Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g16 nɔma 3 kr. 16
  • Ntɛtea Kɔn

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ntɛtea Kɔn
  • Nyan!—2016
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sahara Ntɛtea Hyɛnhyɛn
    Nyan!—2017
  • Abusuabɔ A Ɛyɛ Fɛ
    Nyan!—1983
  • Nea Kakapɛ De Prapra Ne Nkatebɛn Ho
    Wɔbɔe Anaa?
  • “Kɔ Ntɛtea Nkyɛn”
    Nyan!—1991
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2016
g16 nɔma 3 kr. 16

WƆBƆE ANAA?

Ntɛtea Kɔn

Nwura hyɛ ntɛtea ano

BIRIBI wɔ ntɛtea ho a nyansahufo pii nte ase. Sɛ wɔhwɛ aboa ketekete yi, na wɔhwɛ nneɛma a otumi soa a, na ɛyɛ wɔn nwonwa. Ntɛtea tumi soa nneɛma a emu yɛ duru sen ɔno ankasa koraa. Nyansahufo bi a wɔwɔ Ohio State University, U.S.A., ante wɔn ho ase, enti wɔyɛɛ nhwehwɛmu. Wɔtoo wɔn bo ase de afiri hwɛɛ ntɛtea akwaa ahorow ne sɛnea ɛyɛ adwuma.

Wohuu sɛ aboa no akwaa baako a edi akoten paa ne ne kɔn. Sɛ ɔde n’ano pagyaw biribi a, na ne kɔn na anya adwuma. Ɛnde ɛdɛn na ɛma ɛkɔn no nya ahoɔden yɛ saa adwuma no? Biribi wɔ ne kɔn mu a ɛyɛ mmerɛw paa. Ɛnna ne ti ne ne honam a aka no yɛ den. Nanso anikasɛm ne sɛ, ade a ɛyɛ mmerɛw no kɔhyɛ nea ɛyɛ den no mu te sɛ nea obi aka ne nsa mmienu abom na ɔde ne nsateaa ahyehyɛ mu. Nhwehwɛmufo no baako kaa sɛ, wei na ɛma ntɛtea kɔn mu yɛ den. Ɔkaa sɛ ɛyɛ biribi a ɛyɛ nwonwa paa, na ɛno na ɛboa ntɛtea ma no tumi soa nneɛma akɛse akɛse saa. Nyansahufo pɛ sɛ wɔkɔ so ara yɛ nhwehwɛmu na wohu sɛnea ntɛtea kɔn yɛ adwuma yiye. Wosusuw sɛ ebia ɛbɛboa wɔn ama wɔatumi ayɛ robot a ɛyɛ adwuma saa daakye.

Wususuw ho sɛn? Wohwɛ sɛnea ntɛtea kɔn yɛ adwuma no a, wobɛka sɛ ɛno ara na ɛbae anaa obi na ɛbɔɔ no saa?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena