Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w06 1/15 kr. 31
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mfaso a Yebenya Wɔ “Ɔsoro Aduan” Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Wɔanni Wɔn Bɔhyɛ So
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Aaron Poma Gu Nhwiren
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
w06 1/15 kr. 31

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

So na abopon abien pɛ na ɛwɔ apam adaka no mu anaasɛ na biribi foforo nso wɔ mu?

Bere a wohyiraa Salomo asɔrefie no so wɔ afe 1026 A.Y.B. mu no, nã “biribi nni adaka no mu gye abopon abien a Mose de guu mu Horeb, faako a [Yehowa, NW] ne Israelfo pamee bere a wofi Misraim asase so reba no.” (2 Beresosɛm 5:10) Nanso akyiri yi nneɛma sakrae.

“Da a Israelfo no siim fii Misraim asase so no, ne sram a ɛto so abiɛsa so pɛpɛɛpɛ” na woduu Sinai sare so. (Exodus 19:1, 2) Ɛno akyi no, Mose foro kɔɔ Bepɔw Sinai so kogyee Mmara abopon abien no. Ɔkae sɛ: “Na medan me ho misian mifii bepɔw no so, mede apon no mibesiee adaka a meyɛe no mu, na ɛwɔ hɔ sɛnea [Yehowa, NW] hyɛɛ me no.” (Deuteronomium 10:5) Ná eyi yɛ adaka a wɔde bedi dwuma bere tiaa bi mu a Yehowa maa Mose yɛe na ɔde Mmara abopon no asie mu. (Deuteronomium 10:1) Nanso, wanwie apam adaka no kosii afe 1513 A.Y.B. awiei mu.

Wogyee Israelfo no fii Misraim akyi bere tiaa bi mu no, wofii ase nwiinwii aduan ho. Enti Yehowa maa wɔn mana. (Exodus 12:17, 18; 16:1-5) Mose ka kyerɛɛ Aaron saa bere no sɛ: “Fa kuruwa bi, na fa mana omer ma gu mu, fa si [Yehowa, NW] anim, na wɔmfa nsie mo awo ntoatoaso.” Kyerɛwtohɔ no ka sɛ: “Sɛnea [Yehowa, NW] hyɛɛ Mose no, Aaron de sii Adanse [beae a wɔde nneɛma a ɛho hia sie] no anim sɛ wɔde resie.” (Exodus 16:33, 34) Bere a Aaron tasee mana no guu kuruwa no mu wiei no, akyinnye biara nni ho sɛ, ɔtwɛn kosii sɛ Mose yɛɛ Adaka no de abopon no guu mu ansa na Aaron de sii Adanse no anim.

Sɛnea yɛadi kan ahu no, wɔyɛɛ apam adaka no wɔ afe 1513 A.Y.B. awiei. Wɔde Aaron poma no too Adaka no mu wɔ Kora ne n’akyitaafo no atuatew no akyi. Ɔsomafo Paulo ka “apam adaka no . . . a sika kuruwa a mana wom ne Aaron poma a ɛfefɛwee ne apam abopon” wom no ho asɛm.—Hebrifo 9:4.

Mana no yɛ nsiesiei a Yehowa yɛ maa Israelfo no bere a wɔde mfe 40 dii atutra wɔ sare no so no. ‘Mana no to twae fi da a wodii bɔhyɛ asase no so aduan no.’ (Yosua 5:11, 12) Wɔde Aaron poma no too apam adaka no mu na ayɛ sɛnkyerɛnne anaa adanse ama awo ntoatoaso a wɔbɛtew atua no. Eyi kyerɛ sɛ poma no daa hɔ, anyɛ yiye koraa no bere tenten a Israelfo no de nantew sare no so no. Ɛbɛyɛ nea ntease wom sɛ yɛbɛka sɛ, Israelfo no duu Bɔhyɛ Asase no so bere bi akyi ne afei ansa na wɔrehyira Salomo asɔrefie no so no, woyii Aaron poma no ne sika kuruwa a na mana wom no fii apam adaka no mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena