Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lfb adesua 8 kr. 26-kr. 27 nky. 1
  • Abraham Ne Sara Tiee Onyankopɔn

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Abraham Ne Sara Tiee Onyankopɔn
  • Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Hena Ne Abraham?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Abraham—Onyankopɔn Adamfo
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Yehowa Frɛɛ No “M’adamfo”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2016
  • Abraham ne Sara Wubetumi Asuasua Wɔn Gyidi!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
Hwɛ Pii Ka Ho
Sua Biribi Fi Bible Mu
lfb adesua 8 kr. 26-kr. 27 nky. 1
Abraham ne Sara reboaboa wɔn ho atu afi Ur

ADESUA 8

Abraham Ne Sara Tiee Onyankopɔn

Ná kurow bi bɛn Babel; yɛfrɛ hɔ Ur. Nnipa a wɔte hɔ no, na wɔsom anyame anaa abosom pii. Ná wɔnsom Yehowa. Nanso na ɔbarima bi wɔ Ur; ɔno de na ɔsom Yehowa nko ara. Ne din de Abraham.

Yehowa ka kyerɛɛ Abraham sɛ: ‘Fi wo fie ne w’abusuafo nkyɛn, na kɔ ɔman a mɛkyerɛ wo no so.’ Afei Onyankopɔn hyɛɛ no bɔ sɛ: ‘Wobɛyɛ ɔman kɛse anaa w’asefo bɛdɔɔso, na wo nti mɛyɛ nneɛma pa ama nnipa bebree wɔ asaase so nyinaa.’

Ná Abraham nnim baabi a Yehowa pɛ sɛ ɔkɔ no, nanso onyaa Yehowa mu gyidi. Enti Abraham, ne yere Sara, ne papa Tera, ne ne nua ba Lot tiee Onyankopɔn. Wɔsesaa wɔn nneɛma, na wɔfii akwantu no ase.

Asaase a na Yehowa pɛ sɛ Abraham ne n’abusua kɔ so no, wɔkɔe. Yɛfrɛ hɔ Kaanan. Bere a wɔduu hɔ no, na Abraham adi mfe 75. Onyankopɔn ne Abraham kasaa wɔ hɔ, na ɔhyɛɛ Abraham bɔ sɛ: ‘Asaase a ɛda w’anim yi nyinaa mede bɛma wo mma.’ Nanso na Abraham abɔ akwakoraa, na na Sara abɔ aberewa, nso na wɔnni ba. Ɛnde na dɛn na Yehowa bɛyɛ ama ne bɔhyɛ no abam?

Abraham ne n’abusua nam kwan so rekɔ Kaanan

‘Gyidi nti Abraham tiee Yehowa, na osiim kɔɔ baabi a na obenya sɛ agyapade no; ɛwom sɛ na onnim baabi a ɔrekɔ, nanso osiim kɔe.’—Hebrifo 11:8

Nsɛmmisa: Dɛn na Yehowa ka kyerɛɛ Abraham sɛ ɔnyɛ? Dɛn na Yehowa de hyɛɛ Abraham bɔ?

Genesis 11:29–12:9; Asomafo Nnwuma 7:2-4; Galatifo 3:6; Hebrifo 11:8

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena