Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • my asɛm 29
  • Nea Enti a Mose Guanee

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nea Enti a Mose Guanee
  • Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mose—Sɛnea N’asetra Ka Wo
    Nyan!—2004
  • Wura a Ɛredɛw
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Nwura a Ɛredɛw
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Mose—Onipa Anaa Anansesɛm?
    Nyan!—2004
Hwɛ Pii Ka Ho
Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
my asɛm 29
Mose reguan afi Misraim

ASƐM 29

Nea Enti a Mose Guanee

HWƐ Mose a ɔreguan afi Misraim. Wuhu mmarima a wodi n’akyi no? Wunim nea enti a wɔpɛ sɛ wokum Mose no? Ma yɛnhwɛ sɛ yebetumi ahu.

Mose nyinii wɔ Farao, Misraim hene, fie. Ɔbɛyɛɛ onyansafo ne onipa kɛse. Ná Mose nim sɛ ɔnyɛ Misrini, na mmom n’awofo ankasa yɛ Israelfo a wɔyɛ nkoa.

Da koro, bere a wadi mfe 40 no, Mose yɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛkɔ akɔhwɛ sɛnea ne nkurɔfo te. Ná sɛnea wɔreyɛ wɔn no yɛ awerɛhow. Ohuu Misrini a na ɔreboro Israelni. Mose hwɛe, na bere a ohui sɛ obiara nhwɛ wɔn no, ɔbɔɔ Misrini no, na Misrini no wui. Afei Mose de anhwea kataa no so.

Ade kyee no, Mose san kɔe sɛ ɔkɔhwɛ ne nkurɔfo bio. Osusuwii sɛ obetumi aboa wɔn na wɔanyɛ nkoa bio. Nanso Mose hui sɛ Israelfo baanu reko, enti ɔka kyerɛɛ nea n’asɛm nyɛ dɛ no sɛ: ‘Dɛn nti na woreboro wo nua?’

Ɔbarima no kae sɛ: ‘Hena na ɔde wo sii yɛn so hene ne temmufo? Wubekum me sɛnea wukum Misrini no?’

Afei ehu kaa Mose. Ohui sɛ nkurɔfo ahu ade a ɔde yɛɛ Misrini no. Farao mpo tee ho asɛm na ɔsomaa nnipa sɛ wonkokum Mose. Ɛno nti na na ɛsɛ sɛ Mose guan fi Misraim.

Bere a Mose fii Misraim no, ɔkɔɔ Midian asase so akyirikyiri. Ɛhɔ no ɔkɔtoo Yetro ne n’abusua, na ɔwaree ne mmabea no biako a wɔfrɛ no Sipora. Mose bɛyɛɛ oguanhwɛfo na ɔhwɛɛ Yetro nguan. Ɔtraa Midian asase so mfe 40. Na wadi mfe 80. Afei da koro, bere a ɔrehwɛ Yetro nguan no, anwonwade bi sii a ɛsakraa Mose asetra nyinaa. Bue kratafa a edi hɔ no na yɛnhwɛ nea anwonwade yi yɛ.

Exodus 2:11-25; Asomafo Nnwuma 7:22-29.

Nsɛmmisa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena