Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g 10/14 kr. 16
  • Pɔnkɔ Nan

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Pɔnkɔ Nan
  • Nyan!—2014
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Apɔnkɔ Sotefo No Ho Ahintasɛm No A Wohu Nea Ɛkyerɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Apɔnkɔsotefo Baanan Tu Mmirikaden!
    Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
  • Ahenni Pɔnkɔsotefo no Rekɔ
    “W’Ahenni Mmra”
  • Ɔpɔnkɔbiri A Ogyina Hɔ Ma Aduankɔm
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2014
g 10/14 kr. 16
Apɔnkɔ a wɔretu mmirika

SO WƆBƆE?

Pɔnkɔ Nan

PƆNKƆ yɛ aboa a ɔtu mmirika paa. Ɔbɛtumi de dɔnhwerew baako atwa akwansin 30 (kilomita 50). Nneɛma bebree kɔ so wɔ ne nipadua mu ansa na watumi atu saa mmirika no, nanso ɔmmrɛ ho. Ɛyɛ dɛn na ɛtumi ba saa? Ne nyinaa firi ne nan.

Ma yɛnhwɛ nneɛma bi a ɛkɔ so wɔ pɔnkɔ mu a ɛma ɔtu mmirika. Sɛ ne nan tia fam a, ɛtwe ahoɔden kɔ ne wedeɛ ne ne ntini mu, na saa ahoɔden no san ba ne nan mu ma ɛhuri no kɔ n’anim.

Bio nso, sɛ pɔnkɔ retu mmirika a, ne nan tumi woso paa; anhwɛ koraa a, ɛbɛtumi asɛe ne nan mu ntini no. Nanso ne nan ho wedeɛ no bɔ ntini no ho ban. Nhwehwɛmufo kyerɛ sɛ “aboa no wedeɛ ne ne ntini da mu fua,” na ɛno na ɛma ɔnya ahoɔden tu mmirika tɛntɛ saa no.

Mfiridwumafo abɔ wɔn ho mmɔden paa sɛ wɔbɛsuasua sɛnea pɔnkɔ nan te sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛhwɛ so ayɛ robɔt a ne nan yɛ nnan. Nanso Massachusetts sukuu a ɛhwɛ ɔdomankoma agyapade so yɛ bi no, wɔka sɛ, wɔhwɛ sɛnea pɔnkɔ nan te a, wɔhu sɛ wɔnni nneɛma a wɔbɛtumi de ayɛ bi, na wɔn nimdeɛ nnu ho fã mpo.

Wosusu ho sɛn? Pɔnkɔ nan; ɛno ara na ɛbae, anaa obi na ɛbɔe?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena