Di Nokware Wɔ Nneɛma Nyinaa Mu
“Yenim pefee sɛ yɛwɔ ahonim pu, pɛ sɛ yɛbɔ yɛn bra yiye ade nyinaa mu.”—HEBRIFO 13:18.
1, 2. (a) Nokwaredi ho asɛm te dɛn wɔ yɛn bere yi mu? (b) Nnipa ahorow bɛn na wɔde wɔn ho gye atorodi mu?
NNIPA a wɔanyinyin no betumi akae bere a wɔ mmeae pii no na nkurɔfo nto wɔn apon mu no. Ná enni wɔn adwenem sɛ wobewia afoforo ade anaasɛ wobesisi wɔn. Sɛ wɔbɔ bosea a, wɔte nka sɛ ɛyɛ wɔn asɛyɛde sɛ wɔbɛsan akotua. Ná wɔka nokware. Ɛwom, na atorodi wɔ hɔ de, nanso na ɛnyɛ nea abu so kɛse. Nanso, ɛnnɛ, korɔnbɔ, atorodi, ne nsisi abu so kɛse wɔ wiase nyinaa. Na atorodi ahorow yi mu pii fi nnipa a wobu wɔn a wɔtete mmeae a ɛhɔ yɛ fɛ, nnipa a wosiesie wɔn ho yiye, a ebia wɔkɔ asɔre a wobu wɔn ho sɛ wɔyɛ ɔman mma pa. Ampa, atorodi abɛyɛ adebɔne a ɛkɔ so wɔ aban ne adwuma mu mpanyimfo mu.
2 Wɔ United States no, wɔbɔ nsɛmmɔnedi akɛse a ɛfa atorodi ho bɛboro ɔpepem 11 ho amanneɛ afe biara. Na nneɛma a ɛsɛ sɛ wotua ho tow a wɔmmɔ amanneɛ no boro dɔla ɔpepepem 250 afe biara. Wɔ New York Kurom no, nnipa bɛyɛ mpem ɔha ntua keteke a wɔtra mu no ho ka—da biara. Aban panyin bi kae sɛ, sɛ wɔkyere eyinom nyinaa a, anka “yɛbɛma asennibea ahorow no ho akyere wɔn asram pii.” Nhwehwɛmu bi a, wɔyɛe wɔ Japan daa no adi sɛ nnipa ɔha biara mu 95 di atoro wɔ tow tua mu a mmaranimfo ɔha biara mu 92 ka ho. Wɔ ɔsram biako mu no wɔkyeree nnipa a wɔboro 16,000 a wɔaforo keteke a wɔantua ho ka.
3. Ɔkwan bɛn so na atorodi abu so kɛse wɔ aware mu?
3 Atorodi anya nkɔso wɔ aware mu nso. Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ mfe bi a atwam mu daa no adi sɛ Amerikafo mmea a wɔyɛ ɔyerenom ɔha biara mu 30 “ne mmarima a wɔnyɛ wɔn kununom dae.” Wɔ nhwehwɛmu foforo a wɔyɛe nnansa yi ara a ɛfa mmea awarefo a wɔboro mpem ɔha ho mu no, wɔn mu ɔha biara mu 50 gye toom sɛ “anyɛ yiye koraa no wɔne mmarima a wɔnyɛ wɔn kununom ada pɛnkoro.” Nhwehwɛmufo bi kae sɛ ebia “mmarima awarefo ɔha biara mu 90” nso yɛ saa.
“Nna A Edi Akyiri” No Fa
4. Dɛn nti na atorodi a abu so no nyɛ yɛn nwonwa?
4 Ɛnyɛ Yehowa nkoa nwonwa sɛ atorodi abu so. Wonim sɛ eyi yɛ “nna a edi akyiri” ho sɛnkyerɛnne no fã. Onyankopɔn Asɛm no ka too hɔ sɛ, wɔ yɛn bere yi mu no, nnipa bɛyɛ ‘ahopɛfo, sikapɛfo, apamsɛefo, wɔn a wɔnhyɛ wɔn akɔnnɔ so, wɔn a wɔmpɛ papa, wɔkatere wɔn anim kyerɛ onyamesom pa, nanso wɔpa emu ahoɔden na wɔkɔ wɔn anim wɔ bɔne mu.’ (2 Timoteo 3:1-5, 13) Abenfo kuw bi gye toom sɛ nnipa a wɔwɔ wiase no “dodow ara repia nea ɛteɛ ne nea ɛnteɛ ho adwempa no ato nkyɛn na wobu wɔn ani gu wɔn ahonim so.”
5. Dɛn na ɛbae bere a tebea bi a ɛte sɛ nea ɛwɔ yɛn bere yi mu no kɔɔ so wɔ tete Israel mmusuakuw du ahemman no mu no?
5 Tebea a ɛwɔ wiase nnɛ no asɛe asen bere a Yehowa de atemmu baa tete Israel mmusua du ahemman no so no. Hosea 4:1-3 ka wɔ saa bere no ho sɛ: “[Yehowa] ne asase sofo anya ɔham; na nokware ne adɔe ne Onyankopɔn ho nimdeɛ bi nni asase so. Ntanka ne nkontompo ne awudi ne awi ne awaresɛe na ɛwɔ hɔ; wodi akakabensɛm na mogyahwiegu toa mogyahwiegu so. Enti asase no di nkɔmmɔ, na ɛsotefo nyinaa anyinnyam.” Yehowa atemmu baa wɔn so wɔ 740 A.Y.B. mu bere a ɔmaa kwan maa Asiria bedii Israel ne n’ahenkurow Samaria so nkonim na ɔde emufo kɔɔ nnommumfa mu no.
6. Dɛn nti na Onyankopɔn bebu nhyehyɛe a ɛwɔ hɔ mprempren no atɛn, na saa atemmu no bɛbam ampa dɛn?
6 Saa ara na Yehowa ne wiase a enni nokware yi “anya ɔham.” Kyerɛwnsɛm no da no adi pefee sɛ Yehowa abu no atɛn na ‘ebenyam’ wɔ ɔsɛe mu. “Ɔsoro ne asase a ɛwɔ hɔ yi, wɔde n’asɛm no ara akora so, na wɔde asie ama ogya, ama atemmu ne nnipa amumɔyɛfo sɛe da no.” (2 Petro 3:7) Eyi yɛ nea ɛbɛbam araa ma Onyankopɔn Asɛm no ka ho asɛm te sɛ nea aba dedaw mpo, sɛ: “Hwɛ! Yehowa ne n’akronkronfo huhaa no bae, na wabebu atɛn atia wɔn nyinaa na wayi amumɔyɛfo nyinaa ntɛn wɔn amumɔyɛde a wɔyɛe amumɔyɛ kwan so no nyinaa ho.”—Yuda 14, 15, NW.
7. Ansa na Yehowa bɛsɛe wiase a aporɔw yi no, nsɛnnennen bɛn na ne nkoa behyia?
7 Nanso enkosi sɛ Onyankopɔn bɛsɛe wiase a enni nokware yi no, ɛsɛ sɛ ne nkoa tra mu. Ɛwom sɛ Kristofo ‘wɔ wiase’ te sɛ nea Yesu kae no de, nanso “womfi wiase.” (Yohane 17:11-14) Enti wɔhwɛ kwan da biara sɛ wobebu atɛn a eye a ɛfa nokwaredi ho. Nea ɛka eyi ho ne tebea horow a ɛkɔ so wɔ adwuma mu, sukuu mu, abusua mu, anaasɛ wɔ nnamfo ntam. Wɔ nsɛnnennen a ɛfa wɔn ahonim a wɔde Bible atete no ho nyinaa mu no, Yehowa nkoa pɛ sɛ wɔte nka te sɛ ɔsomafo Paulo bere a ɔkaa eyi no, sɛ: “Yenim pefee sɛ yɛwɔ ahonim pa, pɛ sɛ yɛbɔ yɛn bra yiye ade nyinaa mu.”—Hebrifo 13:18.
Ɛnyɛ ‘Botae A Eye Sen Biara’ Nko
8. Dɛn nti na nokwaredi yɛ Yehowa nkoa botae?
8 Aborɔfo ka asɛm bi sɛ ‘nokwaredi ne botae a eye sen biara,’ a nea ɛkyerɛ ne sɛ nneɛma pa fi nokwaredi mu ba. Nanso wɔ Kristofo fam no, asɛm no kɔ akyiri sen saa. Wɔ wɔn fam no, nokwaredi ne botae koro pɛ a ɛwɔ hɔ. Sɛ́ Yehowa nkoa no, ɛnsɛ sɛ wosuasua wiase a wɔabu no fɔ yi atorodi no—wɔ ɔkwan biara so. Mmom no, ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔn biribiara ma ɛne Onyankopɔn mmara ahorow hyia. Na ɛnyɛ nea ne mmara no asakra wɔ eyi mu.
9. Ɔkwan bɛn so na Yehowa Mmara a ɔde maa tete Israel no sii nokwaredi so dua?
9 Sɛ nhwɛso no, Yehowa ka kyerɛɛ tete Israel sɛ: “Nsɛe aware. Mmɔ korɔn. Nni wo yɔnko ho adansekurum. Mma w’ani mmere . . . biribiara a ɛyɛ wo yɔnko dea.” (Exodus 20:14-17) Saa ara na Leviticus 19:11, 12 ka sɛ: “Mommmɔ korɔn na munnni kusum, na obi nntwa ne yɔnko nkontompo. Na monnka me din ho ntam atoro mu, na woanhura wo Nyankopɔn din ho: Mene [Yehowa].”
10. Ɔkwan bɛn so na Kristosom si nokwaredi so dua?
10 Wɔasan ati mmara horow a ɛte sɛɛ mu ama Kristofo. Enti, Onyankopɔn Asɛm no ka sɛ: “Anaasɛ munnim sɛ wɔn a wɔnteɛ no rennya Onyankopɔn ahenni no? Mommma wɔnnnaadaa mo, nguaman ne abosonsomfo ne awaresɛefo ne ahodomfo ne mmarima a wɔne wɔn ho da ne awifo ne aniberefo ne asabofo ne amaanefo ne amimfo rennya Onyankopɔn ahenni no”; saa ara na “wɔn a wɔpɛ atoro na wodi” rennya. (1 Korintofo 6:9, 10; Adiyisɛm 22:15) Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔtra Onyankopɔn nhyehyɛe foforo no mu nyinaa da ne su horow no adi a emu biako ne sɛ ‘Onyankopɔn nni atoro.’ (Tito 1:2: Hebrifo 6:18) Atorodi fi Satan, “atoro agya” no.—Yohane 8:44.
11, 12. (a) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yesua nokwaredi nnɛ? (b) Dɛn nti na yɛte ahotɔ nka wɔ Onyankopɔn ahyehyɛde a aniwa hu no mu?
11 Esiane sɛ “trenee te” “asase foforo” a Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ no mu nti, “trenee na asase a ɛsow aba no sotefo besua.” (2 Petro 3:13; Yesaia 26:9, NW)Ɛno nti na nnipa a wɔn dodow rekɔ anim a wɔhwɛ kwan sɛ wɔbɛtra Paradise asase no so no ‘resuasua [Yehowa] akwan’ mprempren a nokwaredi ka ho no. (Yesaia 2:3, 4) Enti Onyankopɔn Asɛm no tu yɛn fo sɛ: “Munnnidi atoro nnkyerɛkyerɛ mo ho. Munyi onipa dedaw no ne ne nneyɛe ngu.” (Kolosefo 3:9) Ɛka nso sɛ: “Owifo nnwia ade bio, na mmom ɔmmɔ mmɔden mfa ne nsa nyɛ adwuma pa, na wanya biribi a ɔde bɛma nea odi hia.”—Efesofo 4:28.
12 Enti ɛsɛ sɛ Yehowa nkoa di nokware wɔ nneɛma nyinaa mu. Esiane sɛ saa na ɛsɛ sɛ obiara yɛ wɔ nhyehyɛe foforo no mu nti, saa ara na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn nkurɔfo yɛ nnɛ. Na hwɛ anigye ara a ɛyɛ sɛ wo ne nnipa ɔpepem pii a wɔyɛ wiase nyinaa abusua a wɔda nokwaredi adi bɛbɔ! Hwɛ ahotɔ nka ara a yɛte wɔ saa honhom mu paradise a ɛyɛ adwuma a Onyankopɔn honhom kronkron a ano yɛ den no na ayɛ a “Onyankopɔn de ma wɔn a wotie no no” mu. (Asomafo no Nnwuma 5:32) Fa ɛno toto honhom a ɛho ntew a adonnɔn wiase a ɛhyɛ “wi yi ase nyame,” Satan Ɔbonsam, ase no ho.—2 Korintofo 4:4; Galatifo 5:19-24.
Afoforo Hu Wɔn Nokwaredi No
13, 14. Ɔkwan bɛn so na afoforo aka Yehowa nkoa nokwaredi no ho asɛm?
13 Ɛyɛ nea afoforo taa hu Onyankopɔn nkurɔfo nokwaredi no. Sɛ nhwɛso no, Italiafo atesɛm krataa a wɔfrɛ no Il Piccolo no tintim krataa bi a efi n’akenkanfo no biako hɔ a emu nsɛm ka sɛ: “Mepɛ sɛ meda ɔbea bi a ɔkae sɛ ɔyɛ Yehowa Adansefo no mu biako a ɔdaa no adi sɛ ɔyɛ ɔnokwafo ankasa denam me sika kɛse a ɛyerae ‘a ɔnam mo atesɛm krataa yi so maa me nsa kae no ase.” Wɔ United States no, The Indianapolis Star kyerɛw faa Adansefo baanu a wohuu $4,000 na wɔsan de kɔmaa ne wura no ho. Atesɛm krataa no kae sɛ na Adansefo no “adwenem nyɛ wɔn naa wɔ nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ ho.” Dɛn ntia? Wɔkae sɛ: “Ɛnyɛ nea yebetumi afa. Yɛyɛ Yehowa Adansefo.”
14 Bere a ɔdansefo bi a ɔwɔ Missouri huu $9,500 na ɔsan de kɔmaa polisifo no, atesɛm krataa bi kaa asɛm bi a polisifo panyin bi kae, sɛ: “Ɛyɛ den kɛse sɛ obi benya sika kɛse a ɛte saa na wasan de aba. Menkae sɛ yɛahu sɛ obi ayɛ saa pɛn. Ɛyɛ nwonwa ankasa.” Atesɛm krataa no kae sɛ “amma ɔdansefo no adwene mu da sɛ ɔbɛfa sika no.” Polisini no kae sɛ ɔdansefo no “ama wanya gyidi sɛ nnipa a wodi nokware da so ara wɔ adesamma mu.” Ɔdansefo no buae sɛ: “Ɛyɛ yɛn anigye sɛ yɛyɛ nkurɔfo a wodi nokware wɔ nneɛma nyinaa mu.”
15, 16. Osuahu ahorow bɛn na ɛkyerɛ sɛ nokwaredi wɔ nneɛma nketewa mu mpo yɛ nea afoforo hu?
15 Ɛnyɛ nneɛma akɛse mu nko na ɛsɛ sɛ yedi nokware. Nokwaredi ho hia wɔ nneɛma nketewa mu nso. (Luka 16:10) Sɛ nhwɛso no, bere a Adansefo abusua bi kɔtraa ahɔhodan bi mu wɔ Florida no, wɔn babarima faa sumii-nnuraho bi a na osusuw sɛ ɛyɛ n’atade. Abusua no san de menaa wɔn, na ahɔhodan sohwɛfo panyin no kyerɛwee sɛ: “Yɛpɛ sɛ yɛda mo ase kɛse wɔ mo nokwaredi no ho. Bere a ebia sumii-nnuraho yi a mosan de brɛɛ yɛn yi yɛ ade a moyɛ da biara esiane nnipa ko a moyɛ nti no, wɔ yɛn fam de, ɛyɛ biribi a ɛsɛ sɛ yɛkamfo mo wɔ ho.” Saa ara na bere a pɛn bi kaa awarefo a wɔyɛ Adansefo bi nneɛma mu wɔ Georgia ahɔhodan bi mu a wɔanhu ma enti wɔsan de kɔmaa wɔn akyiri yi no, ahɔhodan sohwɛfo panyin no kyerɛwee sɛ: “Ma menna mo ase sɛ moasɛe bere asan de pɛn a ɛkaa mo nneɛma mu a moanhu no aba. Ɛyɛ anigye sɛ obi nsa bɛka krataa te sɛ nea nnipa nokwaredifo a wosusuw afoforo ho te sɛ mo de manae no!”
16 Ná Ɔdansefo kumaa bi a ɔwɔ gyinapɛn anum rebɔ bɔɔl wɔ sukuu. Ná onim sɛ ɛyɛ nea wadi nkogu wɔ bɔɔlbɔ no mu. Ne mfɛfo a wɔwɔ n’afã no pɛe sɛ wɔka sɛ ɔno na wadi nkonim. Nanso wɔn a wɔne no resi akane no mu biako kae sɛ ɔkwan biako wɔ hɔ a wobetumi afa so ahu mu nokware. Ɔkae sɛ: “Mummisa no sɛ wadi nkogu anaasɛ dabi. Ɔyɛ Ɔdansefo, na Adansefo nni atoro.” Ɛyɛ nea afoforo hu abofra no nneyɛe pa wɔ da biara da nsɛm mu no. Ampa, sɛ wɔtra ase sɛnea Onyankopɔn gyinapɛn ahorow kyerɛ a, ayeyi betumi afi ‘nkokoaa anom’ aka Yehowa.—Mateo 21:16.
17, 18. Ɔkwan pa bɛn so na Yehowa nnyinasosɛm ahorow a ɛfa nokwaredi ho no betumi aka nnipa a wɔwɔ koma pa?
17 Wɔ Nigeria no, ɔdansefo bi kunu sɔre tiaa no denneennen wɔ ɔmansin nhyiam bi a ɔrekɔ ho. Enti ne kunu no dii n’akyi kɔɔ hɔ na ɔpɛe sɛ ɔyɛ basabasa. Bere a dwumadi no baa awiei no, ɔbarima no kae sɛ: “Mɛsɔ saa Adansefo yi ahwɛ.” Bere a obiara nhwɛ no no oyii sika fii ne kotoku mu na ɔhyɛɛ no nsow na afei ɔbobɔwee na ogyaw too fam. Afei ɔkae sɛ ne sika ayera. Nanso wɔka kyerɛɛ no sɛ ɔmma ɛnhaw no na obehu. Ɔkɔɔ baabi a ogyaw sika no toe no na enni hɔ. Ɔkae sɛ: “Ahaa, mahu sɛ mo saa nkurɔfo yi yɛ akorɔnfo!” Afei wɔka kyerɛɛ no sɛ ɔrenhu sika no wɔ hɔ, na ebia wɔde kɔ baabi a nneɛma yera na wohu a wɔde kɔ hɔ. Ná saa sika a wahyɛ no nsow no wɔ hɔ ampa na wɔsan de maa no. Eyi hyɛɛ no nkuran ma ɔhwehwɛɛ nea ne yere gye di no mu, na nnɛ ɔyɛ Yehowa Adansefo no mu biako.
18 Wɔ krataa bi a ɔbea bi a ɔnyɛ ɔdansefo kyerɛw kɔɔ Yehowa Adansefo asafo no ti wɔ New York mu no, ɔkae sɛ ɔreka asɛm bi a esii wɔ sukuu a ɛfa ne babea ho akyerɛ wɔn. Ná ne babea no wɔ ɔpɔnkɔ nnareka fɛfɛɛfɛ bi a obi wiae da koro bi. Mfe abien akyi no, ne babea no nsa kaa krataa bi a ese: “Me Dɔfo Lili, Wo nnareka a obi wiae mfe bi a atwam no ni. Me na mefae, nanso mprempren de mabɛyɛ Yehowa Adansefo no mu biako, na ahonim foforo a mewɔ no mma me kwan mma memmfa bio. Ɛyɛ me yaw ankasa sɛ meyɛɛ saa. Mesrɛ wo, fa kyɛ me.” Yiw, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsom Yehowa no nya “ahonim pa, . . . [na] yɛbɔ yɛn bra yiye ade nyinaa mu.”—Hebrifo 13:18.
Ahyehyɛde No Ho A Yɛbɛma Atew
19. (a) Sɛ Kristoni yɛ biribi a nokwaredi nni mu a, dɛn na ɛsɛ sɛ ɔyɛ? (b) Sɛ nnipa kakraa bi a wɔwɔ yɛn mu kɔ so ara yɛ nneɛma a nokwaredi nni mu a, dɛn na ɛbɛba wɔn so, na dɛn ntia?
19 Sɛ Onyankopɔn akoa bi anhyɛ da na ɔyɛ biribi a nokwaredi nni mu a, ɛnde bere a wahu anaasɛ obi atwe n’adwene asi so no, ɛsɛ sɛ ɔyɛ nsiesiei ahorow a ɛfata ntɛm ara. Na sɛ nnipa kakraa bi a wɔwɔ yɛn mu bu ani gu Bible nnyinasosɛm ahorow so na wɔkɔ so de wɔn ho hyɛ nneyɛe ahorow a nokwaredi nni mu mu a wɔremma wɔn kwan mma wɔnnsɛe Onyankopɔn nkurɔfo. (1 Korintofo 5:11-13) Yebetumi ahwɛ ɔsoro mmoa kwan wɔ eyi mu, efisɛ Yesu ka too hɔ sɛ: “Onipa ba no bɛsoma n’abɔfo na wɔakɔboaboa hintidua ne wɔn a wodi nsɛmmɔne nyinaa ano afi n’ahenni mu, . . . Ɛnna atreneefo no bɛhyerɛn sɛ owia wɔn agya ahenni mu.”—Mateo 13:41-43.
20, 21. (a) Dɛn nti na yebetumi de ahotoso ato nsa afrɛ ahobrɛasefo sɛ wɔne yɛn mmɛsom Yehowa? (b) Nokwaredi ho asɛm foforo bɛn na wɔbɛka wɔ adesua a edi hɔ no mu?
20 Wɔnam saayɛ so ma Yehowa ahyehyɛde no ho tew. Esiane eyi nti, ‘ɛhyerɛn’ te sɛ kanea ma nnipa koma pafo. Ɛno nti na yɛde ahotoso ka eyi kyerɛ ahobrɛasefo a wɔwɔ asase so no sɛ: “Mommra mma yɛnkɔ [Yehowa] bepɔw so [nokware som a wɔama so] . . . na ɔnkyerɛ yɛn n’akwan, na yɛnnantew n’atempɔn so.”—Mika 4:2.
21 Esiane sɛ ɛsɛ sɛ Yehowa nkoa di nokware wɔ nneɛma nyinaa mu nti, nea ebia ɛka eyi ho ne adwuma a wɔne Adansefo afoforo yɛ. Ɛha nso nokwaredi ho asɛm betumi asɔre. Ebi ne nea ɛwɔ he? Ɔkwan bɛn so na yebetumi adi ho dwuma? Asɛm a edi so no bɛka nokwaredi a ɛfa eyi ho no ho asɛm.
Ntĩmu Nsemmisa
◻ Dɛn na aba nokwaredi so wɔ yɛn bere yi mu? Dɛn ntia?
◻ Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn Asɛm’ no ka hia a nokwaredi ho hia no ho asɛm?
◻ Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yenya nokwaredi su ansa na nhyehyɛe foforo no mpo aba?
◻ Osuahu ahorow bɛn na ɛkyerɛ bo a nokwaredi som?
◻ Awerɛhyem bɛn na ɛwɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ nokwaredi yɛ nea wɔbɛkɔ so akura mu wɔ yɛn mu?
[Mfonini wɔ kratafa 8]
Mprempren, wɔrekyerɛkyerɛ wɔn a wɔbɛtra Onyankopɔn nhyehyɛe foforo no mu no wɔ Yehowa nokwaredi kwan so