Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g 1/12 kr. 24-30
  • Ɛsɛ Sɛ Abusua Susuw Ho

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɛsɛ Sɛ Abusua Susuw Ho
  • Nyan!—2012
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nsonsonoe Bɛn na Ɛwɔ Mfonini yi Mu?
  • Boaboa Ano na Sua
  • KRATAFA 29 HO MMUAE
  • Ɛsɛ Sɛ Abusua Susuw Ho
    Nyan!—2012
  • Ɛsɛ Sɛ Abusua Susuw Ho
    Nyan!—2012
  • Ɛsɛ Sɛ Abusua Susuw Ho
    Nyan!—2012
Nyan!—2012
g 1/12 kr. 24-30

Ɛsɛ Sɛ Abusua Susuw Ho

Nsonsonoe Bɛn na Ɛwɔ Mfonini yi Mu?

So wubetumi akyerɛ nneɛma abiɛsa a ɛda nsow wɔ mfonini A ne mfonini B mu no? Kyerɛw wo mmuae wɔ ɔfã a wɔagyaw wɔ ase ha no, na yɛ mfonini no wie, na fa kɔla keka mu.

NEA ƐBƐBOA WO: Kenkan Yesaia 6:1-8.

1. ․․․․․

2. ․․․․․

3. ․․․․․

4. Mfonini no mu nea ɛwɔ he na ɛyɛ papa, A anaa B?

NSƐM A WOSUSUW HO:

Suban pa bɛn na na Yesaia wɔ? Wobɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ wowɔ ahobrɛase ne ahofama?

NEA ƐBƐBOA WO: Kenkan Dwom 110:3; Mateo 28:19, 20.

ABUSUA ADEYƐ:

Ma abusua no muni biara nyɛ dwuma a abɔfo di ho nhwehwɛmu. Afei munhyiam na monka nea muhui. Sɛ nhwɛso no, nnwuma bɛn sɛɛ na abɔfo no yɛ?

NEA ƐBƐBOA WO: Kenkan Dwom 34:7; Hebrifo 1:14; Adiyisɛm 14:6, 7.

So wɔahyehyɛ abɔfo no?

NEA ƐBƐBOA WO: Kenkan Dwom 103:19-21.

So abɔfo brɛ wɔn ho ase na wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔboa afoforo?

NEA ƐBƐBOA WO: Kenkan Atemmufo 13:17, 18; Luka 22:43; Adiyisɛm 22:8, 9.—g11-E 12.

Boaboa Ano na Sua

Twa, bu mu abien, na fa sie

BIBLE KRATAA 9 YEREMIA

NSƐMMISA

A. Nhoma anan bɛn na Yehowa maa Yeremia kyerɛwee?

B. Ampa anaa atoro? Yeremia anware.

D. Toa Yeremia asɛm yi so: “[Onyankopɔn asɛm yɛɛ] me komam sɛ  . . . ”

[Nsɛm a wɔahyehyɛ]

4026 A.Y.B. 1 Y.B. 98 Y.B.

Wɔbɔɔ Adam Ɔtenaa ase bɛyɛ Wɔkyerɛw

650 A.Y.B. Bible nhoma a etwa to

[Asase mfonini]

Ɔtenaa Yerusalem. Otuu kwan kɔɔ Eufrate Asubɔnten no ho ne Egypt​—Yeremia 13:1-9; 43:8-13

Yerusalem

Eufrate

EGYPT

YEREMIA

NE HO NSƐM

Wɔpaw no sɛ odiyifo ansa na wɔrewo no. (Yeremia 1:1-5) Yeremia som Onyankopɔn nokwaredi mu bɛboro mfe 65. Ɛwom sɛ na Yeremia te nka sɛ onni osuahu na na osuro sɛ ɔbɛkasa, nanso Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Nsuro . . . , efisɛ midi w’akyi, na megye wo.”​—Yeremia 1:6-8.

MMUAE

A. Ahene Nhoma a Edi kan ne Nea Ɛto so Abien, Yeremia, ne Kwadwom.

B. Nokware.​—Yeremia 16:1-4.

D. “. . . ogya a ɛredɛw a wɔato mu me nnompe mu.”​—Yeremia 20:9.—g11-E 09.

BIBLE KRATAA 10 SOLOMON

NSƐMMISA

A. Sɛ́ anka Solomon bɛbɔ mpae asrɛ ahonyade ne nkwa tenten no, dɛn ho mpae mmom na ɔbɔe?

B. Fa nea aka no hyehyɛ mu. Solomon tumi buu mmɛ ․․․․․ na ne nnwom yɛ ․․․․․.

D. Edin foforo bɛn na wɔde maa Solomon?

[Nsɛm a wɔahyehyɛ]

4026 A.Y.B. 1 Y.B. 98 Y.B.

Wɔbɔɔ Adam Ɔtenaa ase bɛyɛ Wɔkyerɛw

1000 A.Y.B. Bible nhoma a etwa to

[Asase mfonini]

Seba hemmaa no twaa kwan bɛyɛ kilomita 2,400 betiee Solomon nyansa

SEBA

Yerusalem

SOLOMON

NE HO NSƐM

Dawid ne Bat-Seba ba a ɔto so abien. Solomon dii Israel so mfirihyia 40. Osii ɔdan kɛse a wɔbɛsom Yehowa wom. (1 Ahene 5:2-5) Yehowa de Solomon dii dwuma ma ɔkyerɛw Mmebusɛm, Ɔsɛnkafo, ne Solomon Dwom nhoma ahorow no. Fekubɔne a ɔne ananafo mmea bɔe no ma ɔtwee ne ho fii Yehowa ho.​—1 Ahene 11:1-6.

MMUAE

A. Ntease koma.​—1 Ahene 3:5-14.

B. 3,000, 1,005.​—1 Ahene 4:29, 32.

D. Yedidia, a ɛkyerɛ ‘Yehowa Dɔfo.’​—2 Samuel 12:24, 25.—g11-E 10.

BIBLE KRATAA 11 YOSEF

NSƐMMISA

A. Fa nea aka no hyehyɛ mu. Yosef nuanom frɛɛ no “ ․․․․․,” na wɔtɔn no kɔɔ nkoasom mu de gyee dwetɛbona ․․․․․.

B. Bere a Potifar yere hyɛɛ no sɛ ɔne no nna no, Yosef buaa no sɛ, “ɛbɛyɛ dɛn na matumi adi amumɔyɛsɛm a ɛte sɛɛ na . . . ”

D. Dɛn nti na Farao de Yosef yɛɛ n’abadiakyiri wɔ Egypt?

[Nsɛm a wɔahyehyɛ]

4026 A.Y.B. 1 Y.B. 98 Y.B.

Wɔbɔɔ Adam Ɔtenaa ase bɛyɛ Wɔkyerɛw

1700’s A.Y.B. Bible nhoma a etwa to

[Asase mfonini]

Wɔfaa no fii Dotan kɔɔ Egypt

Dotan

EGYPT

YOSEF

NE HO NSƐM

Yakob ne Rahel abakan. (Genesis 35:24) Ne ho anibere nti, ne nuabarimanom tɔn no kɔɔ nkoasom mu wɔ Egypt, baabi a ɔde bɛyɛ mfe 13 somee sɛ akoa anaa ɔdeduani. Sɛ́ anka Yosef bɛtɔ were no, ɔde ne nuanom a na wɔanu wɔn ho no bɔne firii wɔn. (Genesis 50:15-21) Ɛwom sɛ na ɔmmɛn n’abusuafo de, nanso odii Yehowa ni na okuraa n’ahotew mu. Ɔyɛɛ adwumaden na odii nokware.​—Genesis 39:1-23.

MMUAE

A. Ɔdaesofo, 20.​—Genesis 37:19, 28.

B. “. . . mayɛ bɔne atia Onyankopɔn?”​—Genesis 39:9.

D. Ná onim sɛ Onyankopɔn honhom na ɛmaa Yosef yɛɛ onyansafo ne obi a n’adwenem da hɔ no.​—Genesis 41:38-41.—g11-E 11.

BIBLE KRATAA 12 YESAIA

NSƐMMISA

A. Hena na ɔkaa Yesaia ho ma wɔde nkra kɔmaa Ɔhene Ahas?

B. Bere a Yehowa bisae sɛ, “Hena na mensoma no?” no, Yesaia buaa dɛn?

D. Yesaia hyɛɛ nkɔm sɛ: “. . . bɛhyɛ asase so mã.”

[Nsɛm a wɔahyehyɛ]

4026 A.Y.B. 1 Y.B. 98 Y.B.

Wɔbɔɔ Adam Ɔtenaa ase bɛyɛ Wɔkyerɛw

700 A.Y.B. Bible nhoma a etwa to

[Asase mfonini]

Ɔtenaa Yerusalem

Yerusalem

YESAIA

NE HO NSƐM

Odiyifo nokwafo a ɔne n’abusua nyinaa som Nyankopɔn. Ɔnam sɛnea ɔyɛɛ ne som adwuma no so yɛɛ nhwɛso pa maa wɔn. Ná wɔfrɛ ne yere “odiyifobea.” (Yesaia 7:3; 8:3, 18) Anyɛ yiye koraa no, Yesaia de bɛyɛ mfe 46 som Onyankopɔn. Ne din no ase kyerɛ “Yehowa Nkwagye.”

MMUAE

A. Ne babarima, Sear-Yasub.​—Yesaia 7:3.

B. “Mini, soma me.”​—Yesaia 6:8.

D. “Yehowa ho nimdeɛ . . . ”​—Yesaia 11:9.

Sɛ wopɛ sɛ wutintim “Ɛsɛ sɛ Abusua Susuw Ho,” no bi ka ho a, kɔ intanɛt so wɔ www.jw.org

● “ƐSƐ SƐ ABUSUA SUSUW HO” no ho mmuae wɔ kratafa 24

KRATAFA 29 HO MMUAE

1. Ɔbɔfo no wɔ ntaban asia wɔ mfonini biako mu nanso ɔwɔ ntaban anan wɔ foforo no mu.

2. Ɔbɔfo no kura afagya wɔ mfonini biako mu nanso okura afoa wɔ foforo no mu.

3. Nsramma no ka Yesaia ano wɔ mfonini biako mu nanso ɛka ne nsa wɔ foforo no mu.

4. B.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena