Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g 7/15 kr. 6
  • Ɔhaw No: Adwennwene

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔhaw No: Adwennwene
  • Nyan!—2015
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Montow Mo Dadwen Nyinaa Ngu Yehowa So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2016
  • Fa wo Dadwen Nyinaa To Yehowa So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Sɛnea Wɔbɛboa Wɔn a Wɔwɔ Nkate Mu Yare
    Nyan!—2012
  • Dadwen
    Nyan!—2016
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2015
g 7/15 kr. 6
Gregory rehwɛ abɔdeɛ

ASƐM A ƐDA SO | WOMA W’ABAM BU NTƐM?

Ɔhaw No: Adwennwene

WO HAW ne sɛn? Awerɛhoɔ na ahyɛ wo so? Obi na ahyɛ wo abufuo? Anaa woanya obi ho menasepɔ? Sɛ woma nneɛma saa hyɛ wo so a, ɛbɛgye w’adwene ne w’ahoɔden nyinaa na worenya bere mfa nyɛ nneɛma a ɛho hia mpo. Ɛnneɛ, dɛn na wobɛtumi ayɛ wɔ ho?a

NHWƐSO A ƐWƆ BIBLE MU: DAWID

Ɔhene Dawid faa ɔhaw pii mu na wei maa ɔteetee na ɔdii yaw. Nanso wamma n’abam ammu. Dɛn na ɛboaa no? Dawid de n’asɛm nyinaa maa Onyankopɔn. (1 Samuel 24:12, 15) Afei nso, nea ɔfaa mu nyinaa ɔkyerɛw too hɔ. Ná Dawid gyidi mu yɛ den, enti na ɔmfa mpaebɔ nni agorɔ.b

NEA GREGORY YƐE

Sɛnea yɛadi kan aka no, Gregory anya adwenemyare bi a ɛreteetee no. Ɔka sɛ: “Na mema nneɛma hyɛ me so dodo, enti daa na mahaw.” Dɛn na aboa no? Tie n’anom asɛm: “Memaa me yere ne me nnamfo boaa me. Afei mekɔhuu dɔkota na mesuaa me yareɛ no ho adeɛ pii. Mehuu sɛ ɛhia sɛ mehwɛ me ho so yie. Meyɛɛ saa no, me ho baee me na yareɛ no anhunahuna me bio. Ɛwom ara a na ayi ne ti kakra. Nanso seesei menim nea ɛkɔtwetwe yareɛ no ba ne nea mɛyɛ de asɔ ano.”

“Anigyeɛ akoma sa yareɛ.”—Mmebusɛm 17:22

NEA WOBƐTUMI AYƐ

Sɛ adwennwene reteetee wo a, sɔ wei hwɛ:

  • Kyerɛw nea ɛreyɛ wo no ho asɛm to hɔ.

  • Ka ho asɛm kyerɛ wo busuani anaa w’adamfo paa.

  • Sɛ nneɛma pɛ sɛ ɛhyɛ wo so a, nnyegye so. Sɛ ɛyɛ wo sɛ wotɔ sin wɔ biribi mu a, bisa wo ho sɛ, ‘Saa na ɛte ankasa anaa me na mebu me ho saa?’

  • Mma adwennwene, abufuo, anaa obi ho menasepɔ nhyɛ wo so. Nnwennwene nneɛma ho nha wo ho. Fa saa bere no yɛ biribi papa.c

Nea Ɛhia sɛ Wohyɛ no Nsow: Mpɛn pii no, ɛnyɛ nneɛma a yɛrefa mu na ɛde adwennwene ba, na mmom sɛnea yɛhu no.

a Yareɛ bɛtumi de adwennwene abɛsoa wo so. Sɛ ɛba saa a, ɛsɛ sɛ wopɛ ano aduro. Nyan! nyɛ nwoma a yɛde bɔ aduro anaa ayaresa pɔtee bi ho dawuru. Sɛ wopɛ ayaresa bi a, ɛsɛ sɛ wo ara wohwehwɛ mu si ho gyinae.

b Nnwom nwoma no mu nsɛm pii yɛ Dawid mpaebɔ.

c Sɛ wopɛ wei ho nsɛm pii a, hwɛ asɛm a wɔato din “Sɛnea Wobɛdi Dadwene So” wɔ July 1, 2015 Ɔwɛn-Aban mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena