Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g17 nɔma 6 kr. 8-9
  • Kyerɛkyerɛ Wo Mma na Wɔmmrɛ Wɔn Ho Ase

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kyerɛkyerɛ Wo Mma na Wɔmmrɛ Wɔn Ho Ase
  • Nyan!—2017
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ƆHAW NO
  • NEA ƐSƐ SƐ WUHU
  • NEA WUBETUMI AYƐ
  • Sɛnea Ɔbɛbrɛ Ne Ho Ase
    Nyan!—2019
  • Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Wohyɛ Ahobrɛase?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nya Ahobrɛase Ankasa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Sɛnea Obegyina Tebea Biara Ano
    Nyan!—2019
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2017
g17 nɔma 6 kr. 8-9
Abarimaa bi rehwɛ kwan sɛ ne maame bɛsom no

MMOA A WƆDE MA ABUSUA NO | MMOFRA NTETEE

Kyerɛkyerɛ Wo Mma na Wɔmmrɛ Wɔn Ho Ase

ƆHAW NO

  • Wo babarima mmu hwee, nanso wadi mfe du pɛ!

  • Ɔpɛ sɛ obiara bu no sɛ ɔyɛ soronko.

Wudwen ho sɛ: ‘Ɛdɛn na ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ yi? Mepɛ sɛ n’ani gye, na ɛnyɛ sɛ ɔbɛte nka sɛ ɔkyɛn obiara!’

Enti wubetumi akyerɛkyerɛ wo ba ama wabrɛ ne ho ase a wummu n’abam anaa?

Abaayewa bi te agua mu te sɛ ɔhemmaa, na n’awofo abu nkotodwe wɔ n’anim

NEA ƐSƐ SƐ WUHU

Mfe kakra ni, wɔahyɛ awofo nkuran sɛ nea wɔn mma pɛ biara ɛsɛ sɛ wɔyɛ ma wɔn; sɛ abofra no nyɛɛ biribiara a ɛfata nkamfo mpo a, wɔnkamfo no; ɛnsɛ sɛ wɔteɛ ne so anaa wɔtwe n’aso. Adwen no ne sɛ, sɛ wɔma mmofra tirim yɛ wɔn dɛ a, sɛ wonyin a wobebu wɔn ho sɛnea ɛsɛ. Nanso dɛn na afi mu aba? Nhoma bi ka sɛ: “Sɛ́ anka tirimdɛ no bɛma mmofra no anya suban pa ne anigye no, ama mmofra no kyerɛ wɔn ho mmom.”​—Generation Me.

Mmofra binom wɔ hɔ a wɔkamfo wɔn kɛkɛ. Enti sɛ wonyin na nneɛma ankɔ sɛnea wɔhwɛ kwan, obi kasa tia wɔn, anaa wɔantumi anyɛ biribi a ɛsɛ sɛ wɔyɛ a, na wɔn abam abu. Ɛyɛ a wɔma mmofra bi de wɔn adwene si nea wɔn nko ara pɛ so, enti sɛ wonyin na wɔfa nnamfo a, ɛnkyɛ na asɛe. Eyi de adwinnwen ne adwenemhaw abɛto wɔn mu bebree so.

Sɛ abofra behu sɛ mfaso wɔ ne so ampa a, ɛnyɛ sɛ daa wubegyigye ne so kɛkɛ, mmom ɛsɛ sɛ otumi yɛ adepa bi. Ɛno nso, ɛnyɛ ɛno ara ne sɛ obegye ne ho adi kɛkɛ. Ɛsɛ sɛ osua sɛnea yɛyɛ ade no, ɔde nea wasua no yɛ adwuma, na ɔyɛ nsakrae a ɛho hia. (Mmebusɛm 22:29) Afei nso, ɛho hia sɛ odwen afoforo ahiade ho. (1 Korintofo 10:24) Eyi nyinaa hwehwɛ sɛ ɔbrɛ ne ho ase.

NEA WUBETUMI AYƐ

Wobɛkamfo no a, hwɛ sɛ ɔfata nkamfo ampa. Sɛ wo ba kyerɛw sɔhwɛ wɔ sukuu na otwa a, kamfo no. Sɛ wanyɛ ade a, mfa nhyɛ ɔkyerɛkyerɛfo no. Anyɛ saa a, ɔrensua ahobrɛase. Mmom no, boa no ma onhu sɛnea da foforo ɔbɛyɛ ade. Twɛn na kamfo no bere a wayɛ ade a ɛsɛ nkamfo.

Sɛ ehia sɛ woteɛ ne so a, yɛ saa. Eyi nkyerɛ sɛ ɔyɛ ade ketewaa bi mpo a na woatwiw n’anim. (Kolosefo 3:21) Nanso ɔyɛ biribi a anibere wom a, teɛ ne so. Sɛ ɔwɔ suban bi a enye nso a, saa na ɛsɛ sɛ woyɛ. Anyɛ saa a, ebetumi aka ne hɔ.

Wo de, fa no sɛ ɛyɛ a wo ba dwa n’anom. Sɛ woanteɛ ne so a, obetumi abɛyɛ obi a otu ne ho, na nkurɔfo befi ase atwe wɔn ho afi ne ho. Enti kyerɛkyerɛ mu kyerɛ wo ba no sɛ, sɛ ɔmoma ne ho so a enye, na ebetumi ama n’anim agu ase. (Mmebusɛm 27:2) Afei ma onhu sɛ, obi a obu ne ho tra so na ɔkeka nea otumi yɛ kyerɛ nkurɔfo, enti mma ɔnyɛ saa. Sɛ wufi ɔdɔ mu teɛ wo ba so saa a, wobɛkyerɛ no ahobrɛase, nanso ɔrente nka sɛ ɔnsɛ hwee.​—Bible mu asɛm: Mateo 23:12.

Boa wo ba ma onhu sɛnea abrabɔ te. Sɛ woyɛ nea abofra no pɛ biara ma no a, n’adwene bɛyɛ no sɛ ɛsɛ sɛ onya nea ɔpɛ biara. Enti, sɛ ebia wo ba pɛ biribi nanso wuntumi nnya mma no a, kyerɛ no nea enti a ɛsɛ sɛ ɔma nea ɔwɔ no ara sɔ n’ani. Sɛ moayɛ mo adwene sɛ mubepue anaa mubetu kwan nanso wopɛ sɛ wutwa mu a, wubetumi akyerɛ mu sɛ ɛnyɛ da biara na nneɛma bɛkɔ sɛnea ɔhwɛ kwan. Afei wubetumi akyerɛ no nea woyɛ bere a nneɛma ankɔ sɛnea wohwɛ kwan no. Sɛ́ anka wobɛbɔ wo mma ho ban afi ɔhaw biara ho no, siesie wɔn ma wonhu sɛnea sɛ wonyin na wohyia ɔhaw a wobedi so.​—Bible mu asɛm: Mmebusɛm 29:21.

Hyɛ no nkuran ma ɔnyɛ nkurɔfo papa. Ma wo ba nhu sɛ “ɔma mu wɔ anigye pii sen ogye.” (Asomafo Nnwuma 20:35) Wobɛyɛ no sɛn? Ebia na nkurɔfo bi hia mmoa na wɔatumi akodi gua, akɔfa kar, anaa wɔasiesie biribi. Wubetumi ne wo ba no abom akyerɛw saafo no din. Afei wo ne wo ba no nkɔboa saa nkurɔfo no bi. Ma wo ba no nhu sɛ, sɛ woboa nkurɔfo a, w’ani gye na wo koma tɔ wo yam. Woyɛ saa a, wode wo nhwɛso bɛkyerɛkyerɛ wo ba ama wabrɛ ne ho ase. Ɛno ne ɔkwan a eye sen biara a wobɛkyerɛ no ahobrɛase.​—Bible mu asɛm: Luka 6:38.

Sɛ wopɛ wei ho nsɛm pii a, fa w’afiri skan ahyɛnsode yi, anaa kɔ yɛn wɛbsaet www.jw.org/tw na hwehwɛ “Tete Wo Ba Ma Onnwen Nnipa Ho Wɔ Pɛsɛmenkominya Wiase Mu.”

KYERƐW NSƐM ATITIRIW

  • “Obiara a ɔma ne ho so no wɔbɛbrɛ no ase, na obiara a ɔbrɛ ne ho ase no wɔbɛma no so.”​—Mateo 23:12.

  • “Sɛ obi gyigye n’akoa so fi ne mmofraase a, akyiri nna mu no ɔbɛyɛ bonniayɛfo.”​—Mmebusɛm 29:21.

  • “Monkɔ so mma.”​—Luka 6:38.

BU AFOFORO SƐ WƆKYƐN WO

Bible ka sɛ: “Mommfa mansotwe anaa anuonyamhunupɛ nnyɛ biribiara, na mmom mumfi ahobrɛase mu mmu afoforo sɛ wɔkyɛn mo, na monnhwɛ nneɛma a ɛfa mo nko ara ho, na mmom monhwɛ nea ɛfa afoforo ho nso bi.”​—Filipifo 2:3, 4.

Sɛ wotete abofra ma obegye saa asɛm yi tom a, ɛbɛma wahu sɛ ɛnyɛ dɛn ara a obi kyɛn no wɔ biribi mu. Awiei koraa no, ahobrɛase bɛboa wo ba no na wanyɛ sɛ nnipa a wodwen wɔn nkutoo ho wɔ wiase nnɛ no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena