Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g 1/15 kr. 6
  • Mmuaeɛ a Ɛhia sɛ Yɛsusu Ho

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mmuaeɛ a Ɛhia sɛ Yɛsusu Ho
  • Nyan!—2015
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Biribi A Ɛmaa M’ani Gyei”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
  • Mugye Di sɛ Nnansia Paa na Onyankopɔn De Bɔɔ Wiase?
    Nsɛm a Nkurɔfo Taa Bisa Fa Yehowa Adansefo Ho
  • Ɛyɛɛ Dɛn na Nkwa Baeɛ?
    Nyan!—2015
  • Nea Bible No Ma Yehu
    Nyan!—2021
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2015
g 1/15 kr. 6
Bible a wɔabue mu

ASƐM A ƐDA SO | ƐYƐƐ DƐN NA NKWA BAEƐ?

Mmuaeɛ a Ɛhia sɛ Yɛsusu Ho

BERƐ a nnipa pii susu adanseɛ a animdefoɔ de ama ho no, wɔabɛhu sɛ obi a ɔnim nyansa paa na ɔbɔɔ nkwa. Wo deɛ ma yɛmfa Antony Flew nyɛ nhwɛsoɔ. Ɔyɛ nwomanimfoɔ a kane no ɔgye gyinaa mu dendeenden sɛ Onyankopɔn nni hɔ. Nanso akyiri yi ɔhuu sɛ nkwa yɛ nwanwa na abɔdeɛ mu mmara nso yɛ adwuma pɛpɛɛpɛ. Wei maa ɔsesaa n’adwene, na ɔfaa tete asɛm bi kaa sɛ: “Baabi a adanseɛ no ani kyerɛ no, fa w’ani kyerɛ hɔ.” Ɔbenfoɔ Flew bɛhuu sɛ adanseɛ a ɛwɔ hɔ da no adi sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ.

Gerard a yɛadi kan aka ne ho asɛm no nso bɛhuu sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ. Ná wasua mmoawammoawa ho adeɛ kɔ akyiri, nanso ɔkaa sɛ: “Biribiara nni hɔ a mɛtumi agyina so aka sɛ nkwa fi nneɛma a nkwa nnim mu na ɛbaeɛ. Sɛ mehwɛ nneɛma a nkwa wom ne sɛnea ɛyɛ adwuma pɛpɛɛpɛ no a, nea mɛtumi aka ara ne sɛ obi na ɔhyɛɛ da yɛɛ ne nyinaa.”

Obi tumi hwɛ odwumfoɔ nsa ano adwuma de hu sɛnea onii no teɛ. Gerard nso hwɛɛ nneɛma a atwa ne ho ahyia, na wei ma ɔhuu sɛnea Ɔbɔadeɛ no teɛ. Bio nso Gerard gyee berɛ suaa nwoma bi a ɛfi Ɔbɔadeɛ no hɔ. Saa nwoma yi ne Bible. (2 Timoteo 3:16) Berɛ a ɔkenkan Bible no, ɔhuu adasamma abakɔsɛm ne afotuo a ɛbɛboa ma yɛadi yɛn haw ho dwuma nnɛ. Enti ɔbɛhuu sɛ Bible yɛ nwoma a ɛfi obi a n’adwene korɔn hɔ.

Berɛ a Gerard kenkan Bible no, ɔnyaa nsɛmmisa pii ho mmuaeɛ. Yɛhyɛ wo nkuran sɛ gye berɛ na wo nso yɛ Bible mu nhwehwɛmu.

Wonim?

BIBLE MMƆ NYANSAHU NGU. Mmom, ɛhyɛ nkurɔfoɔ nkuran sɛ wɔnhwɛ nneɛma a atwa wɔn ho ahyia na wɔnsusu ho. (Yesaia 40:26) Ɛwom, Bible nyɛ nyansahu nwoma nanso emu nsɛm ne nyansahu hyia. Nhwɛsoɔ bi nie: Ebinom ka sɛ Onyankopɔn de nna mmaako mmaako nsia pɛ na ɛbɔɔ asase yi, nanso Bible mfoa saa asɛm no so. Asɛmfua “da” a ɛwɔ Genesis nwoma mu no tumi kyerɛ berɛ tenten bi.a

a Sɛ wopɛ wei ho nsɛm pii a, hwɛ Yehowa Adansefoɔ nwoma a wɔato din Was Life Created? Wobɛtumi anya wɔ www.jw.org nso.

Bible Ka Sɛ . . .

NKWA FI NKWA MU. “[Onyankopɔn] nkyɛn na nkwa nsutire wɔ.”​—Dwom 36:9.

ONYANKOPƆN YƐƐ MMOA NE AFIFIDEƐ “SƐDEƐ WƆN SU TEƐ.” (Genesis 1:11, 12, 21, 24, 25) Bible ka “wɔn su” a, ɛtumi kyerɛ wɔn nsɛso ahodoɔ ahodoɔ pii.

BERƐ A ONYANKOPƆN BƆƆ NNIPA NO, ƆDE NE SU AHODOƆ DUAA WƆN MU. Saa su no bi ne ɔdɔ, papayɛ, ne atɛntenenee. “Onyankopɔn kaa sɛ: ‘Ma yɛnyɛ onipa yɛn suban so sɛdeɛ yɛteɛ.’”—Genesis 1:26.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena