Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g16 nɔma 4 kr. 3
  • Sɛnea Wubenya Wo Nneyɛe Pa So Mfaso

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛnea Wubenya Wo Nneyɛe Pa So Mfaso
  • Nyan!—2016
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ma Suban Nni Mmoa Wo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Nnianim Nsɛm
    Nyan!—2016
  • Su Bɔne A Wubesiw Kwan Na Amma Bio
    Nyan!—1991
  • So Wubetumi Adi Subammɔne So?
    Nyan!—2004
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2016
g16 nɔma 4 kr. 3
Ɔbaa bi rehwɛ TV ɛnna ɔredi sradeduan

ASƐM A ƐDA SO

Sɛnea Wubenya Wo Nneyɛe Pa So Mfaso

  • Wɔɔkye

    BERE biara a Austin wɔɔkye dɔn bɛbɔ anɔpa no, na n’ani twan so. Nanso esiane sɛ ɛyɛ a ɔde atade a ɔde tenetene n’apɔw mu gu baabi a ɛbɛn no nti, ntɛm ara na wafa ahyɛ akotu mmirika kakra​—afe baako ni, nnawɔtwe biara ɔyɛ saa mprɛnsa.

  • Bag a chocolate wom

    Ɛnkyɛe koraa na Laurie ne ne kunu koe. Bere a abufuw no da so wɔ ne mu no, ɔbɔ wuraa ne gyaade kodii chocolate a ɛwɔ hɔ nyinaa​—ɔno deɛ, ne bo fuw a, saa na ɔtaa yɛ.

Dɛn na yehu wɔ Austin ne Laurie nyinaa ho? Sɛ́ ebia wonim anaa wonnim no, wɔn suban de wɔn ayɛ nkoa.

Wo nso ɛ? Nneɛma bi wɔ hɔ a wunyae a, anka ne yɛ aka wo hɔ? Ebia wode asi w’ani so sɛ wobɛtenetene w’apɔw mu daa. Ebi nso a, wopɛ sɛ wunya bere pii de da, anaa wopɛ sɛ wohyɛ wo ne wo nnamfo abusuabɔ mu den.

Ebetumi aba nso sɛ, subammɔne bi wɔ hɔ a wunyae a anka woagyae. Ebi ne sigaretnom, sradeduan bebrebe a wubegyae di, anaa bere pii a wosɛe wɔ Intanɛt ho.

Anokwa, ɛnna fam sɛ wubeyi subammɔne akwa. Subammɔne ayɛ sɛ baabi a ɛhɔ yɛ hyew awɔw bere mu. Ɛfrɛfrɛ nnipa. Nanso sɛ obi nya kɔhyɛ hɔ a, na ayɛ den sɛ obepue!

Enti wobɛyɛ dɛn anya wo nneyɛe so mfaso sen sɛ wobɛma apira wo? Hwɛ Bible mu afotusɛm a edidi so yi na hyɛ nyansahyɛ mmiɛnsa a edidi so no nsow.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena