Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g 4/14 kr. 7
  • 1 Bere Dane

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • 1 Bere Dane
  • Nyan!—2014
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • 4 | Anidaso a Wowɔ No, Bɔ Ho Ban
    Nyan!—2022
  • Sɛ Minya Adwene Sɛ Minkum Me Ho a, Bible Betumi Aboa Me Anaa?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Sɛ Nneɛma Sesa a, Dɛn na Wobɛyɛ?
    Nyan!—2016
  • Sɛnea Yebegyina Abasamtu Ano
    Nyan!—2000
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2014
g 4/14 kr. 7

ASƐM A ƐDA SO | EHIA WO A NWU

1 Bere Dane

“Akwan nyinaa mu, wɔaka yɛn ahyɛ, nanso ɛnyɛ sɛ yennya yɛn ho atwaye koraa; yɛn ani atan, nanso ɛnyɛ sɛ yennya yɛn ho ntetew koraa.”—2 KORINTOFO 4:8.

Ebinom wɔ hɔ a, sɛ asɛm ketewaa bi si a, na wɔde wɔn nkwa atwa so ma asɛm de n’asɛm kɔ. Ɔhaw bi betumi abunkam wo so ma woanya adwene sɛ anidaso nyinaa asa. Nanso ebia a ɛrenkyɛ. Nokwasɛm ne sɛ tebea no betumi asesa bere a w’ani nna.—Hwɛ adaka “Wɔn Tebea Sesae.”

Sɛ amma saa mpo a, hwɛ na wo haw no amene wo. Fa no mmaako mmaako. Yesu kae sɛ: “Munnnwinnwen ɔkyena ho, na ɔkyena ankasa benya ne dadwen. Da biara mu bɔne ankasa dɔɔso ma da no.”—Mateo 6:34.

Ɔhaw bi wɔ hɔ a woyɛ ho hwee a ɛrenyɛ yiye. Yɛmfa no sɛ yareɛ koankorɔ bi reteetee wo anaa w’aware agu anaasɛ wo dɔfo bi awu agya wo. Wobɛyɛ no dɛn?

Sɛ saa na ɛte mpo a, biribi wɔ hɔ a wubetumi ayɛ: wubetumi asesa w’adwene wɔ nea asi no ho. Sɛ wugye tom sɛ wuntumi nyɛ ho hwee a, ɛbɛma woanya ho adwempa. (Mmebusɛm 15:15) Afei nso ɛbɛma woahu nea wobɛyɛ agyina ano sen sɛ wobɛfa kwatikwan so atwa wo nkwa so. Woyɛ saa a, nea ɛbɛba ne sɛ, ɔhaw a ɛdɛn wo so a ama w’anidaso nyinaa asa no, wubetumi agyina ano.—Hiob 2:10.

KAE SAA ASƐM YI: Wufiti prɛko pɛ tu wo sẽ a, mogya na ɛba. Enti sɛ ɔhaw bi si w’anim sɛ bepɔ koraa a, wuntumi mfiti prɛko pɛ ntu ase; ehia sɛ woyɛ no nkakrankakra.

NEA WUBETUMI AYƐ ƐNNƐ: Wo ne obi mmɔ wo haw no ho nkɔmmɔ; w’adamfo anaa wo busuani. Obetumi aboa wo ma woanya ɔhaw no ho adwempa.—Mmebusɛm 11:14.

WƆN TEBEA SESAE

Hwɛ Onyankopɔn asomfoɔ nnan a amanehunu menee wɔn; ná wɔpɛ sɛ wowu firi wiase.

  • Rebeka: “Sɛ saa na ɛbɛkɔ so a, ɛnde na mete nkwa mu reyɛ dɛn?”—Genesis 25:22.

  • Mose: “Mesrɛ wo . . . kum me prɛko ma ɛnsa na m’ani anhu m’ahoyeraw.”—Numeri 11:15.

  • Elia: “Gye me kra fi me nsam, na minye mensen m’agyanom.”—1 Ahene 19:4.

  • Hiob: “Dɛn nti na manwu ɔyafunu mu?”—Hiob 3:11.

Sɛ wokenkan saa nkurɔfo yi ho asɛm wɔ Bible mu a, wubehu sɛ akyiri yi, nneɛma sesa yɛɛ yiye; ná wɔnna nnwenee ho saa. Wo nso wo bere bɛba. (Ɔsɛnkafo 11:6) Ɛmpa aba!

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena