Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ
Nokwaredi Kamfo Yɛn Som no Kyerɛ
NOKWAREDI yɛ Kristofo ahwehwɛde tititiriw. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee wɔ Hebrifo 13:18 (New World Translation) sɛ: “Yegye di sɛ yɛwɔ ahonim pa, efisɛ yɛpɛ sɛ yɛde nokwaredi bɔ yɛn bra ade nyinaa mu.” Nokware a yedi no ‘hyehyɛ yɛn Agyenkwa Nyankopɔn kyerɛ, ade nyinaa mu.’ (Tito 2:10) Kristofo baanu a wɔwɔ Pasifik Kesee Fam ahemman Tonga mu no nokwaredi, ne wɔn Ahenni asɛnka no nso de adanse a tumi wom rema. Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea a ɛwɔ Western Samoa ka sɛ:
“Adansefo awarefo bi de mfe pii kaa Onyankopɔn Ahenni ho asɛm kyerɛɛ wɔn supɔw no so nkuraa anan asefo nanso hwee amfi mu amma. Afei, bere a na okunu no yare no, no ɛsɛ sɛ ɔyere no hwɛ wɔn afuw no so na ɔbobɔ kube no hata mu aduan, ade biako pɛ a ɛma wonya sika. Mmere no soe sɛ atɔfo no bɛba abɛhwɛ no, na obi foforo bɔtɔ abɛfra ne de anum no mu. Nkuraasefo no hyɛɛ no sɛ ɔmfa bɔtɔ a aboro so no na ommu no sɛ nhyira a efi Onyankopɔn hɔ. Nanso onuawa no powee, ma mpo bere a wotuaa mmɔtɔ asia sika maa no no, ogyee sika a ɛsɛ sɛ wɔde ma no no nkutoo. Afoforo huu ne nokwaredi no.
“Akyiri yi, bere a ne kunu retu kwan akɔ supɔw foforo so no, sotɔɔ wura no ka kyerɛɛ no sɛ ɔntɔ nneɛma bi mmrɛ no. Ɔdansefo no yɛɛ nea ɔsrɛe no, no ɔde ɔbarima no nsesa brɛɛ no. Ɔbarima no ho dwiriw no. Ɔkae sɛ ɛne bere a edi kan a obi de ne nsesa abrɛ no. Afoforo a ɔka kyerɛ wɔn sɛ wɔntɔ nneɛma mmrɛ no no fa nsesa no bere nyinaa. Bere foforo bi a na Ɔdansefo no hia biribi wɔ ɔbarima yi sotɔɔ mu no, ɔde sotɔɔ no safe maa no, ka kyerɛɛ no sɛ ɔmfa nea ohia na onnyaw sika no wɔ sotɔɔ hɔ. Afoforo a wɔwɔ hɔ bisaa sotɔɔ wura no nea enti a ɔde sotɔɔ no safe ma Ɔdansefo no, na ɔmfa mma wɔn no. Sotɔɔ wura no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ Ɔdansefo no nkutoo ne obi a obetumi agye no adi wɔ akuraa no ase.
“Nkuraasefo no reka awarefo yi bra pa no ho asɛm. Wonim sɛ Adansefo no di nokware, wonni afã biara wɔ amamuisɛm mu, na wodi Onyankopɔn Ahenni no ho adanse, a ɛma wohu nsonsoe a ɛda nea nkuraasefo no gye di ne Bible no nkyerɛkyerɛ no ntam. Mprempren yi, sɛ Bible ho nsɛmmisa sɔre a, nkurɔfo no taa kɔ Adansefo no hɔ kɔpɛ mmuae. Okunu no mpo asɔre anadwo akɔ akuraase bi ase nhyiam, akobua nsemmisa a asɔre wɔ Bible asɛm bi ho. Sɛ ɔkɔ ayi wɔ akuraa no ase a, wɔtaa bisa no sɛ ɔnkyerɛ nea Bible no ka fa owu ho, na wogye nea ɔka no tom.”
Enti Adansefo awarefo yi nokwaredi ne wɔn Ahenni asɛnka no redi adanse kɛse wɔ Pasifik supɔw fɛfɛ no so. Wɔwɔ awerɛhyem sɛ afoforo besua Bible no na wɔabegyina nokware no afã. Sɛ wɔyɛ saa a, nokwarem no, Yehowa behyira wɔn.—Yohane 8:32.