Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g 4/14 kr. 16
  • Afofantɔ Ntaban

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Afofantɔ Ntaban
  • Nyan!—2014
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Afofantɔ Ntaban​—Ɛtwe Awia
    Nyan!—2014
  • Sɛnea Afofantɔ Fitaa Bi a Ne Din De Cabbage White Bue Ne Ntaban Mu
    Wɔbɔe Anaa?
  • Me Bible Adesua
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Adesua 1
    Me Bible Adesua
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2014
g 4/14 kr. 16
Giant Blue Morpho butterfly

SO WƆBƆE?

Afofantɔ Ntaban

AFOFANTƆ ntaban nni ahoɔden koraa, enti sɛ mfuturo anaa nsuo ketewaa bi ka a, ɔrentumi ntu. Nanso daa afofantɔ ntaban so awo, na efĩ biara nni so. Adɛn nti na ɛte saa?

Abena nketenkete bi wɔ afofantɔ ntaban so

Abena nketenkete bi wɔ afofantɔ ntaban so

Dwene ho: Nhwehwɛmufo a wɔwɔ Ohio State Suapɔn mu asua afofantɔ kɛse bi ho ade; yɛfrɛ no Giant Blue Morpho. Wohui sɛ, sɛ wode w’ani kann hwɛ afofantɔ no ntaban a, ɛyɛ tromtromtrom. Nanso wode afidie hwɛ a, ɛdeda so te sɛ tiles a yɛde abɔ dan so. Nsensanee nketenkete bi a ɛwɔ ntaban no so nti, nsuo anaa mfuturo ntumi nka so. Wɔn a wɔyɛ mfidie no rehwɛ sɛnea ntaban yi te sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ayɛ mfidie bi a ɛho bɛyɛ tromtrom a mfuturo anaa nsuo ntumi nka ho.

Afofantɔ ntaban yɛ biribi foforo a ɛma yehu sɛnea nyansahufo suasua abɔdeɛ a nkwa wom bɔberɛ. Nhwehwɛmufo bi a yɛfrɛ no Bharat Bhushan ka sɛ, “Mfiridwuma ho nneɛma a ɛyɛ nwonwa bebree wɔ abɔdeɛ nketewa ne akɛseɛ mu, na aka nnipa ma wɔayɛ nhwehwɛmu mfe bebree.”

Wususu ho sɛn? Afofantɔ ntaban no, wugye di sɛ ɛno ara na ɛbae anaa obi na ɔbɔe?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena