Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g16 nɔma 6 kr. 10-11
  • Desiderius Erasmus

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Desiderius Erasmus
  • Nyan!—2016
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • NE GYIDI NE NEA OSUAA HO ADE
  • APAM FOFORO A ƐWƆ HELA KASA MU
  • Complutensian Polyglot No—Ade Titiriw a Ɛboaa Kasa Asekyerɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • Bible No—Wɔakyerɛ Ho Anisɔ Aka Ahyɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • Emu Nsɛm
    Nyan!—2016
  • Wessel Gansfort—“Ɔbarima A Ɔsakrae Ansa Na Asɔre Mu Nsakrae No Reba”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2016
g16 nɔma 6 kr. 10-11

ABAKƆSƐM

Desiderius Erasmus

Desiderius Erasmus

DESIDERIUS ERASMUS tenaa ase bɛyɛ mfe 500 a atwam ni. Ná wobu no sɛ onim ade sen Europe abenfo nyinaa. Nanso onipa koro yi ara, akyiri yi nkurɔfo kasa tiaa no sɛ ɔyɛ ohufo ne mmusubɔfo. Saa bere no, na nyamesom ho akyinnyegye gyina mu paa nanso ɔbɔɔ ne ho mmusu kaa nneɛma bɔne a na ɛrekɔ so wɔ Katolek som mu ho asɛm. Ɛnnɛ, sɛ yɛreka wɔn a wɔboa maa nsakrae baa nyamesom mu wɔ Europe a, odi mu akoten paa. Adɛn nti na yɛreka saa?

NE GYIDI NE NEA OSUAA HO ADE

Erasmus suaa Latin ne Hela kasa yiye paa. Enti ɛma otumi de Bible a na ɛwɔ Latin mu te sɛ Latin Vulgate no totoo tete Kristofo Hela nsaano nkyerɛwee anaa Apam Foforo a na akyɛ paa no ho. Obegye toom sɛ Bible mu nimdeɛ ho hia paa, enti ne bere so no, ɔkaa sɛ ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ Bible no ase kɔ kasa ahorow a nnipa dodow no ara ka mu.

Ná Erasmus pɛ sɛ wɔyɛ nsakrae wɔ Katolek Asɔre no ankasa mu. Ná ogye di sɛ, sɛ wɔka sɛ obi yɛ Kristoni a, ɛnyɛ amanne huhuuhu a obedi akyi na ehia, mmom ɛsɛ sɛ ɔma ɛda adi wɔ n’abrabɔ mu nso. Enti bere a nnipa bi maa wɔn homene so pɛɛ sɛ nneɛma sesa wɔ Roma Asɔre no mu no, na Katolekfo gye di paa sɛ ɔno na na ɔhyɛ akyi.

Erasmus bɔɔ ne ho mmusu kaa nneɛma bɔne a na ɛrekɔ so wɔ Katolek som mu no ho asɛm

Sɛnea na asɔfo no sisi asɔremma no, Erasmus paa ho ntama. Afei nso ɔkaa wɔn akɛsesɛm ne sɛnea na popefo no moma wɔn ho so na wɔfoa akodi so no ho asɛm. Wɔne asɔfo a na wodidi asɔremma ho no anyɛ adwene da. Ná wɔyɛ amanne pii wɔ asɔre no mu. Ebi ne bɔneka, akronkronfo a wɔsom wɔn, akɔnkyen, ne akwantu kronkron. Wɔnam weinom nyinaa so didii asɔremma no ho. Afei nso, ɔne asɔre no anyɛ adwene wɔ nneɛma bi te sɛ sika a wogye wɔ bɔnesrɛ ho ne sigyadi ho mmara a na wɔahyɛ ama asɔfo no.

APAM FOFORO A ƐWƆ HELA KASA MU

Afe 1516 mu no, Erasmus yii Apam Foforo a wakyerɛ ase kɔ Hela kasa mu adi. Ɛno ne Kristofo Hela Kyerɛwsɛm a edi kan koraa a ɔyɛe. Wei akyi no, ɔsan kyerɛɛ Bible no ase fii Hela mu kɔɔ Latin mu. Ɔde nsɛm hyehyɛɛ anoano de kyerɛkyerɛɛ nneɛma mu. Ná emu nsɛm ne Vulgate no nhyia koraa. Bere bi akyi no, ɔsan yɛɛ ne nkyerɛase no mu nsakrae enti wode toto Latin Vulgate no ho a, wutumi hu sɛ ɛmmɛn ho koraa.

Apam Foforo a Erasmus kyerɛɛ ase kɔɔ Hela kasa m

Apam Foforo a Erasmus kyerɛɛ ase kɔɔ Hela kasa mu

Nsonsonoe baako a na ɛwɔ Apam Foforo no ne Latin Vulgate no mu ne asɛm a ɛwɔ 1 Yohane 5:7 no. Nea ɛbɛyɛ na afoa Baasakoro nkyerɛkyerɛ so no, wɔde nsɛm bi a wɔfrɛ no comma Johanneum hyehyɛɛ Vulgate no mu. Ɛkenkan sɛ: “Na baasa na edi adanse ɔsoro: Agya no, Asɛm no, ne Honhom Kronkron no, na baasa yi yɛ baako.” Nanso, Erasmus amfa saa nsɛm yi anhyɛ Apam Foforo mmienu a odii kan kyerɛɛ ase no nyinaa mu, efisɛ na enni Hela nsaano nkyerɛwee a ɔhwɛɛ so kyerɛɛ ase no biara mu. Akyiri yi, asɔre no hyɛɛ no sɛ ɔmfa saa asɛm no nhyɛ ne nkyerɛase a ɛtɔ so mmiɛnsa no mu.

Hela Apam Foforo a Erasmus yɛe no mu na wɔhwɛ kyerɛɛ Bible no ase kɔɔ Europe kasa ahorow mu. Martin Luther, William Tyndale, Antonio Brucioli, ne Francisco de Enzinas nyinaa hwɛɛ so kyerɛɛ Hela Kyerɛwsɛm no ase kɔɔ German kasa, Borɔfo kasa, Italy kasa, ne Spain kasa mu.

Erasmus bere so no, na nyamesom mu nnwo koraa. Apam Foforo a ɔkyerɛɛ ase kɔɔ Hela kasa mu no boaa Protestantfo a na wɔpɛ ɔsom mu nsakrae no paa. Ná nnipa pii susuw sɛ Erasmus nso ka nnipa a wɔpɛ ɔsom mu nsakrae no ho. Nanso bere a nsakrae no fii ase ankasa no, wɔn ani wui. Saa bere no, wamfa ne ho anhyɛ anobaabae a ɛkɔɔ so no mu. Bɛboro mfe 100 a atwam ni, ɔbenfo David Schaff kyerɛwee sɛ, Erasmus “wui no, na ne din nni asɔre biara nhoma mu. Ná Katolekfo mpɛ no; saa ara nso na na Protestantfo mpɛ no.”

NOKWASƐM TIAWA

  • Afe 1516 mu no, Erasmus yii Apam Foforo a wakyerɛ ase kɔ Hela kasa mu adi. Sɛ wohwɛ mu a, na ɛwɔ afã mmienu. Ɔfã baako yɛ Hela nkyerɛwee, ɛnna ɔfã foforo nso yɛ Latin nkyerɛase ne ɛho nkyerɛkyerɛmu a ɛkɔ akyiri.

  • Erasmus kyerɛwee wɔ Apam Foforo no nnianim asɛm mu sɛ: “Wɔn a wɔmpɛ sɛ ɔmanfo kenkan Bible no anaa yɛkyerɛ ase kɔ kasa a nnipa dodow no ara ka mu no, mikyi wɔn koraa.”

  • Europe mmeae bi no, n’atamfo ma wɔhyew ne nhoma. Popefo a wɔwɔ Rome no nso ma wɔbaraa ne nhoma mfe pii.

Ogyee Din Wɔ Amanaman Mu

Erasmus yɛ obi a na onim nnipa ne aman ahorow so nsɛm paa. Ɔtenaa Europe aman pii so yɛɛ adwuma wɔ hɔ. Ɔne nnipa atitiriw pii faa nnamfo; na ebinom wɔ ahemfie, na na ebinom nso wɔ suapɔn ahorow mu. Ne nimdeɛ nti, na nnipa pii fi aman horow so ba ne nkyɛn begye akwankyerɛ. Esiane sɛ na nnipa pii kenkan ne nhoma na wɔn ani gye ho nti, obegyee din paa. Ebeduu bere bi mpo deɛ, baabiara a ɔbɛkɔ no na adehye ne asɔfo mpanyimfo ne abenfo bɔ gua hyia no. Abakɔsɛm kyerɛwfo bi kaa ne ho asɛm nnansa yi sɛ, “Sɛnea nkurɔfo agye din nnɛ no, saa ara na ɔno nso gyee din tete no.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena