Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lfb adesua 13 kr. 36-kr. 37 nky. 1
  • Yakob Ne Esau Siesiee Wɔn Ntam

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yakob Ne Esau Siesiee Wɔn Ntam
  • Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ntafo a Ɛsono Wɔn
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Yakob Nyaa Agyapade No
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Yakob Ani Sɔɔ Honhom Fam Nneɛma Pa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
Hwɛ Pii Ka Ho
Sua Biribi Fi Bible Mu
lfb adesua 13 kr. 36-kr. 37 nky. 1
Yakob abɔ ne mu ase, na Esau de mmirika rehyia no

ADESUA 13

Yakob Ne Esau Siesiee Wɔn Ntam

Yehowa hyɛɛ Yakob bɔ sɛ ɔbɛbɔ ne ho ban sɛnea ɔbɔɔ Abraham ne Isak ho ban no. Yakob kɔtenaa baabi a yɛfrɛ hɔ Haran. Ɔwaree wɔ hɔ, onyaa abusua kɛse, na onyaa sika pii.

Akyiri yi, Yehowa ka kyerɛɛ Yakob sɛ: ‘San kɔ wo kurom.’ Ná ɔkwan no ware paa, nanso Yakob ne n’abusua sii kwan so. Bere a wɔnam kwan so no, nkurɔfo behyiaa Yakob, na wɔka kyerɛɛ no sɛ: ‘Wo nua Esau reba, na mmarima 400 ka ne ho!’ Ná Yakob suro sɛ ne nua no bɛyɛ ɔne n’abusua no bɔne. Enti ɔbɔɔ Yehowa mpae sɛ: ‘Mesrɛ wo gye me fi me nua Esau nsam.’ Da a edi hɔ no, Yakob soma ma wɔde nguan, mpɔnkye, anantwi, yoma (camel), ne mfurum (donkey) bebree kɔkyɛɛ Esau.

Saa anadwo no, bere a na aka Yakob nko ara no, ohuu ɔbɔfo bi! Ɔbɔfo no fii ase ne no dii aperepere. Wɔyɛɛ saa ara ma ade kyee. Ɛwom sɛ ɔbɔfo no piraa Yakob, nanso wannyaw ɔbɔfo no amma wankɔ. Ɔbɔfo no ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Ma menkɔ.’ Nanso Yakob kaa sɛ: ‘Woanhyira me a, meremma wonkɔ.’

Awiei koraa no, ɔbɔfo no hyiraa Yakob. Afei Yakob behuu sɛ Yehowa remma kwan mma Esau nyɛ no bɔne.

Saa anɔpa no, bere a Yakob too n’ani no, ohuu Esau ne ne mmarima 400 no. Yakob dii n’abusua no anim kan, na ɔkɔbɔɔ ne mu ase mpɛn nson wɔ ne nua no anim. Esau tuu mmirika behyiaa Yakob, na ɔyɛɛ no atuu de ne nsa guu ne kɔn mu. Anuanom mmienu yi nyinaa sui, na wɔsiesiee wɔn ntam. Wohwɛ a, ɔkwan a Yakob faa so siesiee ɔne ne nua no ntam no, Yehowa tee nka sɛn wɔ ho?

Akyiri yi, Esau san kɔɔ ne fie, na Yakob nso kɔɔ ne fie. Yakob woo mmabarima 12. Wɔn din na edidi so yi: Ruben, Simeon, Lewi, Yuda, Dan, Naftali, Gad, Aser, Isakar, Sebulon, Yosef, ne Benyamin. Yehowa faa Yakob mmabarima no mu baako so gyee Yehowa nkurɔfo. Ɔno ne Yosef. Wunim ɔkwan a Yehowa faa so? Ma yɛnhwɛ.

“Monkɔ so nnɔ mo atamfo, na mommɔ mpae mma wɔn a wɔtan mo ani, na moakyerɛ sɛ moyɛ mo Agya a ɔwɔ soro no mma.”—Mateo 5:44, 45

Nsɛmmisa: Adɛn nti na Yakob nyaa nhyira? Ɔkwan bɛn na ɔfaa so siesiee ɔne ne nua no ntam?

Genesis 28:13-15; 31:3, 17, 18; 32:1-29; 33:1-18; 35:23-26

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena