Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g19 nɔma 2 kr. 10-11
  • Sɛnea Obedi N’asɛde Ho Dwuma

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛnea Obedi N’asɛde Ho Dwuma
  • Nyan!—2019
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • OBI DI N’ASƐDE HO DWUMA A, ƐKYERƐ SƐN?
  • ADƐN NTI NA EHIA SƐ WO BA DI N’ASƐDE HO DWUMA?
  • SƐNEA WOBƐBOA WO BA MA WADI N’ASƐDE HO DWUMA
  • Efie Nnwuma Ho Hia
    Nyan!—2017
  • Sua a Wubesua sɛ Wobɛma Wo Mma Afi Wo Nkyɛn
    Nyan!—1998
  • Wo Mma A Wobɛtete Wɔn Ma Wɔadɔ Yehowa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • 8 Yɛ Nhwɛso Pa
    Nyan!—2018
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2019
g19 nɔma 2 kr. 10-11
Agya bi reboa ne ba ma wagugu afifide bi so

ADESUA 4

Sɛnea Obedi N’asɛde Ho Dwuma

OBI DI N’ASƐDE HO DWUMA A, ƐKYERƐ SƐN?

Sɛ wode adwuma hyɛ obi nsa na ɔhwɛ so yɛ a, wubetumi de wo ho ato no so. Nea enti a ɛte saa ne sɛ wunim sɛ ɔbɛyɛ adwuma no yiye, na obewie wɔ bere ano.

Mmofra susua mpo a, wobetumi asua sɛnea wodi asɛde ho dwuma. Nhoma bi ka sɛ: “Sɛ mmofra nya afe ne abosome mmiɛnsa a, efi saa bere no, sɛ wɔn awofo ka sɛ wɔnyɛ biribi a, wobetumi ayɛ. Afei sɛ wonya afe ne fã a, biribiara a wɔn awofo reyɛ biara, wɔpɛ sɛ wɔyɛ bi.” Nhoma no toa so sɛ: “Aman pii so no, sɛ mmofra di mfe nnum kosi nson a, wɔn awofo fi ase de fie nnwuma hyehyɛ wɔn nsa, na wotumi yɛ saa nnwuma no yiye.”​—Parenting Without Borders.

ADƐN NTI NA EHIA SƐ WO BA DI N’ASƐDE HO DWUMA?

Aman bi so no, mmabun pii bɔ mmɔden sɛ wɔbɛtew wɔn ho na wɔn nkutoo akɔtena, nanso wobɛhwɛ na wɔn ho akyere wɔn ma wɔasan kɔ wɔn awofo hɔ. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, mmofra no bi wɔ hɔ a wɔn awofo ankyerɛ wɔn sɛnea wɔbɛhwɛ sika so, sɛnea wɔbɛhwɛ fie, anaa sɛnea wobedi wɔn asetenam asɛde ahorow ho dwuma.

Ne saa nti, wo mma no mmofraase pɛɛ na ɛsɛ sɛ wokyerɛ wɔn sɛnea wobedi wɔn asɛde ho dwuma, na sɛ wonyin a wɔn ho ankyere wɔn. Nhoma bi ka sɛ: “Ɛnyɛ papa sɛ wobɛyɛ biribiara ama wo ba no, na afei odi mfe 18 pɛ a, woagyaa no sɛ ɔno ara nkɔbɔ ne bra.”​—How to Raise an Adult.

SƐNEA WOBƐBOA WO BA MA WADI N’ASƐDE HO DWUMA

Fa fie nnwuma bi hyɛ ne nsa.

BIBLE MU AFOTUSƐM: “Ɔbrɛ biara mu wɔ mfaso.”​—Mmebusɛm 14:23.

Mmofra nketewa ani gye ho sɛ wɔne wɔn awofo bɛbom ayɛ adwuma. Esiane suban yi a ɛwɔ mmofra ho nti, fa fie nnwuma hyehyɛ wɔn nsa ma wɔnyɛ.

Awofo binom nhwɛ mma wɔn mma nyɛ fie nnwuma. Adwene a wɔde yɛ saa ne sɛ, sɛ wɔn mma no kɔ sukuu a, esiane sɛ wɔde sukuu dwumadi pii ba fie bɛyɛ nti, sɛ wɔsan de fie nnwuma gu wɔn so a, wɔbɛbrɛ dodo.

Nanso mmofra a wɔyɛ fie nnwuma no, wɔn na wɔtaa bɔ mmɔden wɔ sukuu mu. Nea enti a ɛte saa ne sɛ fie nnwuma a wɔyɛ no nti, sɛ wɔde dwumadi hyɛ wɔn nsa a, wotumi hwɛ so yɛ wie. Afei nso nhoma bi ka sɛ, “Sɛ mmofra no susua na wɔpɛ sɛ wɔboa yɛn na yɛamma wɔn kwan a, ɛma wonya adwene sɛ mfaso nni so sɛ wɔbɛyɛ nneɛma aboa afoforo . . . Afei wɔbɛhwɛ kwan sɛ afoforo mmom bɛyɛ nneɛma ama wɔn.”​—Parenting Without Borders.

Saa asɛm yi ma yehu sɛ, sɛ mmofra yɛ fie nnwuma a, ɛbɛma wɔasua sɛ ɛsɛ sɛ wɔboa afoforo, na ɛnsɛ sɛ wɔhwɛ kwan sɛ afoforo mmom bɛyɛ nneɛma ama wɔn. Sɛ abofra bi yɛ fie nnwuma a, ɛma ohu sɛ ne ho hia wɔ abusua no mu, enti ɛsɛ sɛ ɔyɛ nea obetumi biara de boa.

Boa wo mma ma wonnye mfomso a wodi ho asodi ntom.

BIBLE MU AFOTUSƐM: “Tie afotu na gye nteɛso, na woahu nyansa daakye.”​—Mmebusɛm 19:20.

Sɛ wo ba di mfomso bi a, mmɔ mmɔden sɛ wobɛkata nea wayɛ no so. Fa no sɛ ebia wo ba no akɔsɛe obi ade. Sɛ ɔyɛ biribi a ɛte saa a, ɔno ankasa betumi adi ho dwuma wɔ ɔkwan bi so. Ebia obetumi apa nea wasɛe n’ade no kyɛw, anaa obetumi mpo atua nea asɛe no ho ka.

Sɛ mmofra hu sɛ wɔn mfomso ho asodi da wɔn so a, ɛbɛboa wɔn ama

  • wɔayɛ anokwafo a wogye wɔn mfomso tom

  • wɔyɛ bɔne a, wɔremfa nhyɛ afoforo

  • wɔremfa nsɛm nyiyi wɔn ho ano

  • sɛ ɛho behia a, wɔbɛpa kyɛw

Agya bi reboa ne ba ma wagugu afifide bi so

FI ASE WƆ NE MMOFRAASE PƐƐ

Sɛ woboa wo mma ma wodi wɔn asɛde ho dwuma a, wobetumi atoto nneɛma yiye wɔ abrabɔ mu bere a wɔanyin no

Ma Wo Ba Nhwɛ Wo Nsua Wo

  • Meyɛ obi a mepɛ adwuma, mitumi toto me nneɛma yiye, na midi bere so anaa?

  • Ɛyɛ a me mma hu sɛ mereyɛ fie nnwuma anaa?

  • Midi mfomso a, migye tom na mepa ho kyɛw anaa?

Nea Yɛyɛe Ni . . . 

“Me mma no mmofraase pɛɛ no, sɛ merenoa aduan a, na mema wɔboa me. Sɛ merebobɔ nneɛma a, na mema wɔyɛ bi. Merepopa nneɛma ho nso a, me ne wɔn ara. Enti eduu baabi no, na wɔn kɔn dɔ sɛ wɔbɛyɛ adwuma. Nea na wɔn ani gye ho ara ne sɛ wɔne me bɛbom ayɛ ade. Ɛno nti seesei, wotumi di wɔn asɛde ho dwuma.”​—Laura.

“Bere bi, yɛn ba ketewa no ne yɛn adamfo bi ankasa yiye, enti mema ɔfrɛɛ no wɔ fon so paa no kyɛw. Efi saa bere no, sɛ wankasa yiye na sɛ asɛm a ɔkae no yɛ nokware mpo a, yɛma ɔpa ho kyɛw. Seesei de, sɛ odi mfomso a, ɔno ara fi ne pɛ mu pa ho kyɛw.”​—Debra.

SƐ ABOFRA GYE NE BƆNE HO ASODI TOM A, MFASO BƐN NA ONYA?

Ɔbenfo bi a wɔfrɛ no Jessica Lahey kaa wɔ nhoma bi mu sɛ: “Ɛho hia sɛ awofo kae sɛ, mfomso a wɔn mma di no, mmofra no tumi sua nneɛma pa pii fi mu.” Ɔtoaa n’asɛm no so sɛ: “Afe biara mmofra a mekyerɛ wɔn ade no, wɔn a wɔbɔ mmɔden pa ara no yɛ wɔn a sɛ wodi mfomso a, na wɔn awofo ntwitwa nnye wɔn no. Mmom na wɔn awofo boa wɔn ma wosiesie wɔn mfomso no. Saa mmofra yi na na wɔn ani gye pa ara, na esii wɔn yiye nso.”​—Atlantic.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena