Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g98 1/8 kr. 10-13
  • Nkwatia Nnipa a Wɔte Kwaebirentuw Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkwatia Nnipa a Wɔte Kwaebirentuw Mu
  • Nyan!—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔn Ho Nhwehwɛmu a Yɛyɛ
  • Nsrahwɛ a Edi Kan
  • Wɔn Da Biara Da Asetra, Aware, ne Abusua
  • Wɔn Nyamesom
  • Nnipa a Wonim Nyansa
  • Wɔka Bible mu Nokwasɛm Kyerɛ Nnipa a Wɔyɛ Nkwatia
    Nyan!—2004
  • Emu Nsɛm
    Nyan!—2004
  • Emu Nsɛm
    Nyan!—2003
  • So Wobetumi Akora Yɛn Kwae Ahorow No So?
    Nyan!—1984
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1998
g98 1/8 kr. 10-13

Nkwatia Nnipa a Wɔte Kwaebirentuw Mu

EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ CENTRAL AFRICAN REPUBLIC HƆ

BRA yɛn kurom bɛhwɛ BaBingafo a wɔwɔ Central African Republic no. Ɛda adi sɛ woate akenkan biribi afa Nkwatia yi ho, nanso ebia wunhuu wɔn mu bi da. Sɛ woba Bangui, ahenkurow no mu, na wutwa kwan a ennye nnɔnhwerew abien a, ɛde wo bɛkɔ baabi a wɔwɔ no.

Yehowa Adansefo wɔ asɛm bi a ɛho hia ma aman, nkurɔfo, ne mmusuakuw nyinaa. Wɔ yɛn Kristofo dwumadi mu no, yɛka asɛm kyerɛ nnipa nyinaa. Nkwatia no nso ka ho.—Adiyisɛm 14:6.

Enti yɛsrɛ sɛ ka yɛn ho na yɛnhwɛ wɔn asetra ne sɛnea wotie Onyankopɔn Ahenni a ɛde Paradise bɛba asase so ho asɛmpa no. Ɛnnɛ bɛyɛ anigye da ama wo, na wubehu w’ani so ade.

Wɔn Ho Nhwehwɛmu a Yɛyɛ

Ansa na yɛbɛkɔ no, ɛyɛ papa sɛ yɛyɛ nkurɔfo a yɛrekɔsra wɔn no ho nhwehwɛmu kakra. Nhoma ahorow a nnipa bi a wɔne Nkwatia no traa asram bi suaa wɔn amammerɛ, wɔn nyamesom, ne wɔn su ahorow akyerɛw wɔ hɔ.

Saa nkurɔfo a wɔpɛ asomdwoe na wɔpɛ nnipa yi ho asɛm a yɛbɛkenkan na afei yɛakɔsra wɔn no bɛma yɛanya nsɛmmisa bi te sɛ: Ɛhe na Nkwatia no fi bae? Dɛn na yebetumi asua afi wɔn hɔ? Ɛhe na wɔte? Dɛn na ɛma wɔyɛ soronko wɔ Afrikafo mmusua a aka no ho? Ɔkwan bɛn so na wɔne nnipa a aka no bom tra? ho mmuae.

Webster’s Third New International Dictionary ka sɛ Nkwatia “yɛ nnipa nkorokorowa a wɔte Afrika nkyempɛ so a wɔn tenten nnu mita 1.5, . . . na wɔka mmusua a wɔbɛn wɔn paa no kasa.” Wosusuw sɛ Nkwatia a wɔwɔ Afrika no yɛ soronko wɔ Negritos (a ɛkyerɛ “Abibifo Nketewa”) a wɔwɔ Oceania ne Asia kesee fam apuei no ho.

Asɛm “akwatia” fi Hela asɛmfua a ɛkyerɛ “efi abatwɛw kɔka abakɔn.” Wonim Nkwatia sɛ wɔyɛ abɔmmɔfo ne atwafo. Wobu akontaa sɛ Nkwatia a wɔwɔ wiase nyinaa dodow bɛboro 200,000 kakraa bi pɛ.

Serge Bahuchet ne Guy Philippart de Foy ka nsɛm a ɛyɛ anigye pii kyerɛ yɛn wɔ wɔn nhoma, Pygmées—peuple de la forêt, (Nkwatia—Nnipa a Wɔte Kwae Mu) no mu. Wɔkyerɛ sɛ Nkwatia no te Republic of Congo, Democratic Republic of Congo, Gabon, Cameroon, ne Central African Republic kwaebirentuw mu, na yebetumi ahu wɔn wɔ apuei fam akyirikyiri wɔ Rwanda ne Burundi mpo.

Obiara nnim baabi pɔtee a Nkwatia no fi bae anaa bere a wɔbae. Wɔmfrɛ wɔn ho “akwatia.” Wɔ Central African Republic no, wɔtaa frɛ wɔn BaBinga, nanso wɔ aman foforo mu no, wɔfrɛ wɔn BaKola, BaBongo, BaAka, BaMbènzèlè, BaTwa, ne BaMbuti.

Nsrahwɛ a Edi Kan

Yɛde kar a wɔfrɛ no Land Cruiser na esim ntɛm wɔ Bangui anɔpa bɛyɛ nnɔnson, sɛ yɛrekɔ kesee fam akɔ M’Baiki/Mongoumba. Ɔkwan no kilomita 100 a edi kan no nkutoo na wɔaka so. Eye sɛ yɛde kar a anim ne akyi ntwahonan no nyinaa twa ne ho bere koro mu kɔ, esiane sɛ nsu a ɛtɔɔ nnɛra anadwo no ama ɔkwan no so ayɛ toro nti.

Yɛde kar no fa kwaebirentuw mu ne nkuraa nketewa a nkurɔfo tontɔn kwadu, borɔde, aborɔbɛ, bankye, aburow, ɛfere, ne nkate wɔ apon nketewa so wɔ kwankyɛn ase. Ɔkɔm nni ha. Asase pa ne wim tebea a emu fɔw no ma nnuan pii tumi yɛ yiye wɔ ha. Afei mpofirim ara yedu BaBinga “akuraa” a edi kan anaa asese ase.

Wɔte asese nketewa a atifi yɛ sorɔnsorɔn a ɔkwan biako pɛ a wobetumi aweawea afa mu na ɛdeda ano mu. Mmea no na wɔde kwae a ɛbɛn hɔ no mu nnubaa ne nhaban sisi asese no. Wosisi asese no 10 kosi 15 twa kanko. Eyinom yɛ adan a wɔda mu anaasɛ wɔkɔhyɛ mu bere a osu kɛse retɔ nkutoo. Wɔyɛ wɔn biribiara wɔ abɔnten.

Yesi fi kar no mu kokyia mmea bi a wɔn mu biara turu ba. Bere a mmarima bi tee yɛn kar no su no, wotutuu mmirika bɛhwɛɛ nnipa ko a yɛyɛ, ne nea yɛrehwehwɛ. Akraman pii di wɔn akyi, a dɔn ketewa sɛn emu biara kɔn mu.

Yɛkae sɛ yehui wɔ yɛn nhwehwɛmu no mu sɛ akraman nkutoo ne afieboa a Nkwatia no yɛn wɔn. Wɔyɛ wɔn ahokafo a wɔne wɔn kɔ ahayɔ. Na efi fam kosi nnua nkɔnmu no, mmoa pii wɔ hɔ a wɔyɛ ha kunkum wɔn. Sɛnea nhoma Pygmées—peuple de la forêt kyerɛkyerɛ mu no, ebi ne nnomaa, nkwaku, asono, ɛkoɔ, akisi, atwe, kɔkɔte, apurow, ne afoforo pii. Ɛsɛ sɛ ɔbɔmmɔfo biara nya ɔkraman a ɔkyere.

Yɛde Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm nhoma no ne Nya Asetra mu Anigye wɔ Asase so Daa!a nhomawa no na ɛne saa nkurɔfo yi bɔ nkɔmmɔ. Saa nhoma yi kyerɛkyerɛ mu sɛ, ɛrenkyɛ na asase adan paradise a kwae a ɛyɛ fɛ wɔ so, a yare anaa owu nni mu bio. (Adiyisɛm 21:4, 5) Wɔatintim nhoma abien yi nyinaa wɔ Sango mu, kasa a nnipa a wɔwɔ hɔ bɛyɛ ɔha biara mu 90 ka, a Nkwatia no ka ho. Saa nkurɔfo a wɔpɛ asomdwoe yi ka Afrikafo a wɔte bɛn wɔn no kasa wɔ baabiara a wɔte no. Eyi ho hia efisɛ wɔne wɔn di gua.

Ankyɛ na mmarima ne mmea pii abetwa yɛn ho ahyia, de anigye rehwɛ mfonini no mmiako mmiako bere a wɔretie ho nkyerɛkyerɛmu a yɛde rema no. Wɔnam mfe pii a yɛde asra wɔn dedaw no so nim yɛn sɛ Yehowa Adansefo. Wɔn ani gye sɛ wɔn nsa aka nhoma ahorow no bi. Nanso, asɛm no ne sɛ wonnim akenkan. Aban no ne ahyehyɛde ahorow de mfe pii abɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyerɛ wɔn akenkan ne akyerɛw, nanso anyɛ yiye. Wobuee sukuu maa wɔn mma no. Sukuu no kɔɔ so kakra, nanso ankyɛ na mmofra no mu dodow no ara gyaee. Ɔkyerɛkyerɛfo bi a wayɛ adwuma wɔ Nkwatia no mu kae sɛ, sɛ wɔba sukuu a wohu ade yiye, nanso wogyae wɔ asram kakraa bi akyi. Nanso, ɛhɔnom aban mpanyimfo ne afoforo kɔ so kyerɛ wɔn ade.

Wonim Yehowa Adansefo sɛ wɔsan kɔsra nkurɔfo a wɔkyerɛ Onyankopɔn Asɛm ho anigye no. Nanso, yɛnhwɛ kwan sɛ yɛbɛsan ahyia BaBingafo koro no ara bere foforo a yɛbɛba no, efisɛ wodi atutra afe mũ no nyinaa. Ɛtɔ mmere bi a wotu kɔtra wɔn fie a ɛwɔ kwaebirentuw no mu asram bi. Mmɔden a wɔabɔ sɛ wɔbɛma wɔatra faako no ayɛ ɔkwa. Nokwarem no, wɔyɛ nnipa a wɔte kwaebirentuw mu. Atutradi ne ahayɔ ne wɔn asetra kwan, na biribiara nni hɔ a ɛbɛma wɔasesa.

Wɔn Da Biara Da Asetra, Aware, ne Abusua

Mmarima no titiriw na wɔyɛ ha, na mmea no hwehwɛ aduan, na ɛkame ayɛ sɛ wɔfa biribiara a ɛwɔ kwae no mu: mmire, nnuan a ɛbɔ wɔ fam, nnuaba, nhabamma, aba, nkoekoemmoa, mfɔte, ɛwo, na ade a ɛnsɛ sɛ yɛn werɛ fi nso ne nkɔkono a wɔn ani gye ho yiye no. Wɔde saa nneɛma yi nyinaa yɛ aduan, na wɔtɔn bi. Afrikafo a Nkwatia yi te bɛn wɔn a wɔtaa frɛ wɔn les grands noirs (abibifo atenten) no, nya saa nneɛma yi fi Nkwatia no hɔ titiriw. Abibifo atenten no nso ma wɔn nsa ka nkuku, nkyɛnsee, nkrante, nnwinnade te sɛ akuma ne sekamma, nkyene, ngo, bankye, borɔde, ne afei nso nea ɛyɛ yaw no, tawa, ɛhɔnom mmosa, ne wii. Nneɛma abiɛsa a edi akyiri yi no de ɔhaw kɛse brɛ saa ahobrɛasefo yi. Mpɛn pii na wɔtaa bɔ bosea tɔ, na wɔde nkakrankakra sɛe wɔn asetra.

Mmarima no taa ware ɔyere biako. Nanso, ɛnkyɛ na wɔagyae aware anaa wɔatetew mu ne ɔhokafo foforo akɔtra. Agya anaa ɔpanyin paa a ɔwɔ asese kurow mu no ne obi a wobu no paa. Ɔnhyehyɛ mmara mma afoforo, nanso wɔtaa tie n’afotu. Wutumi hu sɛ Nkwatia no dɔ wɔn mma. Ɛna ne agya no nyinaa taa turu wɔn ba. Saa mmofra nkumaa yi ka wɔn awofo ho baabiara a wɔkɔ, ne biribiara a wɔyɛ mu, sɛ́ ɛyɛ adwuma, ahayɔ, anaa asaw no.

Abofra no da awofo no ntam anadwo. Adekyee no, awofo, nuabarimanom, nuabeanom, wɔfanom, ne nananom nyinaa hwɛ mmofra nkumaa no, na wɔn akyi no, asese no asefo nyinaa hwɛ wɔn. Awofo ne abusuafo taa srasra wɔn ho. Eyinom nyinaa ma wɔn abusuabɔ mu yɛ den. Wɔ Atɔe famfo mu no, abusuabɔ mu ntaa nyɛ den anaasɛ ɛtetew, nanso ɛnte saa koraa wɔ ha.

Ɛwom sɛ Nkwatia no ne wɔn mfɛfo Afrikafo no nte faako de, nanso wɔne wɔn di gua. Sɛ yɛde gua a wɔne wɔn di no to nkyɛn a, wɔtaa fa Nkwatia no sɛ apaafo ma wɔyɛ wɔn kafe ne kookoo mfuw mu adwuma. Wotumi yɛ adwuma adapɛn kakraa bi, gye wɔn akatua, na afei wɔsan kɔhyɛ wɔn kwaebirentuw mu bere tenten. Hena na onim sɛ ebia Central African Nkwatia na wɔyɛɛ kafe a wonomee anɔpa yi no ho adwuma.

Wɔn Nyamesom

BaBingafo pɛ nyamesom, nanso wɔn som gyina gyidihunu ne atetesɛm so. Wɔde nnwonto, nteɛteɛm, ne asaw na ɛyɛ wɔn amanne. Ethnies—droits de l’homme et peuples autochtones (Mmusuakuw—Hokwan Ahorow a Nnipa Wɔ ne Kuromma) nhoma no de nkyerɛkyerɛmu yi ma sɛ: “Nnipa a wɔte kwaebirentuw mu no nim sɛ Onyankopɔn bɔɔ wiase, a ɛne kwae no. Ɔbɔɔ nnipa baanu a wodi kan wiei no . . . , ɔsan kɔɔ soro, na n’ani anku nnipa asetram nsɛm ho bio. Seesei honhom kɛse bi, kwae mu nyame, na ɔhwɛ so ma no.” Nokwarem no, eyi ne nkyerɛkyerɛmu a ɛfa Onyankopɔn ne n’atirimpɔw ho wɔ Bible mu no nhyia koraa.—Genesis, atiri 1, 2; Dwom 37:10, 11, 29.

Nnipa a Wonim Nyansa

Nnipa taa di Nkwatia ho fɛw anaasɛ wobu wɔn animtiaa mpo, na wobu wɔn sɛ wɔyɛ nnipa a wɔba fam na wonnim nyansa. Nanso, Patrick Meredith, a ɔyɛ adwene ho nimdefo wɔ Leeds Sukuupɔn mu wɔ England no kae sɛ: “Sɛ wuhu nkwatia asetra wɔ wɔn atrae sɛ wɔde nhama reyɛ atwene, ne sɛnea wodi yiye wɔ asetram a, ebia wobɛka sɛ dɛn ne nyansa.”

Yenim sɛ adesamma nyinaa fi nnipa baanu a wodi kan, Adam ne Hawa, mu. Asomafo no Nnwuma 17:26 ka sɛ: “[Onyankopɔn] maa nnipa aman nyinaa fi [onipa] biako [Adam] mu traa asase so nyinaa.” Na Asomafo no Nnwuma 10:34, 35 ka sɛ “Onyankopɔn nhwɛ onipa anim, na mmom ɔman biara mu, nea osuro no na ɔyɛ ade trenee no, ɔpɛ no agye no.” Enti, yɛpɛ sɛ yɛde Bible mu nokware ahorow no kɔ saa nkurɔfo yi nkyɛn na ama wɔn nso atumi anya anidaso sɛ ɛrenkyɛ wɔbɛtra asase a wɔbɛdan ne nyinaa paradise a kwaebirentuw pii wom so.

[Ase hɔ asɛm]

a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na wotintimii.

[Kratafa 13 mfonini ahorow]

1. Bible mu asɛm a yɛreka kyerɛ Nkwatia no; 2. Akwatia duasenfo; 3. Nkwatia atrae

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena