Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g 4/15 kr. 16
  • Agyinamoa Ano Mfemfem—Sɛnea Ɛyɛ Adwuma

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Agyinamoa Ano Mfemfem—Sɛnea Ɛyɛ Adwuma
  • Nyan!—2015
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Emu Nsɛm
    Nyan!—2015
  • Yi a Wubeyi Ama Ato Wo Honam
    Nyan!—2000
  • Anhweatam So Agyinamoa a Ne Ho Yɛ Na
    Nyan!—2013
  • Nea Enti a Mmoa Ase Reyɛ Atɔre
    Nyan!—1996
Nyan!—2015
g 4/15 kr. 16
Agyinamoa

WƆBƆE ANAA?

Agyinamoa Ano Mfemfem—Sɛnea Ɛyɛ Adwuma

NNYINAMOA dodow no ara didi anadwo. Sɛ ade sa a, wɔn ano mfemfem na ɛboa wɔn ma wɔhu baabi a aboa bi wɔ na wɔakyere no.

Susu ho: Nnyinamoa ano mfemfem boa ma wɔhu baabi a mframa ani kyerɛ. Enti sɛ biribi wɔ sum mu a, wɔtumi “hu” bere mpo a wɔmfaa wɔn ani ankasa nhui.

Sɛ aboa bi nam baabi anaa biribi si kwan mu a, mfemfem yi boa agyinamoa no ma ɔhu dekode no ntɛm. Mfemfem koro yi ara ma agyinamoa hu sɛnea tokuru bi kɛse te ansa na ɔbɛwura mu a wawura mu. Nwoma bi ka sɛ, “Adwuma a agyinamoa ano mfemfem yɛ no dɔɔso, nanso emu kakraa bi pɛ na yɛnim. Nokwasɛm ne sɛ, sɛ wotwitwa agyinamoa mfemfem a, ɛte sɛ nea woabubu kɔtɔ aprɛ.”—Encyclopædia Britannica.

Nyansahufo ahwɛ agyinamoa ano mfemfem so reyɛ nneɛma nketenkete bi ahyɛ robɔt mu na atumi adi akɔneaba a ɛrempempem. Ɔbenfo bi a ɔde Ali Javey yɛ adwuma wɔ University of California, Berkeley. Ɔkaa sɛ: “Nneɛma nketenkete yi bɛboa wɔn a wɔyɛ robɔt ne wɔn a wɔde mfidie ahorow yɛ adwuma.”

Wosusu ho sɛn? Agyinamoa ano mfemfem yi nam adannandi so na ɛbae, anaa wɔbɔe?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena