Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • T-26 kr. 1-6
  • So Wobɛpɛ sɛ Wuhu Pii Fa Bible no Ho?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wobɛpɛ sɛ Wuhu Pii Fa Bible no Ho?
  • So Wobɛpɛ sɛ Wuhu Pii Fa Bible no Ho?
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wokenkan Bible No?
  • Mmoa a Ɛbɛma Woate Bible no Ase
  • So Wopɛ sɛ Wode Bere Bi Sua Bible no Dapɛn Biara na Ama Woate Ase?
  • Yɛhyɛ Wo Nkuran Sɛ Sua Ade
  • Ade A Ehia Na Ama Woate Bible no Ase
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Sɛnea Yɛne Nkurɔfo Sua Bible
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • So Onyankopɔn Asɛm no Mu Denneennen
    Som Nokware Nyankopɔn Koro No
  • Ma W’ani Nnye Yehowa Ho Nimdeɛ Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
Hwɛ Pii Ka Ho
So Wobɛpɛ sɛ Wuhu Pii Fa Bible no Ho?
T-26 kr. 1-6

So Wobɛpɛ sɛ Wuhu Pii Fa Bible no Ho?

Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wokenkan Bible No?

BIBLE no nte sɛ nhoma foforo biara—ekura Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ a ɔdɔ wom. (1 Tesalonikafo 2:13) Sɛ wode nea Bible kyerɛkyerɛ no di dwuma a, wubenya so mfaso kɛse. Ɔdɔ a wowɔ ma Onyankopɔn no bɛyɛ kɛse na wobɛbɛn, Nea ɔde “akyɛde pa nyinaa ne adekyɛde a ɛyɛ pɛ” ma no yiye. (Yakobo 1:17) Wubehu sɛnea wobɛkɔ n’anim wɔ mpaebɔ mu. Wɔ ɔhaw mmere mu no, wubetumi anya Onyankopɔn mmoa. Sɛ woma w’asetra ne gyinapɛn ahorow a wɔada no adi wɔ Bible mu no hyia a, Onyankopɔn bɛma wo daa nkwa.—Romafo 6:23.

Bible no kura nokware ahorow a ɛma obi nya nimdeɛ. Wɔn a wonya Bible ho nimdeɛ no de wɔn ho fi adwene a ɛnteɛ a edi nnipa ɔpepem pii asetra so no ho. Sɛ nhwɛso no, nim a yenim nea ɛba bere a yɛawu no mma yensuro sɛ awufo betumi apira yɛn anaasɛ yɛn abusuafo ne yɛn nnamfo a wɔawuwu no rehu amane. (Hesekiel 18:4) Bible nkyerɛkyerɛ a ɛfa owusɔre ho no ma wɔn a wɔn adɔfo awuwu no nya awerɛkyekye. (Yohane 11:25) Nim a yenim nokware a ɛfa abɔfo bɔne ho no ma yehu ahonhonsɛmdi mu asiane ahorow, na ɛboa yɛn ma yehu nea enti a ɔhaw pii wɔ asase so saa no.

Onyankopɔn nnyinasosɛm a ɛwɔ Bible mu no kyerɛ yɛn sɛnea ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛn bra na yɛanya mfaso horow wɔ honam fam. Sɛ nhwɛso no, sɛ yɛyɛ “ade sɛnea ɛsɛ” a, ɛma yenya akwahosan pa. (1 Timoteo 3:2, NW) Sɛ ‘yɛhohoro yɛn ho fi ɔhonam ne honhom mu fi nyinaa mu’ a, yɛnsɛe yɛn akwahosan. (2 Korintofo 7:1) Onyankopɔn afotu a yehu wɔ Bible mu a yɛde di dwuma no nso ma yenya aware mu anigye na ɛma yenya obu nso ma yɛn ho.—1 Korintofo 6:18.

Sɛ wode Onyankopɔn Asɛm di dwuma a, wobɛyɛ onipa a wowɔ anigye kɛse. Bible ho nimdeɛ boa yɛn ma yenya asomdwoe, akomatɔyam ne anidaso. Ɛboa yɛn ma yenya su pa te sɛ ayamhyehye, ɔdɔ, anigye, asomdwoe, ayamye ne gyidi. (Galatifo 5:22, 23; Efesofo 4:24, 32) Saa su horow no boa ma yɛyɛ okunu anaasɛ ɔyere pa, agya anaasɛ ɛna pa, ɔbabarima anaasɛ ɔbabea pa.

So woadwen daakye ho pɛn? Bible nkɔmhyɛ ahorow kyerɛ yɛn bere ko a yɛwom. Ɛnyɛ nnɛ wiase tebea ho asɛm nko na nkɔmhyɛ ahorow yi ka, na mmom ɛkyerɛ nso sɛ ɛrenkyɛ Onyankopɔn bɛma asase adan paradise.—Adiyisɛm 21:3, 4.

Mmoa a Ɛbɛma Woate Bible no Ase

Ebia woabɔ mmɔden sɛ wobɛkenkan Bible no nanso wuhui sɛ ɛyɛ den sɛ wobɛte ase. Ebia wunnim Bible no baabi a ɛsɛ sɛ wohwɛ na wunya wo nsɛmmisa ho mmuae. Sɛ saa a, ɛnyɛ wo nko. Yɛn nyinaa hia mmoa na yɛate Onyankopɔn Asɛm ase. Yehowa Adansefo a wɔwɔ nsase bɛyɛ 235 so no kyerɛkyerɛ nnipa ɔpepem pii Bible no a wontua hwee. Wɔn ani begye ho sɛ wɔbɛboa wo nso.

Ɛtaa yɛ papa sɛ wubesua Bible no nkakrankakra, bere a wode mfitiase nkyerɛkyerɛ fi ase no. (Hebrifo 6:1) Bere a wokɔ so yɛ saa no, wubetumi adi “aduan a ɛyɛ den”—kyerɛ sɛ, wobɛte nokware a emu dɔ ase. (Hebrifo 5:14) Nea Bible ka no na ɛsɛ sɛ yegye tom. Nhoma a egyina Bible so te sɛ Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ? no bɛboa wo ma woate nea Kyerɛwnsɛm no ka fa nsɛm horow ho no ase.

So Wopɛ sɛ Wode Bere Bi Sua Bible no Dapɛn Biara na Ama Woate Ase?

Wobetumi ne wo ayɛ Bible adesua wɔ bere ne beae a eye ma wo. Nnipa pii sua ade wɔ wɔn ankasa fie. Wɔne ebinom sua ade mpo wɔ telefon so. Adesua no nyɛ nkyerɛkyerɛ a wɔde ma nnipa pii a wɔka wɔn bom na mmom ɛyɛ nhyehyɛe a ɛne w’ankasa nsɛm tebea ne sɛnea wo nimdeɛ ne wo nhomasua te hyia. Wɔnyɛ sɔhwɛ biara, na wɔmma w’ani nwu. Wobebua wo Bible ho nsɛmmisa biara, na wubesua sɛnea wobɛbɛn Onyankopɔn kɛse.

Ɛho nhia sɛ wutua saa Bible adesua no ho ka. (Mateo 10:8) Wɔne ɔsom ahorow nyinaa mu nnipa ne wɔn a wonni ɔsom biara mu nanso wɔn ani gye ho ankasa sɛ wɔbɛma Onyankopɔn Asɛm ho nimdeɛ a wɔwɔ no akɔ anim no sua Bible no a wontua hwee.

Henanom na wobetumi anya nkɔmmɔbɔ no mu kyɛfa? W’abusua mũ no nyinaa. Wo nnamfo biara a wopaw sɛ wobɛto nsa afrɛ wɔn nso betumi anya mu kyɛfa. Anaa sɛ wopɛ a, wobetumi ne wo nkutoo abɔ nkɔmmɔ no.

Nnipa pii yi dɔnhwerew biako si hɔ dapɛn biara de sua Bible no. Sɛ wutumi yi bere pii anaasɛ bere kakraa bi si hɔ dapɛn biara a, Adansefo no betu wɔn ho asi hɔ aboa wo.

Yɛhyɛ Wo Nkuran Sɛ Sua Ade

Yɛhyɛ wo nkuran sɛ kohu Yehowa Adansefo. Ɔkwan biako a wubetumi afa so ayɛ saa ne sɛ wode ase hɔ address no bɛkyerɛw wɔn. Afei wɔbɛyɛ nhyehyɛe ma obi ne wo abɛyɛ ofie Bible adesua a wuntua hwee.

□ Momfa Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ? nhomawa no bi mmena me.

□ Mesrɛ sɛ mo ne me mmɛyɛ ofie Bible adesua a wontua hwee wɔ ho.

Bible mu nsɛm a ɛwɔ kratawa yi mu fi Twi Bible Foforo no mu, gye sɛ wɔakyerɛ sɛ efi baabi foforo.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena