Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • my asɛm 17
  • Ntafo a Ɛsono Wɔn

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ntafo a Ɛsono Wɔn
  • Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yakob Nyaa Agyapade No
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Yakob Ne Esau Siesiee Wɔn Ntam
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Si Gyinae Pa na Bɔ W’agyapade Ho Ban
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
Hwɛ Pii Ka Ho
Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
my asɛm 17
Yakob rehwɛ ne nguan. Wei yɛ bere a na ɔyɛ abofra no

ASƐM 17

Ntafo a Ɛsono Wɔn

ƐSONO mmofra baanu a wɔwɔ ha no koraa, ɛnte saa? Wunim wɔn din? Nea okura agyan no yɛ Esau, na nea ɔrehwɛ nguan no yɛ Yakob.

Esau ne Yakob yɛ ntafo a Isak ne Rebeka woo wɔn. Wɔn papa Isak pɛɛ Esau asɛm, efisɛ na ɔyɛ ɔbɔmmɔfo pa, na na ɔde aduan bɛbrɛ abusua no. Nanso na Rebeka pɛ Yakob asɛm kɛse, efisɛ na odwo.

Esau rebɛtow agyan. Wei yɛ bere a na ɔyɛ abofra no

Na wɔn nana Abraham da so te ase, na yebetumi ahu sɛnea na Yakob ani gye sɛ obetie Yehowa ho asɛm afi ne nkyɛn. Akyiri yi Abraham wui a na wadi mfe 175, bere a na ntafo no adi mfe 15.

Bere a Esau dii mfe 40 no ɔwaree yerenom baanu fii Kanaanfo mu. Eyi maa Isak ne Rebeka werɛ howee pii, efisɛ na saa mmea yi nsom Yehowa.

Na da koro, asɛm bi sii a ɛmaa Esau bo fuw ne nua Yakob kɛse. Bere dui a na Isak behyira ne ba panyin. Esiane sɛ na Esau yɛ panyin sen Yakob nti, Esau hwɛɛ kwan sɛ ne nsa bɛka nhyira yi. Nanso na Esau adi kan atɔn hokwan a ɔwɔ sɛ ne nsa bɛka nhyira no ama Yakob. Afei nso, bere a wɔwoo mmofra baanu no Onyankopɔn kae sɛ Yakob nsa bɛka nhyira no. Na saa na ɛbae. Isak de nhyira no maa ne ba Yakob.

Akyiri yi, bere a Esau tee eyi no ne bo fuw Yakob kɛse. Ne bo fuwii araa ma ɔkae sɛ obekum Yakob. Rebeka tee eyi no ɛhaw no pii. Enti ɔka kyerɛɛ ne kunu Isak sɛ: ‘Sɛ Yakob nso ware Kanaanfo mmea no bi a ɛbɛyɛ awerɛhow kɛse.’

Enti Isak frɛɛ ne ba Yakob ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Nware Kanaan babea. Mmom no, kɔ wo nana Betuel fie wɔ Haran. Ware ne ba Laban mmabea no mu biako.’

Yakob tiee ne papa, na ntɛm ara osiim twaa kwan tenten kɔɔ baabi a n’abusuafo te wɔ Haran.

Genesis 25:5-11, 20-34; 26:34, 35; 27:1-46; 28:1-5; Hebrifo 12:16, 17.

Nsɛmmisa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena