Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • my asɛm 13
  • Abraham—Onyankopɔn Adamfo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Abraham—Onyankopɔn Adamfo
  • Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Abraham Ne Sara Tiee Onyankopɔn
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Hena Ne Abraham?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • So Wowɔ Gyidi Te Sɛ Abraham?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
Hwɛ Pii Ka Ho
Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
my asɛm 13
Abraham ama ne ti so rehwɛ nsoromma a egu wim no

ASƐM 13

Abraham—Onyankopɔn Adamfo

WƆFRƐ mmeae a nnipa kɔtrae wɔ Nsuyiri no akyi no biako Ur. Ɛbɛyɛɛ kurow titiriw a adan a ɛyɛ fɛ wom. Nanso na nnipa a wɔwɔ hɔ no som abosom. Saa nso na wɔyɛe wɔ Babel. Na nnipa a wɔwɔ Ur ne Babel no nte sɛ Noa ne ne ba Sem a wɔkɔɔ so som Yehowa no.

Akyiri yi, nsuyiri no akyi mfe 350 no, gyidini Noa wui. Ɛno akyi mfe abien pɛ na wɔwoo ɔbarima a wuhu wɔ mfonini yi mu no. Na ɔyɛ nipa titiriw ma Onyankopɔn. Wɔfrɛ no Abraham. Ná ɔne n’abusuafo te Ur kurow no mu.

Da koro Yehowa ka kyerɛɛ Abraham sɛ: ‘Fi Ur ne w’abusuafo mu, na kɔ ɔman a mɛkyerɛ wo no mu.’ So Abraham tiee Onyankopɔn ma ogyaw anigyede a ɛwɔ Ur no nyinaa anaa? Yiw. Na esiane sɛ Abraham tiee Onyankopɔn bere nyinaa nti, wɔbɛfrɛɛ no Onyankopɔn adamfo.

Abraham abusuafo bi ne no kɔe bere a ofii Ur no. Ne papa Tera kaa ne ho. Na ne nuabarima ba Lot nso ne no kɔe. Ne ne yere Sara nso. Wokoduu baabi a wɔfrɛ hɔ Haran, na Tera wui. Ná wɔne Ur ntam aware.

Bere bi akyi no Abraham ne ne fifo fii Haran na wɔbaa asase a wɔfrɛ no Kanaan no so. Ɛhɔ no Yehowa kae sɛ: ‘Asase yi na mede mɛma wo mma.’ Abraham traa Kanaan na ɔtraa ntamadan mu.

Onyankopɔn fii ase boaa Abraham na obenyaa nguan ne mmoa afoforo pii, ne nkoa ahaha. Nanso na ɔne ne yere Sara nni ba.

Bere a Abraham dii mfe 99 no, Yehowa kae sɛ: ‘Mehyɛ wo bɔ sɛ wobɛyɛ aman pii agya.’ Nanso na ɛbɛyɛ dɛn na aba saa, bere a na Abraham ne Sara anyin dodo sɛ wɔbɛwo ba no?

Genesis 11:27-32; 12:1-7; 17:1-8, 15-17; 18:9-19.

Nsɛmmisa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena