Ɛsɛ Sɛ Abusua Susuw Ho
Nsonsonoe Bɛn na Ɛwɔ Mfonini Yi Mu?
So wubetumi akyerɛ nneɛma abiɛsa a ɛda nsow wɔ mfonini A ne mfonini B mu no? Kyerɛw wo mmuae wɔ ɔfã a wɔagyaw wɔ ase ha no, na na yɛ mfonini no wie, na fa kɔla keka mu.
NEA ƐBƐBOA WO: Kenkan 1 Samuel 16:1-3, 6-13.
1. ․․․․․
2. ․․․․․
3. ․․․․․
4. Mfonini no mu nea ɛwɔ he na ɛyɛ papa, A anaa B?
NSƐM A WOSUSUW HO:
Sɛ Yehowa hwɛ obi a, dɛn na ohu? Dɛn na Bible kyerɛ bere a ɛka sɛ ‘Yehowa hwehwɛ koma mu’ no?
NEA ƐBƐBOA WO: Kenkan Yeremia 17:10.
Sɛnea obi te wɔ nnipa ani so no ho hia Yehowa dɛn?
NEA ƐBƐBOA WO: Kenkan Mmebusɛm 11:22; 31:30; 1 Petro 3:3, 4.
Su bɛn na ɛbɛma wo ho ayɛ fɛ wɔ Onyankopɔn ani so?
NEA ƐBƐBOA WO: Kenkan Luka 10:27; 2 Petro 1:5-8.
ABUSUA ADEYƐ:
Kenkan Galatifo 5:22, 23. Kyerɛw su ahorow akron no mu biara wɔ krataa biako so. Momfa su biako ntare abusua no muni biako akyi. Ɛnsɛ sɛ ohu su ko a ɛtare n’akyi no. Ma ommisa nsɛm mfa nhwɛ sɛ obehu su ko a ɛtare n’akyi no anaa. Nea abusuafo a wɔaka no betumi ayɛ ara ne sɛ wɔbɛma ne nsɛmmisa no ho mmuae sɛ ɛyɛ ampa anaasɛ atoro.—g12-E 03.
Boaboa Ano na Sua
Twa, bu mu abien, na fa sie
BIBLE KRATAA 13 HIOB
NSƐMMISA
A. Na Hiob wɔ mmabarima ․․․․․ ne mmabea ․․․․․.
B. Dɛn na Satan ma Hiob hweree?
D. Toa Hiob asɛm yi so: “Enkosi sɛ megyaa mu no, merennyaa . . .”
[Nsɛm a wɔahyehyɛ]
4026 A.Y.B. 1 Y.B. 98 Y.B.
Wɔbɔɔ Adam Ɔtenaa ase bɛyɛ Wɔkyerɛw Bible
1600 A.Y.B. nhoma a etwa to
[Asase mfonini]
Ɔtenaa Us
EGYPT
BƆHYƐ ASASE
US?
HIOB
NE HO NSƐM
Onipa a “ne ho nni asɛm na ɔteɛ” wɔ Onyankopɔn anim. (Hiob 1:8) Ɛwom sɛ Hiob yere ne afoforo hyɛɛ no sɛ onyae Onyankopɔn som de, nanso wannyae da. (Hiob 1:20-22; 2:9, 10) Ne mudi mu a okurae ne anigyesɛm a efii mu bae no ma yenya akokoduru a yɛde begyina sɔhwɛ ahorow ano.—Hiob 42:12-17; Yakobo 5:11.
MMUAE
B. Ne nyɛmmoa, nkoa, mma, ne n’akwahosan.—Hiob 1:13-19; 2:4-7.
D. “. . . me nokwaredi mu da!”—Hiob 27:5.—g12-E 01.
BIBLE KRATAA 14 SAMUEL
NSƐMMISA
A. Ná wɔfrɛ Samuel awofo _______ ne ______.
B. Bible mu nhoma bɛn na Yehowa maa Samuel kyerɛwee?
D. Toa Bible mu asɛm yi so: “Na abofra Samuel . . .”
[Nsɛm a wɔahyehyɛ]
4026 A.Y.B. 1 Y.B. 98 Y.B.
Wɔbɔɔ Adam Ɔtenaa ase bɛyɛ Wɔkyerɛw Bible
1100 A.Y.B. nhoma a etwa to
[Asase mfonini]
Wɔwoo no wɔ Rama—otu kɔɔ Silo
Rama
Silo
Yerusalem
SAMUEL
NE HO NSƐM
N’awofo de ‘no maa Yehowa’ na wɔhyɛɛ no nkuran sɛ ɔmfa Onyankopɔn som nyɛ n’adwuma fi ne mmofraase. (1 Samuel 1:24, 28) Ɛwom sɛ Samuel hui sɛ asɔfo a na wɔn bra asɛe no didi afoforo ho de, nanso ɔkɔɔ so ara dii nokware, na ɔdaa akokoduru adi.—1 Samuel 2:22-26; 3:18, 19; 12:2-5, 17, 18.
MMUAE
A. Elkana ne Hanah.—1 Samuel 1:19, 20.
B. Atemmufo, Rut, ne Samuel Nhoma a Edi Kan no fã bi.
D. “. . . nyinii Yehowa anim.”—1 Samuel 2:21.—g12-E 02.
Sɛ wopɛ sɛ wutintim “Ɛsɛ sɛ Abusua Susuw Ho” no bi ka ho a, kɔ Intanɛt so wɔ www.jw.org
● “ƐSƐ SƐ ABUSUA SUSUW HO” mmuae wɔ kratafa 14
KRATAFA 30 HO MMUAE
1. Oguan wɔ mfonini biako mu, ɛnna nantwi nso wɔ biako mu.
2. Ɔbabea wɔ mfonini biako mu nanso onni biako no mu.
3. Nhoma kotoku wɔ mfonini biako mu, ɛnna abɛn a ngo wom wɔ biako mu.
4. B.