Bible No Adwene
So Awufo Betumi Aboa Ateasefo?
NNIPA fi tete agye adi sɛ awufo betumi aboa ateasefo. Wohu tete asɛm bi a ɛkyerɛkyerɛ saa gyidi yi mu wɔ anansesɛm bi a Hela anwensɛm kyerɛwfo Homer kyerɛw faa Odysseus, a wɔsan frɛ no Ulysses ho no mu. Homer kaa ɔkatakyi a wagye din yi ho asɛm sɛ, esiane sɛ na ɔpɛ sɛ ohu ɔkwan a obetumi afa so asan aba ne fie a ɛyɛ supɔw Ithaca so nti, ɔkɔɔ abisa wɔ osumanni bi a na wawu nkyɛn wɔ asamando.
Esiane gyidi a nnipa pii wɔ sɛ wobenya nsɛmmisa a ɛkyere adwene ho mmuae nti, wɔkɔ abisa, wɔda wɔn nananom a wɔawuwu adamoa mu, anaa wɔde wɔn ho hyɛ amane ahorow a ɛnsɔ Onyankopɔn ani mu. So awufo wɔ tumi a ɛboro nnipa de so a wobetumi de aboa ateasefo?
Nneyɛe a Abu So
Ɔsom atitiriw a ɛwɔ wiase no mu pii kyerɛkyerɛ sɛ ateasefo betumi ne awufo akasa. Encyclopedia of Religion ka sɛ “samanfrɛ, adeyɛ a wɔnam so de frɛ awufo akra na wɔne wɔn kasa no, yɛ abosonkɔm.” Afei ɛde ka ho sɛ, adeyɛ yi “abu so.” New Catholic Encyclopedia foa asɛm yi so bere a ɛka sɛ “samanfrɛ, adeyɛ a ɛwɔ afã pii no atrɛw wɔ wiase nyinaa.” Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ nnipa binom a wɔwɔ ɔsom ahorow mu abɔ mmɔden sɛ wɔbɛte nsɛm bi afi ahonhom atenae!
New Catholic Encyclopedia no ka sɛ: Ɛwom sɛ “Asɔre no baraa nkitaho a nkurɔfo ne awufo di no denneennen de, nanso wɔ Yesu asomafo no wu akyi ne Ɔsesɛw bere no mu no, na wɔtaa twe adwene kɔ saa nneyɛe no so.” Dɛn na Bible ka fa nsɛm a ɛtete saa ho?
So Ɛsɛ sɛ Wokɔ Abisa?
Tete no, Yehowa Nyankopɔn de ahyɛde maa ne nkurɔfo sɛ: ‘Ɛnsɛ sɛ wohu obi a ɔyɛ samanfrɛfo wɔ mo mu.’ (Deuteronomium 18:9-13) Dɛn nti na Yehowa baraa adeyɛ a ɛte saa? Sɛ ateasefo ne awufo betumi adi nkitaho a, ɛnde so anka ɛrenkyerɛ ɔdɔ sɛ Onyankopɔn bɛma nkitahodi a ɛte saa no ho kwan anaa? Nanso nokwasɛm ne sɛ, nkitahodi a ɛte saa rentumi nyɛ yiye. Yɛyɛ dɛn hu saa?
Kyerɛwnsɛm no ka no bere nyinaa sɛ awufo nnim biribiara. Susuw Ɔsɛnkafo 9:5 ho hwɛ: “Ateasefo nim sɛ wobewuwu; awufo de, wonnim biribiara.” Dwom 146:3, 4, ka sɛ: “Mommfa mo ho nnto adehye anaa onipa ba a nkwagye biara nni ne mu so. Ne honhom fi kɔ, na ɔsan kɔ ne dɔte mu; da no ara, ne nsusuwii yera.” Na odiyifo Yesaia nso kaa wɔn a wɔawuwu no ho asɛm sɛ “wɔyɛ awufo.”—Yesaia 26:14.
Nanso nnipa pii gye di sɛ wɔnam ahonhonsɛmdi so atumi ne wɔn adɔfo a wɔawuwu akasa. Nsɛm a ɛte saa abu so, enti ɛda adi sɛ nnipa pii ne obi a ofi ahonhom atenae akasa. Nanso sɛnea kyerɛw nsɛm a ɛwɔ atifi hɔ no kyerɛ no, ɛnyɛ awufo na wɔne wɔn kasae. Ɛnde, wɔne henanom na ɛkasae?
Wɔne Henanom na Ɛkasa?
Bible da no adi sɛ Onyankopɔn mma a wɔyɛ ahonhom tew atua tiaa wɔn Bɔfo no na wɔbɛyɛɛ adaemone. (Genesis 6:1-5; Yuda 6, 7) Wɔtrɛw atosɛm a ɛne sɛ nnipa kɔ so tena ase wɔ owu akyi no mu. Nea ɛbɛma wɔatrɛw atosɛm yi mu no, wɔyɛ wɔn ho sɛ nnipa a wɔawuwu no, na wofi ahonhom atenae hɔ ne ateasefo kasa.
Bible ka sɛ bere a Yehowa poo Israel Hene Saul esiane asoɔden a ɔyɛe nti no, Saul kɔɔ samanfrɛfo bi hɔ na ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔne odiyifo Samuel a wawu no bɛkasa. Saul tee sɛ honhom bi ne no rekasa de, nanso na kasa no mfi Samuel hɔ. Nokwarem no, Samuel te ase no na ɔmpɛ ɔhene no anim ahwɛ, na na Samuel kyi asumanfo. Nokwasɛm ne sɛ, adaemone a ɔboapa yɛɛ ne ho sɛ Samuel no na ɔne Saul kasae.—1 Samuel 28:3-20.
Adaemone no yɛ Onyankopɔn atamfo, enti asiane wom sɛ obi ne wɔn bedi nkitaho. Esiane eyi nti, Kyerɛwnsɛm no ka sɛ: “Monnkɔ adebisafo anaa asumanfo nkyɛn mmfa wɔn nngu mo ho fĩ.” (Leviticus 19:31) Deuteronomium 18:11, 12 bɔ kɔkɔ sɛ: ‘Yehowa kyi obi a ɔkɔ samanfrɛfo hɔ.’ Nokwasɛm ne sɛ, nneɛma a ɛmaa Yehowa kum Saul no mu biako ne sɛ ‘ɔkɔɔ abisa wɔ ɔdebisafo hɔ.’—1 Beresosɛm 10:13, 14.
Ɛnde, sɛ wuhia akwankyerɛ a ɛkorɔn sen onipa de, nsɛmmisa bi kyere w’adwene anaa ɛsɛ sɛ wusisi gyinae ahorow bi a, hena nkyɛn na ɛsɛ sɛ wodan kɔ? Kyerɛwnsɛm no ka Yehowa Nyankopɔn ho asɛm sɛ “Kyerɛkyerɛfo Kunini.” Sɛ wo ne w’adɔfo hwehwɛ n’Asɛm, Bible no mu, na mode nea ɛkyerɛkyerɛ no di dwuma a, ɛbɛyɛ te sɛ nea ‘mo aso retie asɛm bi wɔ mo akyi sɛ: Ɔkwan no ni. Momfa so.’ (Yesaia 30:20, 21) Ɛwom sɛ nnɛ, Kristofo nhwɛ kwan sɛ wɔbɛte nokware Nyankopɔn nne ankasa de, nanso obetumi afa Bible no so ama wɔn akwankyerɛ. Yiw, sɛnkyerɛnne kwan so no, Yehowa ankasa reka sɛ: ‘Ma menkyerɛ wo kwan.’—g12-E 06.
SO WOADWEN HO?
● Onyankopɔn bu mmɔden a nkurɔfo bɔ sɛ wɔne awufo bedi nkitaho no dɛn?—Deuteronomium 18:9-13.
● So awufo betumi ama ateasefo nimdeɛ? Dɛn nti na wubua saa?—Ɔsɛnkafo 9:5.
● Sɛ yɛpɛ akwankyerɛ a, hena nkyɛn na ɛsɛ sɛ yɛkɔ?—Yesaia 30:20, 21.