Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g 4/12 kr. 22-24
  • Mɛyɛ Dɛn Anya Bible Sua Ho Anigye?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mɛyɛ Dɛn Anya Bible Sua Ho Anigye?
  • Nyan!—2012
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Anigye A Yebenya Wɔ Yehowa Asɛm Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Nea Ɛbɛboa Wo Ma Woasua Ade Daa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2024
  • Sɛnea Yɛne Nkurɔfo Sua Bible
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Sua Ade Yiye!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2019
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2012
g 4/12 kr. 22-24

Mmofra Bisa Sɛ

Mɛyɛ Dɛn Anya Bible Sua Ho Anigye?

Dɛn nti koraa na ɛsɛ sɛ misua Bible? Susuw ho saa kwan yi so hwɛ:

Bible betumi aboa wo ma woanya ademude. Saa nhoma a wɔtɔ sen biara yi betumi

● Akyerɛ wo sɛnea wubesiesie wo ho ama asetena pa a ɛsen biara

● Aka nneɛma a ɛbɛba daakye —ne nea atwam—a anka worentumi nhu ho asɛm akyerɛ wo

● Aboa wo ma woahu sɛnea w’ankasa wote na ama woabɛyɛ onipa paa

BIBLE sua gye mmɔdenbɔ, nanso mfaso a ɛwɔ so dɔɔso! So wopɛ sɛ wuhu sɛnea mmabun binom resua Bible no? Twa kratafa yi na buka to so. Wubenya kratawa a ekura nkratafa anan a ɛbɛkyerɛ wo sɛnea w’atipɛnfo tumi gyina akwanside ahorow ano ne mfaso a wɔrenya wɔ Bible no a wɔresua no so.

“Obiara betumi anya biribi a ebetumi aboa no wɔ Bible no mu. Nneɛma pii wɔ Bible no mu a worentumi nsua ho ade nwie da!”—Valerie.b—g12-E 02.

Wubetumi ahu “Mmofra Bisa Sɛ” nsɛm a ɛba no pii wɔ Intanɛt so wɔ www.watchtower.org/ype

[Ase hɔ nsɛm]

a Sɛ wopɛ sɛ wuhu sɛnea Bible no betumi ayɛ saa nneɛma yi nyinaa ama wo a, hu Yehowa Adansefo a wɔwɔ wo mpɔtam no, anaa kyerɛw kɔma address a ɛwɔ kratafa 5 no mu nea ɛfata.

b Wɔasesa edin ahorow a ɛwɔ asɛm yi mu no bi.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 23, 24]

ƆKWAN A WƆFA SO SUA BIBLE NO

Nsɛnnennen: BIRIBIARA NKANYAN ME

“Sɛ́ mɛtena ase bɛyɛ dɔnhwerew biako asua ade de, m’ani nnye ho.”—Lena.

Nea wuhia: NEA ƐBƐHYƐ WO NKURAN

Sɛ w’ani begye Bible sua ho a, ehia sɛ wubua asɛm yi, Mfaso bɛn na menya afi mu? So wopɛ sɛ wo ne Onyankopɔn fa adamfo? wunya nsɛm a ɛresisi wɔ wiase no ho ntease a ɛkɔ akyiri? wo suban yɛ yiye sen sɛnea ɛte? Bible no bɛboa wo ma woayɛ eyinom nyinaa—ne pii!

“Nnya adwene sɛ ɛyɛ adwuma anaa ɛte sɛ nea woresua ade akɔ sukuu. Mmom no, bu Bible adesua sɛ ɛyɛ hokwan a ɛbɛma woabɛn Adamfo a ɔsen biara a wubetumi anya—Yehowa Nyankopɔn.”—Bethany.

“Bere a wode sua ade no yɛ bere a wo ne Yehowa Nyankopɔn nkutoo nya abusuabɔ. Sɛ wo ne obi bɔ bere a w’awofo wɔ hɔ nkutoo a, so saa onipa no yɛ w’adamfo ankasa, anaa ɔyɛ w’awofo adamfo mmom? Sɛ wo nkutoo sua ade a, Yehowa betumi abɛyɛ w’ankasa adamfo.”—Bianca.

Kae sɛ: “Biribiara a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm no mu no yɛ Onyankopɔn Asɛm. Ne nyinaa ye ma ɔkyerɛkyerɛ, ɛboa nkurɔfo, ɛteɛteɛ wɔn, na ɛkyerɛ wɔn sɛnea ɛsɛ sɛ wɔbɔ wɔn bra.” (2 Timoteo 3:16, Contemporary English Version) Bible no betumi aboa wo ma wo nso woayɛ saa!

“Mebɔ mmɔden sɛ mede m’adwene besi mfaso a menya no so. Sɛ biribi wɔ hɔ a memmɔ ho mmɔden a, Bible adesua na ɛboa me ma midi ho dwuma, na ɛma mitu mpɔn.”—Max.

Dwene eyi ho:

Dɛn na ebetumi ahyɛ wo nkuran ma woasua ade?

Asɛnnennen: ƐYƐ ANIHAW

“Misua ade wɔ simma 10 akyi pɛ a, mete nka sɛ mabrɛ; simma 20 akyi no, na mepɛ sɛ mekɔyɛ ade foforo; ebedu simma 30 akyi no, na m’ani ahaw araa ma minhu nea menyɛ!”—Allison.

Nea wuhia: BƆ WO TIRIM YƐ BIRIBI

Fa w’adwene bu nneɛma, sɛ́ ɛfa nea wubesua ho, ɔkwan a wobɛfa so asua ade, anaa beae a wopɛ sɛ wusua ade no ho.

“Gye bere fa yɛ nsɛmmisa biara a wowɔ no mu nhwehwɛmu. Sɛ wusua biribi a woasusuw ho pɛn ho ade a, wubewie no na wo koma atɔ wo yam—w’ani begye nso.”—Richard.

“Sɛ worekenkan biribi ho asɛm a, fa wo ho hyɛ mu bi. Yɛ wo ho te sɛ wo na wɔreka wo ho asɛm no, anaa fa no sɛ wugyina hɔ bi na asɛm no resi. Bɔ mmɔden sɛ wubetwa tebea no ho mfonini.”—Steven.

“Ma adesua nyɛ anigye. Tena mfikyiri baabi na fa anonne bi si wo ho. Sɛ meresua ade na anonne si me ho a, mepɛ paa. Hena na ɔmpɛ?”—Alexandra.

Kae sɛ: Te a obi te nka sɛ n’ani ahaw no yɛ nsusuwii ara kwa, na ɛnyɛ saa na ɛte bere nyinaa. Enti sɛ anka wobɛka sɛ “adesua yɛ anihaw no,” ka sɛ “Me na m’ani ahaw.” Adesua ho asodi da wo ara wo so. Ɛno bɛboa wo ma woadi wo ho so na ahyɛ wo den ma woatumi ayɛ ho biribi.—Mmebusɛm 2:10, 11.

“Ɛnsɛ sɛ w’ankasa adesua yɛ wo anihaw. Sɛnea wopɛ sɛ ɛyɛ biara no, ebetumi ayɛ saa.”—Vanessa.

Dwene eyi ho:

Sɛ woresua ade a, wobɛyɛ dɛn abɔ wo tirim ayɛ biribi?

Asɛnnennen: BERE HO YƐ NA

“M’ani gye ho paa sɛ mesua Bible no, nanso sɛnea minni adagyew no, ɛyɛ den ma me sɛ menya bere atena ase asua ade!”—Maria.

Nea wuhia: NEA EHIA PAA

Nea ɛka mpanyinyɛ ho ne sɛ wubesua sɛnea ‘wobɛpɛɛpɛɛ mu ahu nneɛma a ehia koraa no.’—Filipifo 1:10.

“Me maame boaa me ma mihui sɛ merennya bere foforo biara nka nea mewɔ no ho. Ɛsɛ sɛ mepɛ bere. Sɛ minya siesie m’adwene sɛ mesua ade a, minya bere de yɛ.”—Natanya.

“Seesei a manyin no, masua sɛ mɛyɛ nhyehyɛe a mede besua ade, na ɛno ma misua ade ɛmfa ho nneɛma a ɛrekɔ so saa bere no.”—Yolanda.

“Sɛ wode adesua di ahomegye anim a, mehyɛ wo bɔ sɛ ɛbɛma w’ani agye ho kɛse—na afei sɛ woregye w’ahome a, w’ahonim remmu wo fɔ.”—Diana.

Kae sɛ: Sɛ woamfa nneɛma a ehia anni kan a, worentumi mfa bere nni dwuma yiye, na ɛno mmom bedi wo so. Eye paa sɛ wubedi kan ayɛ bere ho nhyehyɛe, na woanya bi de asua ade.—Efesofo 5:15, 16.

“Sɛ́ obi a mekɔ ntoaso sukuu no, ɛnyɛ den koraa sɛ nneɛma afoforo betumi agye me bere! Nanso, ade a ehia me paa ne sɛ mɛbɔ mmɔden de m’ankasa Bible adesua adi kan wɔ me nhyehyɛ mu.”—Jordan.

Dwene eyi ho:

Adesua ho nhyehyɛe bɛn na wubetumi ayɛ?

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 23]

W’ATIPƐNFO NYANSAHYƐ

Zachary—Nsua nneɛma a w’awofo anaa afoforo resua no bi kɛkɛ. Sɛ nea woresua no yɛ ade a wopɛ sɛ wuhu a, ɛno na ɛkyerɛ sɛ woreyɛ w’ankasa adesua.

Kaley—Sɛ worefi ase a, nsua pii. Sɛ ɛsɛ sɛ wusua ade a, fa simma anum pɛ yɛ, nanso sua ade da biara da. Afei nkakrankakra no, wubetumi de simma 10, anaa simma 15 ayɛ . . . na awiei koraa no w’ani begye ho!

Daniela—Nsɛm kakraa bi a wobɛyɛ ho kyerɛwtohɔ no nso betumi aboa paa. Nya pɛn kɔla ahorow ne nhoma bi a ɛyɛ fɛ, anaa paw baabi wɔ wo kɔmputa so na to din M’ankasa Adesua.

Jordan—Sɛ mepaw asɛmti bi a m’ani gye ho a, ɛma mitumi sua ade kyɛ. Bio nso, ɛsɛ sɛ minya baabi a ɛhɔ yɛ koom. Mintumi nsua ade wɔ baabi a dede pii wɔ hɔ.

[Nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 22]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

Twa

Buka to so

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena