Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g04 10/8 kr. 12
  • Wɔka Bible mu Nokwasɛm Kyerɛ Nnipa a Wɔyɛ Nkwatia

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔka Bible mu Nokwasɛm Kyerɛ Nnipa a Wɔyɛ Nkwatia
  • Nyan!—2004
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nkwatia Nnipa a Wɔte Kwaebirentuw Mu
    Nyan!—1998
  • Emu Nsɛm
    Nyan!—2004
  • Wɔn a Wɔsan kɔ Ɔman a Wofi Mu No, Yehowa Hyira Wɔn Pii
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2020
  • Sɛnea Wohuu Kristofo Dɔ Bere a Ogya Bepɔw Bi Paee No
    Nyan!—2000
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2004
g04 10/8 kr. 12

Wɔka Bible mu Nokwasɛm Kyerɛ Nnipa a Wɔyɛ Nkwatia

EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ CAMEROON HƆ

Yehowa Adansefo a wɔwɔ aman bɛboro 230 so no bɔ mmɔden sɛ wɔbɛka Onyankopɔn Ahenni ho nkrasɛm no akyerɛ “nnipa nyinaa.” (1 Timoteo 2:4; Mateo 24:14) Eyinom bi ne Nkwatia a wɔwɔ Afrika, nnipa ntiantiaa a wɔn tenten bɛyɛ sɛ anammɔn anan kosi anammɔn anan ne fã no. Wɔte kwae tuu a ɛwɔ Central African Republic, Congo ne Cameroon anaafo apuei no mu.

Bere a edi kan a nsrahwɛfo huu Nkwatia yi ne bere a Pharaoh Neferirkare a ofi Egypt somaa nkurɔfo sɛ wɔnkɔhwehwɛ baabi a Nil Asubɔnten ti wɔ no. Bere a aporɔbɔfo no koduu Afrika kwae a atew ne ho mu no, wɔbɛbɔɔ amanneɛ sɛ wohyiaa nnipa bi a wɔyɛ ntiantia. Akyiri yi, Homer a ɔyɛ Greece nhoma kyerɛwfo ne nyansapɛfo Aristotle nyinaa kaa Nkwatia yi ho asɛm. Europafo nso huu saa nnipa yi wɔ afeha a ɛto so 16 ne 17 mu.

Ɛnnɛ bere yi mu nso, Yehowa Adansefo reka asɛm no wɔ Afrika kwae yi mu. Ɛwom sɛ Nkwatia yi akyerɛ Ahenni nkrasɛm no ho anigye de, nanso mpɛn pii no, ɛyɛ den sɛ wɔbɛkɔ so aboa wɔn. Nea enti a ɛte saa ne sɛ Nkwatia yi di atutra—sɛ wɔtra baabi a, ɛnkyɛ na wɔatu akɔtra baabi foforo.

Nkwatia yɛ nnipa a wɔmpɛ wɔn ho asɛm na wosuro ade. Wobu akontaa sɛ, wɔ Afrika no, wɔn dodow bɛyɛ 150,000 kosi 300,000. Aban ahorow, amanaman ntam ahyehyɛde ne asɔre ahorow no asisi sukuu adan ne adan ntiantia a ɛfata wɔn asetra nso ama wɔn. Nanso, mmɔden pii a wɔabɔ sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛma wɔabom atra wɔ faako no ntaa nkosi hwee.

Anwonwasɛm a asi wɔ Cameroon ne sɛ, Nkwatia no mu nea odi kan a wabɛyɛ Ɔdansefo, ne Janvier Mbaki. Bere a ɔkenkanee Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So nhoma a emu mfonini yɛ fɛ ne nhoma afoforo bi wiei no, ogyee Bible mu nkrasɛm no toom.a Wɔbɔɔ Janvier asu wɔ afe 2002 mu, na mprempren ɔsom sɛ ɔkwampaefo, sɛnea Yehowa Adansefo frɛ wɔn a wɔde bere nyinaa ka asɛmpa no. Ɔsan nso yɛ ɔsomfo wɔ Kristofo asafo a ɔwom wɔ Mbang, kurow ketewaa bi a ɛwɔ ɔman no atɔe fam no mu. Daakye na yebehu sɛ ebia Nkwatia a wɔwɔ Cameroon no pii bɛpaw sɛ wɔbɛsom Yehowa, nokware Nyankopɔn koro a ɔdɔ “nnipa nyinaa” no anaa.—g04 8/22.

[Ase hɔ asɛm]

a Yehowa Adansefo na wotintimii, nanso mprempren wɔagyae tintim.

[Mfonini wɔ kratafa 12]

Janvier Mbaki—Akwatia a odi kan a wabɛyɛ Ɔdansefo wɔ Cameroon—a ɔreyɛ asɛnka adwuma no

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena