Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w94 10/15 kr. 4-7
  • Awufo Tebea Te Dɛn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Awufo Tebea Te Dɛn?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔammɔ Owu Amma Adesamma
  • Bɔhyɛ Bɛn?
  • Nsɛm a Efi Ahonhom Atrae
  • Yehowa, Nokware ne Ɔdɔ Nyankopɔn
  • Dɛn Na Ɛba Yɛn Adɔfo A Wɔawuwu No So?
    Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu
  • Owu Akyi Asetra—Ɔkwan Bɛn So, Ɛhe, Bere Bɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • So Wowɔ Honhom a Enwu Da?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Anidaso Bɛn na Ɛwɔ Hɔ ma Awufo?
    Asɛmpa A Efi Onyankopɔn Hɔ!
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
w94 10/15 kr. 4-7

Awufo Tebea Te Dɛn?

AWUFO suro gyina adwene bi so—sɛ owufo wɔ ɔkra anaa honhom bi a ɛkɔ so tra ase wɔ owu akyi. Sɛ Bible no kyerɛkyerɛ pefee sɛ saa adwene yi yɛ atoro a, ɛnde na asɛm a ɛne sɛ ebia awufo betumi apira wo anaa wontumi no yɛ nea wɔawie ho asɛm ka koraa. Enti, dɛn na Bible no ka?

Ɛdefa tebea a awufo wom ho no, Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: “Na ateasefo nim sɛ wobewuwu, na awufo de, wonnim biribiara, na wonni akatua bi bio, na werɛ afi wɔn nkae. Wɔn dɔ oo, wɔn tan oo, wɔn ninkuntwe oo, ayera dabidabi dedaw, na wonni nea wɔyɛ owia ase nyinaa mu kyɛfa bi bio da.”—Ɔsɛnkafo 9:5, 6.

Esiane ɛno nti, so awufo betumi aboa wo anaasɛ wɔapira wo? Kyerɛwnsɛm no ka sɛ, wontumi. Awufo nnim biribiara na wɔwɔ kommyɛ mu. Wontumi ne ateasefo nni nkitaho anaa wɔnna nkate biara adi—ɔdɔ anaa ɔtan—anaasɛ wontumi nyɛ biribiara. Enhia sɛ wusuro wɔn.

Ebia ebinom bɛka sɛ, ‘Yiw, ebia ɛno bɛyɛ nokware bere a woreka nipadua no wu ho asɛm no. Nanso ɛnyɛ nkwa awiei ne nipadua no a ewu no; ɛma honhom no nya kwan fi nipadua no mu ara kwa. Saa honhom no betumi aboa ateasefo anaasɛ apira wɔn.’ Nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ wiase nyinaa te nka saa.

Sɛ nhwɛso no, wɔ Madagascar no, wobu asetra sɛ ɔkwan a wɔnam so kɔ baabi foforo ara kwa, ma enti wobu ayiyɛ ne afunu a wotu sɛ ade a ɛho hia sen ayeforohyia. Wosusuw sɛ onipa no fi ne nananom nkyɛn na ɔbae na ɔsan kɔ wɔn nkyɛn bere a owu no. Enti, wɔde nnua, dɔte ne wura, nneɛma a ɛnkyɛ na asɛe na esisi ateasefo afie, bere a ada, awufo “afie” no yɛ papa na etumi kyɛ sen saa. Bere a wotu afunu no, abusuafo ne nnamfo te nka sɛ wobenya nhyira, na mmea wɔ gyidi sɛ sɛ wɔde wɔn nsa ka obusuani bi a wawu nnompe a, wɔbɛwo. Nanso, dɛn na Onyankopɔn Asɛm no ka wɔ eyi nso ho?

Wɔammɔ Owu Amma Adesamma

Ɛyɛ anigye sɛ wubehu sɛ Yehowa Nyankopɔn bɔɔ onipa sɛ ɔntra ase, na ɔkaa owu ho asɛm sɛ asoɔden nkutoo ho asotwe. (Genesis 2:17) Awerɛhosɛm ne sɛ, ɔbarima ne ɔbea a wodi kan no yɛɛ bɔne maa bɔne trɛw kaa adesamma nyinaa te sɛ apɛgyade bi a edi awu. (Romafo 5:12) Enti wubetumi aka sɛ efi bere a nnipa baanu a wodi kan no yɛɛ asoɔden no, owu abɛyɛ asetra fã, yiw, asetra mu ade a ɛyɛ awerɛhow. Wɔbɔɔ yɛn sɛ yɛntra ase, na eyi ma yɛte nea enti a ɛyɛ den ma nnipa ɔpepem pii sɛ wobegye atom sɛ owu ne nkwa awiei no ase kakra.

Sɛnea Bible kyerɛwtohɔ kyerɛ no, Satan nam Onyankopɔn kɔkɔbɔ a ɛne sɛ asoɔdenyɛ de owu bɛba a ɔdanee no no so bɔɔ mmɔden daadaa nnipa baanu a wodi kan no wɔ owu ho nsɛm ho. (Genesis 3:4) Nanso, bere kɔɔ so no, abɛda adi pefee sɛ nnipa wu sɛnea Onyankopɔn kae no ara pɛ. Enti, eyi ama Satan asan de atosɛm foforo aba wɔ mfehaha a atwam no mu—sɛ bere a onipa wu no, honhom bi fi nipadua no mu tra ase. Nnaadaasɛm a ɛte saa fata Satan Ɔbonsam a Yesu kaa ne ho asɛm sɛ ɔyɛ “atoro agya” no. (Yohane 8:44) Nea ɛne eyi bɔ abira no, owu ano aduru a Onyankopɔn de ma no yɛ bɔhyɛ bi a ɛyɛ anigye.

Bɔhyɛ Bɛn?

Ɛyɛ nnipa pii wusɔre ho bɔhyɛ. Hela asɛmfua a wɔkyerɛ ase “owusɔre” no ne a·naʹsta·sis. Nea ɛkyerɛ ankasa ne sɛ́ obi “sɔre gyina hɔ bio,” na ɛkyerɛ sɛ wonyan obi fi owu mu. Yiw, onipa da wɔ owu mu, nanso Onyankopɔn nam ne tumi so betumi ama no asɔre bio. Onipa hwere nkwa, nanso Onyankopɔn tumi ma no nkwa bio. Yesu Kristo, Onyankopɔn Ba no, kae sɛ “dɔn no reba a wɔn a wɔwɔ ada mu nyinaa bɛte ne nne, na wɔafi adi.” (Yohane 5:28, 29) Ɔsomafo Paulo daa “Onyankopɔn ho anidaso” a ɔwɔ no adi sɛ “owusɔre a wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre no bɛba.” (Asomafo no Nnwuma 24:15) Hiob, Onyankopɔn somfo nokwafo a ɔtraa ase ansa na Kristofo mmere reba no nso daa owusɔre ho anidaso a ɔwɔ no adi sɛ: “Sɛ onipa wu a, so ɔbɛtra ase bio? Anka m’akõdi nna nyinaa mɛtwɛn akosi sɛ me sakra bɛba. Anka [Onyankopɔn,] wobɛfrɛ, na me nso magye wo so.”—Hiob 14:14, 15.

So owusɔre ho bɔhyɛ a emu da hɔ no mma adwene a ɛne sɛ awufo te ase wɔ honhom tebea bi mu no nyɛ atoro? Sɛ awufo te ase na wɔrenya ɔsoro asetra anaa ahonhom wiase bi mu anigye a, ɛnde anka atirimpɔw bɛn ho dwuma na owusɔre no bedi? So anka wonnyaa wɔn akatua anaa wɔn hyɛbea dedaw? Onyankopɔn Asɛm no a wosua da no adi sɛ awufo no awuwu ankasa, wonnim biribiara, wɔadeda de bɛkɔ akosi ɔsɔre kɛse no a ɛnam owusɔre so bɛba wɔ wiase foforo—paradise bi—a Yehowa, yɛn Agya a ɔwɔ dɔ de ahyɛ yɛn bɔ no mu. Nanso sɛ owu nkyerɛ nipadua ne honhom a emu tetew, na sɛ honhom no nkɔ so ntra ase a, ɛnde na nsɛm a ɛte sɛ nea efi ahonhom wiase no nso ɛ?

Nsɛm a Efi Ahonhom Atrae

Wɔabɔ amanneɛ pii sɛ wɔanya nsɛm bi a wɔkyerɛ sɛ efi ahonhom atrae. Efi he ankasa? Bible no bɔ yɛn kɔkɔ sɛ “Satan ankasa po dan ne ho sɛ hann bɔfo. Enti sɛ n’asomfo nso dan wɔn ho yɛ sɛ trenee asomfo a, ɛnyɛ ade kɛse bi.” (2 Korintofo 11:14, 15) Yiw, nea ɛbɛyɛ na adaemone (abɔfo atuatewfo) no adaadaa nnipa ma wɔafom kwan wɔ ɔkwan a ɛyɛ mmerɛw so no, wɔne ateasefo adi nkitaho, ma ɛtɔ da bi a wɔyɛ wɔn ho te sɛ nea wɔpɛ sɛ wɔboa wɔn.

Ɔsomafo Paulo de saa nnaadaasɛm yi ho kɔkɔbɔ foforo ma sɛ: “Ebinom bɛfam nnaadaa ahonhom ne ahonhommɔne kyerɛkyerɛ ho atwe wɔn ho afi gyidi no ho.” (1 Timoteo 4:1) Enti nsɛm biara a wɔkyerɛ sɛ efi awufo hɔ no bɛyɛ nea efi adaemone a wɔadan wɔn ho te sɛ “trenee asomfo” a wɔhyɛ nyamesom mu atosɛm a ɛma nnipa yɛ nkoa ma gyidihunu a ɛtwe wɔn fi Onyankopɔn Asɛm a ɛyɛ nokware no ho ho nkuran no hɔ.

Bere a Dwom 146:3, 4 resi so dua sɛ awufo ntumi nkasa, nyɛ biribiara, anaasɛ wɔnte nka biara no, ɛka sɛ: “Mommfa mo ho nnto ahene anaa onipa ba a nkwagye bi nni ne mu so. Ne honhom fi kɔ, ɔsan kɔ ne dɔte mu, da no ara ne tirim a ɔbobɔe yera.” Honhom bɛn na ‘efi kɔ’ no? Ɛyɛ onipa no nkwa tumi a home ma ɛkɔ so tra hɔ no. Enti, bere a onipa a wawu no gyae home no, ne nkatede no gyae adwuma yɛ. Ɔkɔ tebea bi mu a onnim biribiara. Enti ontumi nnya ateasefo so tumi.

Ɛno nti na Bible no de onipa wu toto aboa de ho, na ɛka sɛ wɔn nyinaa kɔ tebea bi a wonnim biribiara mu wɔ owu mu na wɔsan kɔ dɔte a ɛno na wɔde yɛɛ wɔn mu no. Ɔsɛnkafo 3:19, 20 ka sɛ: “Nnipa mma hyɛbea ne mmoa hyɛbea sɛ, na hyɛbea koro da hɔ ma wɔn: sɛ oyi wu te no, sɛ oyi wu te ne no, na honhom biako na wɔn nyinaa wɔ, na ɔkyɛn a onipa bɛkyɛn aboa nni hɔ; na ade nyinaa yɛ ahuhude. Ade nyinaa kɔ faako, ade nyinaa fi dɔte mu, na ade nyinaa san kɔ dɔte mu.”

Bere a Yehowa Nyankopɔn nim sɛ adaemone bɔ mmɔden sɛ wɔbɛdaadaa nnipa ma wɔasusuw sɛ wobetumi ne awufo adi nkitaho ma wɔanya wɔn so tumi no, ɔbɔɔ ne nkurɔfo tete Israelfo no kɔkɔ sɛ: “Mma wonnhu wo mu . . . ɔkɔmfo a ɔhyɛ abosonkɔm, ɔbayifo ne ɔdebisafo ne ntafoayifo, ne kaberɛkyerefo ne samanfrɛfo ne osumanni ne nea obisa afunu, efisɛ [Yehowa] akyide ne wɔn a wɔyɛ eyinom nyinaa.”—Deuteronomium 18:10-12.

Ɛda adi pefee sɛ, adwene a ɛne sɛ awufo betumi apira yɛn no mfi Onyankopɔn hɔ. Ɔyɛ nokware Nyankopɔn. (Dwom 31:5; Yohane 17:17) Na ɔwɔ daakye bi a ɛyɛ anigye ma nokware adɔfo a wɔsom no “honhom ne nokware mu” no.—Yohane 4:23, 24.

Yehowa, Nokware ne Ɔdɔ Nyankopɔn

Yɛn soro Agya a ɔwɔ dɔ a ‘ontumi nni atoro’ no aka sɛ: Wobenyan nnipa ɔpepem pii a wɔawuwu na wɔwɔ ada mu no ma wɔanya daa nkwa wɔ wiase foforo a trenee wom ho anidaso! (Tito 1:1, 2; Yohane 5:28) Owusɔre ho bɔhyɛ a ɔdɔ wom yi da no adi sɛ Yehowa abɔde a wɔyɛ nnipa no yiyedi ho hia no kɛse na ɔwɔ ɔpɛ a emu yɛ den sɛ obeyi owu, awerɛhow, ne ɛyaw afi hɔ. Enti ɛho nhia sɛ yesuro awufo anaasɛ yɛma wɔn ne anidaso a ɛwɔ hɔ ma wɔn no ho asɛm haw yɛn wɔ ɔkwan a ɛmfata so. (Yesaia 25:8, 9; Adiyisɛm 21:3, 4) Yehowa, yɛn Nyankopɔn a ɔyɛ ɔdɔ ne ɔnokwafo no betumi anyan wɔn, na ɔbɛyɛ saa de ayi ɛyaw a owu de ba no afi hɔ.

Sɛnea tebea no bɛyɛ wɔ saa wiase foforo a trenee wom a wɔahyɛ ho bɔ no mu ho nsɛm pii wɔ Onyankopɔn Asɛm Bible no mu. (Dwom 37:29; 2 Petro 3:13) Ɛbɛyɛ bere a yɛne yɛn mfɛfo nnipa nyinaa bɛtra asomdwoe ne anigye mu na yɛanya ɔdɔ ama yɛn ho yɛn ho. (Dwom 72:7; Yesaia 9:7; 11:6-9; Mika 4:3, 4) Obiara benya ahobammɔ, afie a ɛyɛ fɛ, ne adwuma a anigye wom. (Yesaia 65:21-23) Nnipa nyinaa benya nnuan pa pii adi. (Dwom 67:6; 72:16) Nnipa nyinaa benya akwahosan pa. (Yesaia 33:24; 35:5, 6) Bere a asomafo no ne nnipa kakraa bi ne Yesu bedi hene wɔ soro no, Bible no nka ɔsoro tebea ahorow a nhyira wom a nnipa afoforo akra benya wɔ owu akyi ho asɛm biara. (Adiyisɛm 5:9, 10; 20:6) Sɛ nnipa ɔpepepem pii a wɔawuwu no kɔ so tra ase wɔ owu akyi a, anka eyi bɛyɛ nea ntease nnim.

Nanso eyi nyɛ nea ntease nnim bere a yenim Bible nkyerɛkyerɛ a emu da hɔ pefee no: Awufo nyɛ akra ateasefo bio. Wontumi mpira wo. Wɔn a wɔwɔ nkae ada mu no adeda, wonnim biribiara de bɛkɔ akosi sɛ wobenyan wɔn wɔ Onyankopɔn bere a ɛsɛ mu. (Ɔsɛnkafo 9:10; Yohane 11:11-14, 38-44) Enti, yɛn anidaso ne yɛn akwanhwɛ nyinaa gyina Onyankopɔn so. “Momma yenni ahurusi, na yɛn ani nnye ne nkwagye no mu.”—Yesaia 25:9.

[Kratafa 7 mfonini]

Sɛnea Onyankopɔn Asɛm da no adi pefee no, awufo no ntumi nyɛ biribiara de kosi owusɔre no mu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena