Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g19 nɔma 2 kr. 8-9
  • Sɛnea Obegyina Tebea Biara Ano

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛnea Obegyina Tebea Biara Ano
  • Nyan!—2019
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • OBI TUMI GYINA TEBEA BIARA ANO A, ƐKYERƐ SƐN?
  • ADƐN NTI NA EHIA SƐ OTUMI GYINA TEBEA BIARA ANO?
  • SƐNEA WOBƐBOA NO MA WAGYINA TEBEA BIARA ANO
  • Meyɛ Obi a Memma Ɔhaw Mmu Mfa Me So Anaa?
    Mmabun Bisa Sɛ
  • Sɛnea Wobɛboa Wo Mma Na Sɛ Wodi Nkogu a Wɔahu Nea Wɔbɛyɛ
    Mmoa a Wɔde Ma Abusua No
  • Kyerɛkyerɛ Wo Mma na Wɔmmrɛ Wɔn Ho Ase
    Nyan!—2017
  • Boa Wo Ba ma Onnyina Awerɛhodi Ano
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2019
g19 nɔma 2 kr. 8-9
Abofra bi ayɛ basaa esiane sɛ wantumi anto keeki bi yiye nti; ne maame reboa no

ADESUA 3

Sɛnea Obegyina Tebea Biara Ano

OBI TUMI GYINA TEBEA BIARA ANO A, ƐKYERƐ SƐN?

Obi a otumi gyina tebea biara ano no, sɛ ohyia ɔhaw bi a, otumi di ho dwuma, na ɔsan gyina ne nan so bio. Sɛ abofra bi betumi ayɛ wei a, gye sɛ osua. Abofra resua nantew a, ɛwom ara a ɔbɛhwe ase. Saa ara nso na sɛ ebesi wo ba no yiye wɔ abrabɔ mu a, ɛsɛ sɛ ɔhwɛ kwan sɛ ɛtɔ da a, obehyia ɔhaw.

ADƐN NTI NA EHIA SƐ OTUMI GYINA TEBEA BIARA ANO?

Mmofra bi wɔ hɔ a, sɛ wɔantumi anyɛ biribi yiye, wohyia ɔhaw bi, anaa wɔyɛ biribi na afoforo ka ho asɛm pɛ a, wobɛhwɛ na wɔn abam abu. Ebinom mpo de ahwease yɛ nna. Nanso ɛsɛ sɛ wɔte nokwasɛm a edidi so yi ase:

  • Ɛnyɛ daa na nneɛma bɛkɔ yiye ama yɛn.​—Yakobo 3:2.

  • Ɔhaw tumi to obiara wɔ n’asetenam.​—Ɔsɛnkafo 9:11.

  • Yehia afotu na ama yɛatu mpɔn wɔ asetenam.​—Mmebusɛm 9:9.

Sɛ wo ba tumi gyina tebea biara a ohyia ano a, ɛbɛma wanya gyidi sɛ ɔhaw foforo biara a obehyia wɔ abrabɔ mu no, obetumi agyina mu.

SƐNEA WOBƐBOA NO MA WAGYINA TEBEA BIARA ANO

Bere a wo ba ammɔ mmɔden wɔ biribi mu.

BIBLE MU AFOTUSƐM: “Sɛ ɔtreneeni hwe ase mpɛn ason mpo a, ɔbɛsɔre.”​—Mmebusɛm 24:16.

Boa wo ba ma onnya ɔhaw a ohyia ho adwene a ɛfata. Ɛho nhwɛso ne sɛ, sɛ ɔkyerɛw sɔhwɛ na wantwa a, dɛn na ɔbɛyɛ? N’abam betumi abu ma waka sɛ, “Mede, meyɛ biribiara a ɛnyɛ yiye!”

Sɛ wo ba no betumi agyina ɔhaw a ɛte saa ano a, kyerɛ no nea ɔyɛ a ɛbɛboa no ma wabɔ ne ho mmɔden bere foforo. Woyɛ saa a, obegye ɔhaw no atom sen sɛ ɔbɛma apira no.

Nanso, sɛ anka wubedi ɔhaw no ho dwuma ama no no, boa no ma ɔno ara nni ho dwuma. Wubetumi abisa wo ba no sɛ, “Nea woresua wɔ sukuu mu no, dɛn na ɛbɛboa wo ma woatumi ate ase yiye?”

Bere a asɛmmɔne bi asi.

BIBLE MU AFOTUSƐM: “Munnim nea ɛbɛto mo ɔkyena.”​—Yakobo 4:14.

Obi nnim ɔkyena asɛm. Obi wɔ sika nnɛ a, obetumi adan ohiani ɔkyena. Obi te apɔw nnɛ a, ɔkyena obetumi ayare. Bible ka sɛ: “Ɛnyɛ ahoɔharefo na wodi nkonim mmirikatu mu, na ɛnyɛ ahoɔdenfo na wodi nkonim ɔko mu, efisɛ asiane to wɔn nyinaa bere a wɔnhwɛ kwan.”​—Ɔsɛnkafo 9:11.

Sɛ woyɛ ɔwofo a, ɛsɛ sɛ wobɔ mmɔden bɔ wo ba ho ban fi asiane ho. Nanso ɛnyɛ bere nyinaa na wubetumi atwitwa agye wo ba no.

Sɛ wo ba hyia ɔhaw ahorow a, ɛsɛ sɛ woboa no ma ogyina ano. Ebi ne bere a ɔne n’adamfo bi ntam atetew anaa ne busuani bi awu.a Sɛ woboa no ma ogyina ɔhaw a ɛtete saa ano a, ɛbɛma wahu sɛnea obegyina ɔhaw afoforo ano bere a wanyin no. Ebi ne sɛ ebia n’adwuma afi ne nsa, anaa ne sikasɛm ayɛ basaa.

Bere a obi de afotu pa ama wo ba.

BIBLE MU AFOTUSƐM: ‘Tie afotu na woahu nyansa daakye.’​—Mmebusɛm 19:20.

Sɛ obi teɛ wo ba so a, ɛno nkyerɛ sɛ ɔmpɛ wo ba no asɛm, mmom ɔpɛ sɛ esi no yiye.

Sɛ woboa wo ba ma otie afotu a, wo ne wo ba no nyinaa benya so mfaso. Agya bi a ɔde John kaa sɛ: “Sɛ wo mma di mfomso na bere nyinaa wutwitwa gye wɔn a, wɔrenhu nyansa da. Da biara wɔde ɔhaw foforo bɛba fie, na wo a woyɛ ɔwofo no na daa wobɛhwɛ adi ho dwuma. Biribi a ɛte saa betumi ama asetena afono awofo ne wɔn mma no nyinaa.”

Wobɛyɛ dɛn aboa wo ba na sɛ afoforo de afotu pa ma no a, wanya so mfaso? Sɛ wɔde nteɛso ma wo ba no wɔ sukuu mu anaa baabi foforo biara a, nkogyina wo ba no akyi. Mmom wubetumi abisa wo ba no sɛ:

  • “Wohwɛ a, adɛn nti na ɔde saa nteɛso no maa wo?”

  • “Dɛn na wobɛyɛ na bere foforo woansan anyɛ bio?”

  • “Sɛ biribi a ɛte sɛɛ si bio a, dɛn na wobɛyɛ?”

Kae sɛ, sɛ obi de afotu pa ma wo ba a, ɛnyɛ nnɛ nko ara na obenya so mfaso. Daakye nso sɛ onyin a, ɛbɛboa no.

a Hwɛ asɛm a wɔato din “Boa Wo Ba ma Onnyina Awerɛhodi Ano” a ɛbaa July 1, 2008 Ɔwɛn-Aban mu no.

Abofra bi ayɛ basaa esiane sɛ wantumi anto keeki bi yiye nti; ne maame reboa no

FI ASE WƆ NE MMOFRAASE PƐƐ

Sɛ abofra hyia ɔhaw bi na otumi di ho dwuma, anaa odi mfomso na wamma n’abam ammu a, ɛda adi sɛ daakye ɔresua adwuma na ohyia nsɛnnennen a, obetumi agyina ano na ɛbɛma wahu adwuma no nso

Ma Wo Ba Nhwɛ Wo Nsua Wo

  • Ɛyɛ a migye me mfomso tom anaa mede hyɛ afoforo?

  • Ɛyɛ a meka mfomso a midii ne nea masua afi mu ho asɛm kyerɛ me mma?

  • Sɛ obi di mfomso a, ɛyɛ a meserew no?

Nea Yɛyɛe Ni . . . 

“Yɛamma yɛn mma no ante nka sɛ, sɛ wohyia ɔhaw anaa wodi mfomso bi a, yɛn ara yebedi ho dwuma ama wɔn. Bere a na meyɛ abofra no, ɔhaw ahorow a mefaa mu no boaa me maa minyaa suban pa. Seesei yɛn mma no anyinyin abɛyɛ mpanyimfo. Esiane sɛ yɛannyigye wɔn so bere a na wɔyɛ mmofra no nti, asi wɔn yiye.”​—Jeff.

“Bere biara a me ne me yere bedi mfomso bi atia yɛn mma no, yɛpa wɔn kyɛw. Migye di sɛ ɛsɛ sɛ awofo ka mfomso ahorow a wɔadi wɔ wɔn abrabɔ mu, ne ɔhaw ahorow a wɔahyia ho asɛm kyerɛ wɔn mma. Wei bɛma mmofra no ahu sɛ, yɛyɛ nnipa yi de, ɛnyɛ dɛn ara a yebedi mfomso wɔ abrabɔ mu.”​—James.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena