Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • my asɛm 37
  • Ɔsom Ntamadan

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔsom Ntamadan
  • Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ntamadan a Wɔbɛsom Wom
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Exodus Mu Nsɛntitiriw
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
  • Yehowa To Nsa Frɛ Yɛn Sɛ Yɛmmɛsoɛ Ne Ntamadan Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2024
Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
my asɛm 37
Ɔsom ntamadan anaa ahyiae ntamadan a na Israelfo de som Onyankopɔn no

ASƐM 37

Ɔsom Ntamadan

WUNIM nea eyi yɛ? Ɛyɛ ntamadan titiriw ma Yehowa som. Wɔsan frɛ no ahyiae ntamadan. Nkurɔfo no wiee eyi si bere a wofii Misraim no akyi afe biako. Wunim nipa ko a ɔma wosii?

Ɛyɛ Yehowa. Bere a Mose wɔ Bepɔw Sinai so no, Yehowa kyerɛɛ no sɛnea wonsi no. Ɔkae sɛ wonsi no ɔkwan bi so a ɛnyɛ den sɛ wobetutu. Saa kwan yi so no wobetumi atutu de akɔ baabi foforo, na wɔakɔhyehyɛ wɔ hɔ bio. Enti bere a Israelfo no tu fii faako a wɔwɔ kɔɔ baabi foforo no, wɔde ntamadan no kaa wɔn ho kɔe.

Sɛ wohwɛ pia ketewa a ɛwɔ ntamadan no benkum fam no mu a, wuhu adaka bi. Wɔfrɛ eyi apam adaka. Abɔfo baanu a wɔde sika ayɛ sisi so. Onyankopɔn san kyerɛw Mmara Nsɛm Du no wɔ abopon abien so esiane sɛ Mose bubuu kan de no nti. Na wɔde eyi siee apam adaka no mu. Wɔde mana no bi a ɛwɔ kuruwa mu nso siei wɔ mu. Wokae nea mana yɛ?

Mose nua Aaron na Yehowa paw no sɛ ɔsɔfo panyin. Odii nkurɔfo no anim Yehowa som mu. Na ne mma nso yɛɛ asɔfo.

Afei hwɛ ntamadan no mfinimfini hɔ. Ne kɛse yɛ pia ketewa no mmɔho. Wuhu adaka ketewa a wusiw bi fi mu no? Eyi ne afɔremuka a asɔfo no hyew aduhuam wɔ so no. Afei kaneadua a akanea ason sisi so no wɔ hɔ. Ade a ɛto so abiɛsa a ɛwɔ hɔ ne ɔpon. Wɔde abodoo nsebɔw 12 gu so.

Asanka kɛse a wɔde nsu gu mu ne afɔremuka no

Ntamadan no adiwo hɔ no, na asanka kɛse bi si hɔ a nsu wom. Na asɔfo no de hohoro wɔn nsa ne wɔn anan ho. Na afɔremuka kɛse no nso wɔ hɔ. Ɛha na wɔhyew mmoa a wokum wɔn sɛ afɔre ma Yehowa. Na ntamadan no wɔ nsra no mfinimfini, na na Israelfo no tete wɔn ntamadan a atwa ho ahyia mu.

Exodus 25:8-40; 26:1-37; 27:1-8; 28:1; 30:1-10, 17-21; 34:1, 2; Hebrifo 9:1-5.

Nsɛmmisa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena