Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g17 nɔma 3 kr. 8-9
  • Efie Nnwuma Ho Hia

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Efie Nnwuma Ho Hia
  • Nyan!—2017
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ƆHAW NO
  • NEA ƐSƐ SƐ WUHU
  • NEA WUBETUMI AYƐ
  • Sɛnea Obedi N’asɛde Ho Dwuma
    Nyan!—2019
  • “Dɛn Nti Na Mintumi Nwie Nea Mifi Ase?”
    Nyan!—1992
  • Sua a Wubesua sɛ Wobɛma Wo Mma Afi Wo Nkyɛn
    Nyan!—1998
  • Sɛnea Ɔbɛbrɛ Ne Ho Ase
    Nyan!—2019
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2017
g17 nɔma 3 kr. 8-9
Abarimaa bi resesaw ne toy ahorow. Ne papa nso de paint reka dan ho

MMOA A WƆDE MA ABUSUA NO | MMOFRA NTETEE

Efie Nnwuma Ho Hia

ƆHAW NO

Mmusua bi wɔ hɔ a, awofo hwɛ sɛ wɔbɛma mmofra no aboa efie nnwuma. Na mmofra no nso yɛ nnwuma no a, wonnwiinwii. Mmusua foforo bi mu deɛ, awofo no mma mmofra no mmoa efie nnwuma ahe biara. Na mmofra no nso, ɛyɛ wɔn dɛ, enti wɔnhaw wɔn ho pii sɛ wɔbɛyɛ efie nnwuma.

Wɔn a wɔyɛ nhwehwɛmu no ahu sɛ saa suban yi rekɔ so wɔ aburokyiri aman pii so. Aman a ɛte saa mu no, wɔsom mmofra sen sɛ mmofra mmom bɛsom afoforo. Ɔwofo bi a ne din de Steven kaa sɛ: “Ɛnnɛ, wɔagyae mmofra ama wodi video so agorɔ, wokyinkyin Intanɛt so, na wɔhwɛ TV. Wɔmma wɔnyɛ nnwuma ahe biara wɔ fie.”

Wudwen ho sɛn? Enti ɛyɛ ampa sɛ, sɛ mmofra yɛ efie nnwuma a ɛboa ma nneɛma kɔ so yiye wɔ fie hɔ? Ɛsan ma wɔn adwenem bue anaa?

NEA ƐSƐ SƐ WUHU

Ɛyɛ awofo binom den sɛ wɔbɛma wɔn mma ayɛ efie nnwuma, titiriw nnawɔtwe a wohu sɛ homework ne sukuu nnwuma foforo pii gu wɔn mma no so no. Nanso yɛnhwɛ mfaso a ɛwɔ efie nnwuma so.

Efie nnwuma ma mmofra adwenem bue. Mmofra a wɔyɛ efie nnwuma no taa bɔ mmɔden wɔ sukuu adesua mu. Wei nyɛ nwonwa efisɛ mmofra yɛ efie nnwuma a, ɛma wonya ahotoso, wotumi hyɛ wɔn ho so, na wonya akokoduru nso. Saa suban ahorow yi boa mmofra ma wotumi sua ade yiye.

Efie nnwuma boa mmofra ma sɛ wonyin a, wotumi som afoforo. Ebinom ahyɛ no nsow sɛ, mmofra a wɔn awofo hwɛ ma wɔyɛ fie nnwuma no, sɛ wonyin a, wɔtaa yɛ nnwuma de boa ɔmanfo. Wei nyɛ nwonwa koraa efisɛ sɛ mmofra yɛ efie nnwuma a, esiesie wɔn ma wɔyɛ nneɛma a ɛbɛboa afoforo ansa na wɔadwene wɔn deɛ ho. Nanso Steven a yɛadi kan afa n’asɛm aka no kaa sɛ: “Sɛ wɔamma mmofra anyɛ efie nnwuma biara a, ɛma wonya adwene sɛ afoforo mmom na ɛsɛ sɛ ɛsom wɔn. Enti bere a wobenyin no na wonni adwumaden ho adwempa. Afei nso, wonhu nea enti a ɛsɛ sɛ wɔhaw wɔn ho di wɔn asɛde ho dwuma.”

Efie nnwuma de baakoyɛ ba abusua mu. Sɛ mmofra yɛ efie nnwuma a, ɛma wohu sɛ wɔn ho hia wɔ abusua no mu. Afei nso, ɛma wohu sɛ wɔwɔ asɛde wɔ abusua no mu. Sɛ awofo ma sukuu nnwuma foforo a wɔn mma bɛyɛ ho hia wɔn kɛse sen sɛ wɔbɛma wɔayɛ efie nnwuma a, ɛremma mmofra no nhu nea yɛaka ho asɛm yi. Wo deɛ, bisa wo ho sɛ, ‘Sɛ me mma de wɔn ho bɔ sukuu bɔɔlbɔ kuw na wɔne abusua no ammom anyɛ ade a, mfaso bɛn na wobenya?’

NEA WUBETUMI AYƐ

Fa hyɛ abofra no ase ntɛm. Ebinom ka sɛ, sɛ mmofra di mfe mmiɛnsa a, ɛsɛ sɛ awofo ma wofi ase yɛ fie nnwuma. Nnipa bi nso ka sɛ, sɛ wodi mfe mmienu anaa nea ennu saa mpo a, wobetumi ama wɔayɛ efie nnwuma. Asɛm no ara ne sɛ, mmofra nkumaa ani gye ho paa sɛ wɔne wɔn awofo bɛbom ayɛ ade na wɔasuasua wɔn.​—Bible mu asɛm: Mmebusɛm 22:6.

Hwɛ wo ba no mfe a wadi na ma no adwuma a obetumi ayɛ. Nhwɛso bi ni. Abofra a wadi mfe mmiɛnsa betumi asesaw abaduaba (toy) a ɔde di agorɔ agu yiye. Nsu anaa biribi hwie gu fam a, obetumi apopa. Afei obetumi ayiyi ntade a wɔrebesi mu, ayi fitaa agu baabi na wayi kɔla a aka nso agu nkyɛn. Mmofra a wɔn ani afi kakra nso betumi aprapra, ahohoro kar ho, anaa wɔanoa aduan mpo. Ma wo ba no adwuma a obetumi ayɛ. Sɛ woma wo ba yɛ efie nnwuma a, anigye ne ahokeka a ɔde bɛyɛ no, ebetumi ayɛ wo nwonwa mpo.

Ma efie nnwuma a wo ba bɛyɛ ho nhia wo kɛse. Sɛ da biara, homework pii gu wo ba so a, ebetumi ayɛ den sɛ wobɛma efie nnwuma a ɔbɛyɛ no ho ahia wo kɛse. Nanso nhoma bi ka sɛ, sɛ woamma wo mma anyɛ efie nnwuma esiane sɛ wopɛ sɛ wɔbɔ mmɔden wɔ sukuu adesua mu nti a, “na woamfa nneɛma a ɛho hia paa no anni kan.” (The Price of Privilege) Sɛnea yɛadi kan aka no, sɛ mmofra boa ma wɔyɛ efie nnwuma a, ɛma wotumi sua ade yiye wɔ sukuu. Na efie nnwuma a wɔyɛ no siesie wɔn na sɛ daakye wonya wɔn ankasa abusua a, adi aboa wɔn.​—Bible mu asɛm: Filipifo 1:10.

Ma nea enti a woma wo ba yɛ efie nnwuma no ho nhia wo nkyɛn sɛnea ɔbɛyɛ adwuma no. Sɛ woma wo ba adwuma a, ebia ɔrenwie no ntɛm sɛnea anka wopɛ no. Ebia wubehu nso sɛ wo ba no ntumi nyɛ adwuma no yiye. Sɛ ɛba saa a, nnye adwuma no nyɛ. Ɛnyɛ wo botae ne sɛ wo ba no bɛyɛ adwuma no pɛpɛɛpɛ sɛnea anka ɔpanyin bɛyɛ. Mmom no, wo botae ne sɛ wobɛboa wo ba no ama wahu nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ ne anigye a ɛwɔ adwumayɛ mu.​—Bible mu asɛm: Ɔsɛnkafo 3:22.

Fa w’adwene si sɛnea ɛbɛboa wo ba no daakye so. Ebinom ka sɛ, sɛ wo mma yɛ efie nnwuma na wutua wɔn ka a, ɛma wohu sɛnea wobedi wɔn asɛde ho dwuma. Afoforo nso ka sɛ, ɛma mmofra no de wɔn adwene si nea wobenya afi abusua no hɔ so sen sɛ wɔde wɔn adwene besi nea wɔbɛyɛ de aboa abusua no so. Wɔbɔ kɔkɔ nso sɛ, sɛ awofo tua abofra bi ka wɔ efie nnwuma a ɔyɛ ho a, ɛda a sika wɔ abofra no ho no, ɔrenyɛ efie nnwuma no. Sɛ ɛba saa a, abofra no rennya mfaso a ɛsɛ sɛ onya wɔ efie nnwuma a ɔyɛ no so. Dɛn na yebetumi asua afi saa asɛm yi mu? Ne papa mu no, sɛ woma wo ba sika bi a, ɛnsɛ sɛ woma no te nka sɛ adwuma bi a ɔyɛɛ wɔ fie nti na wode maa no.

KYERƐWSƐM ATITIRIW

  • “Tete abofra wɔ ɔkwan a ɛfata so; sɛ onyin a, ɔremfi ho.”​—Mmebusɛm 22:6.

  • ‘Mompɛɛpɛɛ mu nhu nneɛma a ehia koraa no.’​—Filipifo 1:10.

  • “Adepa biara nni hɔ sɛ onipa begye n’ani n’adwuma ho.”​—Ɔsɛnkafo 3:22.

Steven ne Stephanie

“Woyɛ efie nnwuma a, ɛma wote nka sɛ woreboa w’abusua no. Ɛda a yɛn abusua bɛbom ayɛ efie nnwuma wɔ ebia efie no abɔnten anaa efie no mu no, ɛma ɔdɔ ne baakoyɛ ba yɛn abusua no mu. Obiara yɛ adwuma no bi, na ɛma yɛn bo tɔ yɛn yam.”​—Steven.

“Bere a yɛn mma mmaa no yɛ mmofra koraa no, yɛma wɔyɛɛ efie nnwuma, enti wonyinii no, wɔn ankasa tumi yɛ wɔn biribiara. Yɛbɔɔ mmɔden sɛ yɛbɛma wɔahu sɛ abusua no yɛ kuw baako na ɛsɛ sɛ yɛbom yɛ ade. Yɛn a yɛyɛ awofo no, esiane sɛ yenyaa adwempa wɔ efie nnwuma ho nti, ɛboaa yɛn mma mmaa no maa wɔn nso yɛɛ saa ara.”​—Stephanie.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena