W’ani agye adesua no ho anaa?
Wunyae a anka wubesua pii afi Bible no mu?
Yɛwɔ nhoma bi a yɛato din Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ. Adesua a ɛwɔ saa nhoma no mu no, emu kakraa bi pɛ na yɛne wo asusuw ho wɔ nhoma yi mu no.
Yentwaa bo biara ntoo nhoma no so, na yɛne wo sua nso a, yɛrennye wo hwee. Yɛn ani begye ho sɛ yɛne wo besua ade wɔ bere ne beae a eye ma wo.
Bible adesua a yɛne wo bɛyɛ no, wubesua nneɛma pii. Ebi ne:
Nea enti a yɛwɔ wiase
Sɛnea yebenya asomdwoe ankasa
Sɛnea mmusua betumi anya anigye
Nea Bible ahyɛ bɔ sɛ ebesi daakye
Sɛ wopɛ sɛ wo nsa ka nhoma no bi na wotoa Bible adesua no so a, yɛsrɛ wo bisa Yehowa Danseni biara a wubehu no, anaa fa w’abisade no fa jw.org so, na obi bɛba ne wo abesua Bible.