Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • fg adesua 6 nsɛmmisa 1-5
  • Anidaso Bɛn na Ɛwɔ Hɔ ma Awufo?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Anidaso Bɛn na Ɛwɔ Hɔ ma Awufo?
  • Asɛmpa A Efi Onyankopɔn Hɔ!
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Anidaso Bi Wɔ Hɔ Ma Awufo Anaa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • Dɛn Na Ɛba Yɛn Adɔfo A Wɔawuwu No So?
    Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu
  • Sɛ Yewu a Dɛn na Ɛbɛba Yɛn So?
    Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
  • Dɛn Na Ɛba Wɔ Owu Mu?
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
Hwɛ Pii Ka Ho
Asɛmpa A Efi Onyankopɔn Hɔ!
fg adesua 6 nsɛmmisa 1-5

ADESUA 6

Anidaso Bɛn na Ɛwɔ Hɔ ma Awufo?

1. Asɛm a ɛfa awufo ho a ɛyɛ anigye bɛn na ɛwɔ hɔ?

Lasaro a wɔanyan no a ne nuabeanom Marta ne Maria reyɛ no atuu

Bere a Yesu duu Betania a ɛbɛn Yerusalem no, na n’adamfo Lasaro awu ma adi nnanan. Yesu ne Marta ne Maria a wɔyɛ Lasaro a na wawu no nuabeanom kɔɔ baabi a na wɔasie no no. Ankyɛ na nnipadɔm betwaa hɔ hyiae. So wubetumi de w’adwene abu sɛnea Marta ne Maria ani gyei bere a Yesu nyanee Lasaro baa nkwa mu bio no?​—Kenkan Yohane 11:21-24, 38-44.

Ná Marta nim asɛm a ɛfa awufo ho a ɛyɛ anigye no dedaw. Ná onim sɛ Yehowa benyan awufo ma wɔasan abɛtena asase so bio.​—Kenkan Hiob 14:14, 15.

2. Tebea bɛn na awufo wom?

Bere a wɔbɔɔ Adam, ne bere a akyiri yi owui

Onyankopɔn ka kyerɛɛ Adam sɛ: “Woyɛ dɔte na dɔte mu na wobɛsan akɔ.”​—GENESIS 3:19.

Wɔde dɔte na ɛnwenee nnipa. (Genesis 2:7; 3:19) Yɛnyɛ ahonhom a yɛte ase wɔ nipaduam. Yɛyɛ abɔde a yɛwɔ honam nipadua, enti sɛ yewu a yɛn nipadua no fã biara nkɔ so ntena ase. Sɛ yewu a, yɛn amemene nso wu, na yɛn nsusuwii yera. Enti bere a wonyan Lasaro fii awufo mu no, wanka sɛ ohuu biribi bere a na wawu no efisɛ awufo nnim biribiara.​—Kenkan Dwom 146:4; Ɔsɛnkafo 9:5, 6, 10.

Sɛ nnipa wu a, so Onyankopɔn yɛ wɔn ayayade wɔ ogya mu? Esiane sɛ Bible ka sɛ awufo nnim biribiara nti, ɛda adi pefee sɛ hellgya yɛ atoro nkyerɛkyerɛ a ɛma nkurɔfo kasa tia Onyankopɔn. Onyankopɔn ani nnye adwene a nkurɔfo kura a ɛne sɛ wɔyɛ nnipa ayayade wɔ ogya mu no ho koraa.​—Kenkan Yeremia 7:31.

Hwɛ video a yɛato din Tebea Bɛn Na Awufo Wom?

3. So awufo betumi ne yɛn akasa?

Awufo ntumi nkasa, na saa ara nso na wontumi nte asɛm. (Dwom 115:17) Nanso abɔfo no bi yɛ abɔfo bɔne, na wobetumi ayɛ wɔn ho te sɛ nnipa a wɔawu na wɔne nkurɔfo akasa. (2 Petro 2:4) Yehowa mpɛ sɛ yebisa nsɛm fi awufo hɔ.​—Kenkan Deuteronomium 18:10, 11.

4. Henanom na wobenyan wɔn aba nkwa mu?

Ɔbarima bi a wɔanyan no aba nkwa mu wɔ Paradise a ɔresua Onyankopɔn ho ade. Ɛno akyi no, ɔbarima no boa ma wɔkyerɛkyerɛ afoforo nso a wɔanyan wɔn.

Wobenyan nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ adamoa mu no aba nkwa mu bio wɔ asase so. Wobenyan nnipa binom mpo a wɔyɛɛ nneɛma bɔne esiane sɛ na wonnim Onyankopɔn nti no aba nkwa mu.​—Kenkan Luka 23:43; Asomafo Nnwuma 24:15.

Wɔn a wobenyan wɔn no betumi asua Onyankopɔn ho nokwasɛm, na wɔayɛ osetie ama Yesu de akyerɛ sɛ wogye no di. (Adiyisɛm 20:11-13) Nnipa a wobenyan wɔn aba nkwa mu bio a wɔbɛyɛ nneɛma pa no benya hokwan atena ase daa wɔ asase so.​—Kenkan Yohane 5:28, 29.

5. Dɛn na owusɔre ma yehu fa Yehowa ho?

Onyankopɔn somaa ne Ba no ma obewu maa yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a awufo benya anidaso. Enti owusɔre no ma yehu Yehowa dɔ ne n’adom. Sɛ wonyan awufo a, hena paa na w’ani begye ho sɛ wubehyia no?​—Kenkan Yohane 3:16; Romafo 6:23.

Sɛ wopɛ eyi ho nsɛm pii a, hwɛ Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu? nhoma no ti 6, 7, ne 10.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena