Mfaso wɔ Nokwaredi So
“Aduan a wɔnam nkontompo so nya no yɛ onipa dɛ, nanso akyiri yi, mmosea yɛ n’anom mã.”—Mmebusɛm 20:17.
SO ƐHO hia sɛ yɛde yɛn ho hyɛ sum ase nneyɛe mu na ama yɛn adwuma akɔ so? Mmuae no yɛ dabi. Nokwasɛm ne sɛ, sɛ woanni nokware a, na woredi wo ho aborɔ. Dɛn ntia? Efisɛ, sɛnea afoforo ka no, “nokwaredi ne ahotoso na ɛnam.” Sɛ wudi nokware a, afoforo nya wo mu ahotoso, na ɛyɛ ade a ehia na ama w’adwuma anya nkɔso bere nyinaa.
Ahotoso So Mfaso
Sɛ́ ebia wunim anaa wunnim no—nokware a wudi daa no tumi boa ma w’adwuma yɛ yiye. Franz a yɛadi kan afa n’asɛm aka no suahu no di eyi ho adanse. Ɔka sɛ: “Mifii adwuma ase no, m’adwumawuranom sɔɔ me nokwaredi hwɛe mpɛn pii a na minnim. Akyiri yi, sɛnea mibehui no, wɔannya me ho asɛm biara. Eyi nti, m’adwumawuranom de asɛyɛde pii ahyehyɛ me nsa, wɔama me hokwan a m’ankasa metumi de asisi gyinae ahorow wɔ adwuma no mu, na me nokwaredi nti, wɔabɔ m’aba so nso. Minim sɛ nnipa afoforo wɔ hɔ a wɔaben sen me a wobetumi ayɛ nnwuma a wɔde ahyɛ me nsa no yiye. Nanso misusuw sɛ, ɛyɛ ahotoso a m’adwumawuranom wɔ wɔ me mu no nti na meda so ara kura adwuma no mu no.”
Mpɛ Mfaso Ntɛm
David a ɔyɛ adwumawura a yɛafa n’asɛm aka no kae sɛ: “Sɛ mihu sɛnea nkurɔfo rebu mmara so sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya mfaso ntɛmntɛm no a, nea ɛba m’adwenem ne sɛ, ‘Ɛtɔ bere bi a, ɛkyɛ ansa na akontaabu bere aso, nanso ɛnyɛ dɛn ara, ɛbɛso kɛ̃.’ Ɔkwan foforo so no, sɛ yɛanni nokware wɔ yɛn adwuma mu a, bere bi akyi no, ebedi atia yɛn. Yɛpoo nnwuma pii a na asɛm wɔ ho. Adwumakuw ahorow a na wɔde wɔn ho hyehyɛ nneyɛe ahorow yi mu no pii gui, na wodii ebinom asɛm wɔ asɛnnibea. Yɛn adwumakuw no kwatii ɔhaw ahorow yi nyinaa.”
Bere a Ken rekɔyɛ anantwi ho adwuma wɔ Afrika anafo fam atɔe no, na anka obetumi ama aban mpanyimfo adanmude na ama wɔakra nneɛma ama no ntɛmntɛm sɛnea ɛbɛyɛ a ɔrentua tow mma aban no. Ɔka sɛ: “Wɔn a wɔyɛ anantwi ho adwuma no mu pii de wɔn ho hyɛɛ saa nneyɛe a abu so no mu. Nanso esiane sɛ yefi nokwaredi mu yɛɛ biribiara nti, egyee mfe du ansa na yɛretumi afi adwuma no ase. So yenyaa yɛn nokwaredi no so mfaso? Yiw! Akyiri yi mpanyimfo a wonni nokware a na wɔpɛ sika no bi aka ho no kɔɔ so ara haw wɔn a wotuaa adanmude no.”
Sikasɛm Mu Ahokyere a Wogyina Ano
Sɛ nneɛma nkɔ yiye wɔ adwuma bi mu na ɛreyɛ agu a, ɛma nokwaredi ho asɛm yɛ den paa. Nanso tebea a ɛte saa no nso betumi ama yɛahu mfaso a ɛwɔ nokwaredi so.
Susuw Bill a osisi adan a n’adwuma gui bere a adansi adwuma kɔɔ fam wɔ United States no nhwɛso no ho hwɛ. Ɔka sɛ: “Wɔn a yɛne wɔn di gua no mu pii adwuma gui a na wɔde yɛn ka dɔla mpempem pii. Bere a afei anidaso reyɛ asa no, mekɔɔ wɔn a wɔne yɛn yɛ adwuma koro no mu biako nkyɛn kɔhwɛe sɛ wobegye yɛn adwumayɛfo no bi ne wɔn ayɛ adwuma anaa. Nhyiam no akyi no, annu nnɔnhwerew 48 mpo na wɔfaa me ne m’adwumayɛfo no mu pii. Wɔka kyerɛɛ me sɛ, wonim m’adwumayɛ ne me nokwaredi ho asɛm yiye.”
Nnipa a yɛaka wɔn ho asɛm wɔ ha no nyinaa yɛ Yehowa Adansefo. Sɛnea wɔyɛ wɔn adwuma ne sɛnea wɔbɔ wɔn bra nyinaa gyina Bible no so. Sɛnea wutumi hu no, sɛ́ anka wɔn nokwaredi bɛyɛ akwanside ama wɔn adwuma no, ɛde mfaso a edi mũ ankasa na abrɛ wɔn.
Nanso tebea ahorow bɛsɔre bere nyinaa a ɛbɛma yɛasusuw sɛ sɛ yɛanni nokware a, ɛbɛma yɛanya mfaso pii. So sika a yebenya nkutoo na ɛkyerɛ sɛ yɛredi yiye?
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 6]
Sɛ́ ebia wunim anaa wunnim no—nokware a wudi daa no tumi boa ma w’adwuma yɛ yiye
[Mfonini wɔ kratafa 7]
“Wɔka kyerɛɛ me sɛ, wonim m’adwumayɛ ne me nokwaredi ho asɛm yiye.”—Bill, United States