Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • my asɛm 10
  • Nsuyiri Kɛse No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsuyiri Kɛse No
  • Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nnipa Nwɔtwe Nyaa Nkwa Kɔɔ Wiase Foforo Bi Mu
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Noa Pam Adaka
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Noa Adaka
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Wɔkoraa Ɔne “Nnipa Baason So”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
Hwɛ Pii Ka Ho
Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
my asɛm 10
Adaka no si nsu no so

ASƐM 10

Nsuyiri Kɛse No

ADAKA no akyi no nkurɔfo kɔɔ so yɛɛ wɔn ade sɛnea wɔyɛ daa no. Wɔannye anni sɛ Nsuyiri no bɛba. Ebetumi aba sɛ wɔserewee kɛse mpo. Nanso ankyɛ na wogyaee serew.

Mpofirim ara nsu fii ase tɔe. Efi soro hwie gui te sɛ nea wɔrehwie nsu afi bokiti mu. Na Noa asɛm no yɛ nokware! Nanso na aka akyiri dodo sɛ obi foforo bɛkɔ adaka no mu. Ná Yehowa ato pon no mu denneennen.

Ankyɛ na nsu kataa mmeae a ɛba fam no nyinaa so. Nsu no bɛyɛɛ sɛ nsubɔnten akɛse. Etutuu nnua guu fam na epiapiaa abo akɛse ma ɛyɛɛ hoo. Ehu kaa nkurɔfo no. Wɔforo kɔɔ mmepɔw so. Wɔn yam a anka wotiee Noa na wɔkɔɔ adaka no mu bere a wɔntoo mu no! Nanso na aka akyi dodo.

Nsu no kɔɔ so yirii bere nyinaa. Nsu tɔe adaduanan, awia ne anadwo. Na awiei koraa no ɛkataa mmepɔw a ɛkorɔn sen biara mpo so. Enti sɛnea na Onyankopɔn aka no, nnipa ne mmoa a wɔankɔ adaka no mu nyinaa wuwui. Nanso obiara a ɔwɔ adaka no mu nyaa nkwa.

Biribiara a enni adaka no mu no, nsu kɛse no ayiri afa

Noa ne ne mma no bɔɔ mmɔden pam adaka no yiye. Nsu no maa so, na ɛtaa nsu no ani. Afei da koro, bere a nsu no gyaee tɔ no, owia no puei. Na ɛyɛ hu! Ná nsu nkutoo na wohu wɔ baabiara. Na ade ara a wotumi hu nso ne adaka a ɛtaa ani no.

Na nnipa abran no kɔ. Na wɔrenhaw nnipa bio. Na wɔn nyinaa awuwu, wɔne wɔn maamenom ne nnipa bɔne a aka no nyinaa. Na dɛn na ɛbaa wɔn papanom so?

Na nnipa abran no papanom nyɛ nnipa te sɛ yɛn. Na wɔyɛ abɔfo a wɔayɛ wɔn ho nnipa abɛtra asase so. Enti bere a Nsuyiri no bae no, wɔne nnipa a aka no anwu. Wɔworɔw honam nipadua a na wɔafa no guu hɔ na wɔsan kɔɔ soro sɛ abɔfo. Nanso wɔamma wɔn kwan amma wɔankɔ Onyankopɔn abɔfo abusua no mu bio. Enti wɔbɛyɛɛ Satan abɔfo. Bible mu no wɔfrɛ wɔn adaemone.

Afei Onyankopɔn maa mframa bɔe, na nsu no fii ase sɛ ɛretwetwe. Asram anum akyi no adaka no besii bepɔw bi atifi. Nna pii twaam bio, na afei de na nnipa a wɔwɔ adaka no mu no tumi hu mmepɔw ahorow atifi. Nsu no kɔɔ so twee nkakrankakra.

Afei Noa maa anomaa tuntum bi a wɔfrɛ no kwaakwaadabi pue fii adaka no mu. Ɔkɔ kakra a na wasan aba, efisɛ na onnya baabi pa nsi. Ɔkɔɔ so yɛɛ eyi, na bere biara a ɔsan bae no obesii adaka no so.

Noa pɛe sɛ ohu sɛ nsu no atwe anaa, enti ɔsan maa aborɔnoma pue fii adaka no mu. Nanso aborɔnoma no nso san bae efisɛ wannya baabi pa ansi. Akyiri yi Noa ma ofii adi bio na ɔsan bae a na ngodua ahaban tua n’ano. Enti Noa hui sɛ nsu no atwe. Noa maa aborɔnoma no fii adi ne mprɛnsa so na saa bere yi de onyaa baabi pa trae.

Afei Onyankopɔn kasa kyerɛɛ Noa. Ɔkae sɛ: ‘Fi adaka no mu. Wo ne wo fifo ne mmoa no nyinaa.’ Ná wɔatra adaka no mu bɛboro afe. Enti yetumi hu anigye ara a wonyae sɛ wofii adaka no mu puei a na wɔwɔ nkwa mu!

Genesis 7:10-24; 8:1-17; 1 Petro 3:19, 20.

Nsɛmmisa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena