Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • my asɛm 19
  • Yakob wɔ Abusua Kɛse

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yakob wɔ Abusua Kɛse
  • Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Anuanom Mmea A Wohuu Amane A ‘Wɔkyekyee Israel Fie’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Yakob Kɔ Haran
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Yakob Ani Sɔɔ Honhom Fam Nneɛma Pa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Yakob Ne Esau Siesiee Wɔn Ntam
    Sua Biribi Fi Bible Mu
Hwɛ Pii Ka Ho
Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
my asɛm 19
Yakob ne ne mma mmarima no

ASƐM 19

Yakob wɔ Abusua Kɛse

HWƐ saa abusua kɛse yi. Eyinom ne Yakob mmabarima 12 no. Ná ɔwɔ mmabea nso. Wunim mmofra no mu binom din? Ma yensua bi.

Lea woo Ruben, Simeon, Lewi ne Yuda. Bere a Rahel hui sɛ ɔnwo ba biara no, ne werɛ howee pii. Enti ɔde n’abaawa Bilha maa Yakob, na Bilha ne no woo mmabarima baanu a wɔfrɛ wɔn Dan ne Naftali. Na Lea nso de n’abaawa Silpa maa Yakob, na Silpa woo Gad ne Aser. Akyiri yi Lea san woo mmabarima baanu, Isakar ne Sebulon.

Awiei no Rahel woe. Ɔtoo ne din Yosef. Akyiri yi yɛbɛka Yosef ho asɛm pii, efisɛ ɔbɛyɛɛ onipa titiriw. Mmabarima 11 a Yakob woe bere a ɔne Rahel papa Laban te no ni.

Yakob woo mmabea bi nso, nanso wɔn mu biako pɛ na Bible bɔ ne din. Wɔfrɛ no Dina.

Bere dui a Yakob yɛe sɛ obefi Laban nkyɛn asan akɔ Kanaan. Enti ɔboaa n’abusua kɛse no ne ne nguan ne anantwi no nyinaa ano, na wosiim kotwaa kwan tenten no.

Bere a Yakob ne n’abusua no beduu Kanaan no akyi bere tiaa bi no, Rahel woo ɔbabarima bio. Ɛbae bere a wɔnam kwan so no. Rahel awo no mu yɛɛ den, na akyiri yi owui bere a ɔrewo. Nanso abofra ketewa no anwu. Yakob too ne din Benyamin.

Yɛpɛ sɛ yɛkae Yakob mmabarima 12 no din efisɛ wɔn mu na Israel man no nyinaa fi bae. Nokwarem no, wɔde Israel mmusuakuw 12 no mu 10 too Yakob mma no na wɔde baanu too Yosef mma. Isak traa ase mfe pii bere a wɔwoo mmarima yi nyinaa akyi no, na ebetumi aba sɛ n’ani gyei sɛ onyaa nananom pii saa. Nanso ma yɛnhwɛ nea ɛbaa ne nana Dina so.

Genesis 29:32-35; 30:1-26; 35:16-19; 37:35.

Nsɛmmisa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena