Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w07 10/1 kr. 31
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ntafo a Ɛsono Wɔn
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Yakob Nyaa Agyapade No
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Yakob Ne Esau Siesiee Wɔn Ntam
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Rebeka Ɔbea A Osuro Nyankopɔn Na Ɔyɛ Nsi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
w07 10/1 kr. 31

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

So na ɛyɛ bɔne sɛ Yakob boapa yɛɛ ne ho te sɛ Esau, sɛnea wɔakyerɛw wɔ Genesis 27:18, 19 no?

Ebia wunim saa asɛm yi yiye. Isak a na wabɔ akwakoraa no ka kyerɛɛ Esau sɛ ɔnkɔpɛ hanam bi mfa nnoa aduan mmrɛ no. Ɔkae sɛ: “Na minni, na me kra nhyira wo ansa na mawu.” Bere a Rebeka tee nea ne kunu kae no, ɔnoaa akɔnnɔduan, na ɔka kyerɛɛ Yakob sɛ: “Fa [aduan no] kɔma w’agya, na onni, na onhyira wo ansa na wawu.” Afei Yakob a na wahyɛ Esau ntade, na wɔde mmirekyi mma nhoma aduradura ne nsa ne ne kɔn ho no de akɔnnɔduan no kɔmaa n’agya. Isak bisaa Yakob sɛ: “Ɛyɛ wo hena, me ba?” Yakob buae sɛ: “Ɛyɛ me, w’abakan Esau.” Isak gyee nea Yakob kae no dii, na ohyiraa no.—Genesis 27:1-29.

Bible nka nea enti a Rebeka ne Yakob yɛɛ saa no ho asɛm nyinaa nkyerɛ yɛn, mmom no, nea ɛka ne sɛ asɛm no sii prɛko pɛ. Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ Onyankopɔn Asɛm nka sɛ nea Rebeka ne Yakob yɛe no ye anaasɛ enye, enti saa kyerɛwsɛm yi nhyɛ atorodi anaasɛ nnaadaa ho nkuran. Nanso, Bible kyerɛkyerɛ nea esii no mu.

Nea edi kan no, kyerɛwtohɔ no ma yehu pefee sɛ Yakob na na ɔfata sɛ ne nsa ka n’agya nhyira no; ɛnyɛ Esau. Efisɛ, na Yakob adi kan atɔ panyinni no afi ne nua a wammu ne panyin na ɔtɔn de gyee aduan dii bere a na ɔkɔm de no no hɔ. Esau “ammu ne panyin ni.” (Genesis 25:29-34) Enti, bere a Yakob kɔɔ n’agya nkyɛn no, na ɛyɛ nhyira a ɛyɛ ne de na na ɔrekogye no.

Nea ɛto so abien no, bere a Isak hui sɛ ɛyɛ Yakob na wahyira no no, wanyɛ biribiara a ɛkyerɛ sɛ na ɔpɛ sɛ ɔsesa nhyira no. Ebia Isak kaee asɛm a na Yehowa aka akyerɛ Rebeka ansa na ɔrewo ntafo no. Yehowa kae sɛ: ‘Ɔpanyin no bɛsom akumaa no.’ (Genesis 25:23) Nea ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow bio ne sɛ bere a na Yakob rebɛkɔ Haran no, Isak san hyiraa no bio.—Genesis 28:1-4.

Awiei koraa no, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ na Yehowa nim nea na ɛrekɔ so no, na na ɛho hia no. Ná nhyira a Isak de maa Yakob no fa bɔ a Onyankopɔn hyɛɛ Abraham no ho. (Genesis 12:2, 3) Sɛ na Onyankopɔn ani nnye nhyira a wɔde maa Yakob no ho a, anka obetumi ayɛ ho biribi. Mmom no, Yehowa nam asɛm a edi hɔ yi a ɔkae no so sii so dua sɛ ɔpene nhyira a wɔde ama Yakob no so. Ɔkae sɛ: “W’asefo mu na wobehyira wiase mmusuakuw nyinaa.”—Genesis 28:10-15.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena