛ pii nni ho adwempa nti, ɛsɛ sɛ wususuw sɛnea afoforo bɛte nka afa wɔ wo ho nkurukyerɛwee no ho yiye. (1 Korintofo 10:29-33) Bere a Li, ɔbea bi a ɔwɔ Taiwan ansusuw ho ankɔ akyiri no, okurukyerɛw ne ho bere a na wadi mfe 16. Seesei wadi mfe 21 a ɔyɛ krakyedwuma. Li ka sɛ: “Sɛnea wɔn a me ne wɔn yɛ adwuma no hwɛ me ho nkurukyerɛwee no haw me.” Britain adwenemyare ho ayaresa odwumayɛni Theodore Dalrymple ka sɛ, wɔ nnipa pii fam no, nipadua ho a wokurukyerɛw “yɛ sɛnkyerɛnne a mpɛn pii no ɛkyerɛ sɛ obi dɔm basabasayɛfo, atirimɔdenfo, anuonyampɛfo, ne nsɛmmɔnedifo kuw bi.”

American Demographics nsɛmma nhoma no mu asɛm bi kae sɛ: “Ɛda adi sɛ Amerikafo dodow no ara bu adwinni a wɔyɛ wɔ nipadua ho no sɛ adeyɛ a asiane wom. [Mmabun] ɔha biara mu aduɔwɔtwe anum gye asɛm yi tom, ‘ɛsɛ sɛ nnipa a wɔakurukyerɛw wɔn ho wɔ mmeae a afoforo hu no . . . hu sɛ saa kwan a wɔfa so da wɔn ho adi no betumi ayɛ akwanside ama wɔn wɔ wɔn adwumam anaa wɔne afoforo ntam abusuabɔ mu.’”

Susuw ho nso hwɛ sɛ ebia wo ho a wubekurukyerɛw no bɛma ayɛ mmerɛw ama afoforo sɛ wobegye Kristoni a woyɛ no atom anaasɛ ɛbɛma wɔn adwenem ayɛ wɔn nãã wɔ ho. So ebetumi ato afoforo “hintidua”? (2 Korintofo 6:3) Ɛyɛ nokware sɛ mmabun binom kurukyerɛw wɔn ho baabi a afoforo nhu. Ebia wɔn awofo mpo nnim saa nkurukyerɛwee a ahintaw yi ho hwee. Nanso hwɛ yiye! Oduruyɛfo nkyɛn a wɔde wo bɛkɔ bere a wuntumi nyɛ wo ho hwee anaa mpo wo mfɛfo sukuufo a wo ne wɔn bebom aguare bere a moawie agumadi anaa apɔw-mu-teɛteɛ no bɛma w’ahintasɛm no abɛda adi! Ɛyɛ papa “sɛ yɛbɔ yɛn bra yiye ade nyinaa mu” na yɛakwati atoro nnaadaa.—Hebrifo 13:18.

Te sɛ biribiara a ɛba so no, nipadua ho a wokurukyerɛw betwam bere bi. So wowɔ atade bi wɔ hɔ—sɛ́ ɛyɛ trɔɔs, hyɛɛt, anaa mpaboa—a esiane sɛ wopɛ nti wobɛhyɛ no wo nkwa nna nyinaa? Ɛda adi sɛ ɛnte saa koraa! Ntade yɛbea, sɛnea wotwitwa pam no, ne kɔla ahorow sesa. Nanso, esiane sɛ nkurukyerɛwee nte sɛ atade nti, ɛyɛ den sɛ wɔbɛpopa. Bio nso, ebia “nneɛma a w’ani gye ho” bere a wadi mfe 16 no betumi ayɛ nea w’ani nnye ho pii bere a wadi mfi 30 no.

Nnipa pii adi yaw kɛse sɛ wɔayeyɛ nkamaa a ɛnkɔ da wɔ wɔn nipadua ho. Amy ka sɛ: “Mikurukyerɛw me ho ansa na meresua Yehowa ho ade. Mebɔ mmɔden sɛ mede besie. Sɛ afoforo a wɔwɔ asafo no mu no hu a, ɛma m’ani wu.” Eyi kyerɛ dɛn? Susuw ho kɔ akyiri ansa na woakurukyerɛw wo ho. Ɛnyɛ biribi a daakye wobɛka sɛ mihui a anka manyɛ.

[Ase hɔ asɛm]

a Wɔasesa edin no bi.

[Mfonini wɔ kratafa 17]

Wɔtaa de nkurukyerɛwee bata atuatew ho

[Mfonini wɔ kratafa 17]

Bere kɔ so no, pii di yaw sɛ wɔakurukyerɛw wɔn ho

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Susuw ho kɔ akyiri ansa na woakurukyerɛw wo ho

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena