Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w87 6/1 kr. 30
  • “Biribi A Ɛmaa M’ani Gyei”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Biribi A Ɛmaa M’ani Gyei”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mmuaeɛ a Ɛhia sɛ Yɛsusu Ho
    Nyan!—2015
  • Mo Ahenni Asa No Te Dɛn?
    Yɛn Ahenni Som—1982
  • Mmeae a Yehyiam Som
    Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde
  • Ɛha na Yɛhyiam Som
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
w87 6/1 kr. 30

“Biribi A Ɛmaa M’ani Gyei”

WƆ 1984 ahohuru bere mu no, aberante bi a wɔfrɛ no Gerard a ofi France no siim sɛ ɔde asram asia rekodi abaninsɛm—ɔde baesekre rekokyinkyin United States ne Canada nyinaa. Rocky Mountains a ɛyɛ fɛ no maa n’ani gyei, asomdwoe a ɛwɔ agodibea ahorow no yɛɛ no nwonwa, nanso ade a ohui wɔ Montmagny, Quebec, Canada, no kaa ne koma kɛse sen biara; ɛsakraa n’asetra kwan.

Wɔ Kwasida, September 16 no, na Gerard retwam wɔ Montmagny bere a, ohui sɛ kar pii sa so wɔ lɔre kwan no no. Afei, ohuu nnipa pii wɔ beae bi a wɔresi ɔdan bi. Obisaa adwumayɛfo no mu biako a ɔrekyerɛ lɔre ahorow kwan no sɛ: “Dɛn na ɛrekɔ so wɔ ha?” Ɛwom sɛ na ɔbarima no nni adagyew de, nanso ogyee bere de kyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ Gerard sɛ saa adwumayɛfo yi nyinaa yɛ Yehowa Adansefo a wɔde wɔn dapɛn awiei no resi asa a wɔbɛyɛ wɔn ɔsom nhyiam ahorow wom. Nea na Gerard nnim ne sɛ oduu hɔ bere a na nnanu Ahenni Asa a wɔresi adwuma no adu ne nnɔnhwerew a edi akyiri a adagyew nni mu no mu. Nea ohui na ɔtee no kaa ne koma kɛse. Saa anadwo no ɔkyerɛwee wɔ ne nhoma ketewa bi mu sɛ: “Anwummere no mihyiaa Yehowa Adansefo. Wɔde nnanu asi ofi. Na wɔboro 1,000. Ɛyɛ ade a ɛmaa m’ani gyei.”

Ɛno akyi bere tiaa bi no, Gerard san kɔɔ France. Mfe abien akyi wɔ July 26, 1986 mu no, ɔkyerɛw krataa kɔmaa Yehowa Adansefo a wohyiam wɔ Ahenni Asa a ɛwɔ Montmagny no so no. Ɔkyerɛwee sɛ:

‘So moda so ara kae sɛ mo ne obi a ɔte baesekre so a afi France kasae wɔ da ɛto so abien wɔ mo Ahenni Asa no si no so? Onii a na ɔrekyerɛ lɔre ahorow kwan no duaa aba bi saa da no. Asram bi akyi no, Adansefo no bɛsraa me wɔ France, na mepenee so sɛ me ne wɔn besua Bible no. Esiane sɛ mifi abusua a emufo yɛ Katolekfo mu nti, adesua no anyɛ mmerɛw. Nanso Yehowa maa aba no nyinii. Adapɛn abien a atwam ni no, wobɔɔ me asu wɔ nhyiam bi a wɔyɛe wɔ Nantes no ase. Meda Yehowa ase sɛ wama mahu nokware no, na mede aseda ma wɔ nea onua no ka kyerɛɛ me saa Kwasida a ɛyɛ September 16, 1984 no nyinaa no ho. Abaninsɛmdifo a wabegye nokware no de ne onuadɔ nkyia brɛ mo.’

Hwɛ anigye ara a Montmagny asafo no mufo nyae bere a wɔkenkan Gerard krataa yi kyerɛɛ wɔn wɔ wɔn Ahenni Asa no so no! Wɔn a wɔboae wɔ Ahenni Asa no si mu no huu nokware a Salomo nsɛm yi yɛ no: “Tow wo abodoo gu nsu ani, na daakye bi wubehu.” (Ɔsɛnkafo 11:1) Yiw, mfaso ahorow a efi Ahenni Asa a wosi mu ba no tra hɔ daa na ɛkɔ akyiri wɔ akwan pii so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena