Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w15 4/1 kr. 4-7
  • Sɛnea Yɛne Nkurɔfo Sua Bible

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛnea Yɛne Nkurɔfo Sua Bible
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • NSƐM A EBINOM TAA BISA FA BIBLE ADESUA A YƐNE NKURƆFO YƐ NO HO NE ƐHO MMUAEƐ
  • Ɛhe na Yebenya Nsɛmmisa a Ɛho Hia Paa no ho Mmuae?
    Ɛhe na Yebenya Nsɛmmisa a Ɛho Hia Paa no ho Mmuae?
  • Mɛyɛ Dɛn Anya Bible Sua Ho Anigye?
    Nyan!—2012
  • W’ani agye adesua no ho anaa?
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Fi Bible Mu Nkɔmmɔ Ase
  • So Wobɛpɛ sɛ Wuhu Pii Fa Bible no Ho?
    So Wobɛpɛ sɛ Wuhu Pii Fa Bible no Ho?
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
w15 4/1 kr. 4-7
Bible adesua

ASƐM A ƐDA SO | ADƐN NTI NA ƐHO HIA SƐ WOSUA BIBLE?

Sɛnea Yɛne Nkurɔfo Sua Bible

Nnipa pii nim Yehowa Adansefo sɛ wɔyɛ asɛnka adwuma wɔ baabiara. Nanso w’ankasa wonim sɛ yɛsan ne nkurɔfo yɛ nhyehyɛe sua Bible?

Ɔbarima bi a wɔne no reyɛ Bible adesua wɔ n’adwuma mu

Afe 2014 mu no, Adansefo bɛboro 8,000,000 a wɔwɔ nsase 240 so ne nnipa bɛyɛ 9,500,000 suaa Bible no bosome biara.a Aman bɛyɛ 140 bi wɔ hɔ a, nnipa a wɔwɔ saa aman no mu biara mu no dodow nnu nnipa dodow a yɛne wɔn sua Bible no.

Nea ɛbɛyɛ na Yehowa Adansefo atumi ne nkurɔfo asua Bible no, afe biara wɔtintim Bible, nwoma, nsɛmma nwoma, ne nneɛma foforo a wɔde sua Bible bɛyɛ ɔpepepem baako ne fã wɔ kasa bɛyɛ 700 mu! Nwoma dodow a yɛtintim yi ma nkurɔfo tumi sua Bible wɔ kasa a wɔpɛ mu.

“Bere a mekɔ sukuu no na mempɛ adesua koraa, nanso saa adesua yi deɛ na ɛyɛ anika. Nneɛma a mesuaeɛ no nso maa me koma tɔɔ me yam!”​—Katlego, South Africa.

“Adesua no maa menyaa me nsɛmmisa nyinaa ho mmuaeɛ, na mesuaa nneɛma foforo pii.”​—Bertha, Mexico.

“Ná wɔne me sua Bible no wɔ me fie ne bere a ɛyɛ ma me. Dɛn na ɛkyɛn wei!”​—Eziquiel, Brazil.

“Ná yɛtumi sua ade simma 15 kɔsi 30. Ɛtɔ da nso a, na yɛtumi kyɛ kakra. Bere tenten a mepɛ na na wɔne me sua ade.”​—Viniana, Australia.

“Anwonwasɛm ne sɛ, wɔne wo sua ade a, wontua hwee!”​—Aimé, Benin.

“Ná nea ɔne me sua Bible no wɔ abotare na na ɔte me ase. Yɛbɛyɛɛ nnamfo paa.”​—Karen, Northern Ireland.

“Nnipa pii ne Adansefo no sua Bible a wɔmmɛyɛ Adansefo.”​—Denton, England.

NSƐM A EBINOM TAA BISA FA BIBLE ADESUA A YƐNE NKURƆFO YƐ NO HO NE ƐHO MMUAEƐ

Moyɛ adesua no sɛn?

Yɛpaw Bible mu asɛm bi a, na yɛde Bible no akyerɛkyerɛ mu. Sɛ nhwɛso no, Bible ma yɛnya nsɛmmisa bi te sɛ nea ɛdidi so yi ho mmuaeɛ: Hena ne Onyankopɔn? Ɔte sɛn? Enti ɔwɔ din? Ɛhefa na ɔte? Yɛbɛtumi abɛn no ama ayɛ yie? Mmuaeɛ no wɔ Bible mu, nanso, asɛm no ne sɛ, Bible mu hefa na ɛwɔ?

Enti nea ɛbɛyɛ na nkurɔfo anya nsɛmmisa yi ho mmuaeɛ no, yɛtaa ne wɔn sua nwoma bi a wɔato din Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?b Saa nwoma yi kura nkratafa 224. Nea enti a wɔyɛɛ nwoma yi ne sɛ ɛbɛboa nkurɔfo ama wɔate Bible mu mfiase nkyerɛkyerɛ bi ase. Nkyerɛkyerɛ no bi fa Onyankopɔn, Yesu Kristo, nnipa amanehunu, owusɔre, mpaebɔ, ne nsɛm afoforo pii ho.

Bere bɛn na moyɛ adesua no, na ɛhefa?

Yɛbɛtumi ne wo ayɛ adesua no wɔ bere ne baabi a ɛyɛ ma wo.

Adesua biara di nnɔnhwerew sɛn?

Nnipa binom ayi dɔnhwerew baako anaa nea ɛboro saa asi hɔ a nnawɔtwe biara wɔde sua Bible. Nanso yɛtumi yɛ nsakrae wɔ bere tenten a yɛde yɛ adesua no mu. Bere tenten a wopɛ no na yɛne wo bɛsua. Ebinom de simma 10 anaa 15 pɛ na esua ade nnawɔtwe biara.

Sika sɛn na obi tua na watumi de ne ho ahyem?

Yɛnnye sika biara, na nwoma biara a yɛne wo de bɛyɛ adesua no nso yɛnntɔn. Wei ne akwankyerɛ a Yesu de maa n’asuafo no hyia. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monyaa no kwa, momfa mma kwa.”​—Mateo 10:8.

Obi de nna sɛn na ɛbɛsua ade no awie?

Bere tenten a yɛne wo bɛsua deɛ, ɛgyina wo ara wo so. Adesua nsɛm 19 na ɛwɔ Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nwoma no mu. Yɛbɛtumi ne wo asua eti no mu biara anaa nwoma no nyinaa awie bere tenten biara a wopɛ.

Sɛ mede me ho hyɛ adesua no mu a, ɛsɛ sɛ mebɛyɛ Yehowa Danseni anaa?

Dabi. Yɛnim paa sɛ obiara wɔ hokwan sɛ ɔpaw ɔsom a ɔpɛ. Nanso sɛ nkurɔfo nya Bible mu nimdeɛ kakra a, ɛtumi boa wɔn ma wɔpaw ɔsom a ɛfata.

Ɛhe na mɛtumi anya adesua no ho nsɛm pii?

Wobɛhunu Yehowa Adansefo gyidi ne wɔn nnwuma ho nsɛm wɔ Intanɛt so wɔ jw.org/tw.

Sɛ mepɛ sɛ obi ne me bɛsua Bible a, dɛn na menyɛ?

  • Akwan horow a nkurɔfo fa so ma Yehowa Adansefo ne wɔn bɛsua Bible: Intanɛt, krataakyerɛw, ne nwoma a tɛlɛfon nɔma wom

    Fa w’abisade no fa Intanɛt so wɔ www.jw.org/tw.

  • Fa address a ɛwɔ nsɛmma nwoma yi kratafa mmienu no mu nea ɛbɛn wo paa kyerɛw yɛn.

  • Hwehwɛ Yehowa Adansefo wɔ wo mpɔtam. Sɛ mowɔ nwoma a wɔahyehyɛ tɛlɛfon nɔma wom wɔ mo mpɔtam hɔ nso a, wobɛtumi ahwɛ asɛm “Yehowa Adansefo,” na wobɛhunu wɔn a wɔbɛn wo.

a Yɛtumi ne ankorankoro anaa kuw nketewa sua Bible no.

b Yehowa Adansefo na wɔtintimiiɛ. Wɔatintim nwoma yi bɛboro ɔpepem 230 wɔ kasa bɛboro 260 mu.

MFASO A MMUSUA BINOM ANYA

Eziquiel

“Bere a me yere fii ase suaa Bible no, mehunuu nsakrae wɔ n’abrabɔ mu. Ɛmaa anigye baa yɛn abusua no mu. Enti meyɛɛ m’adwene sɛ mɛfeefee mu ahu nea ama wayɛ saa nsakrae no. Ɛno nti me nso mefirii ase suaa Bible no bi. Nea mesuae no ama mayɛ onipa pa. Bible a yɛsuaeɛ no aka yɛn abusua no abom.”​—Eziquiel.

Karen

“Bere a mefirii ase suaa Bible no, megyaee nsawe ne nnubɔnenom, na mesuaa sɛnea mɛdi m’abufuw so. Afei nso, seesei me fie atew nwann, na menni m’abusua ho agorɔ koraa. Nneɛma a ɛbɛma wɔn ani agye na mepɛ sɛ meyɛ. Afei deɛ mewɔ anigye paa.”​—Karen.

Viniana

“Meresua Bible no, ebinom kasa tiaa me. Nanso me kunu deɛ na ɔtaa m’akyi, na ɔkaa sɛ: ‘Nea nkurɔfo bɛka biara mfa me ho. Sesa a woresesa no ara dɔɔso ma me. Hwɛ so sua w’ade.’ Seesei deɛ, yɛn abusua no wɔ anigye paa!”​—Viniana.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena