Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • my asɛm 42
  • Afurum Kasa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Afurum Kasa
  • Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Baalam Afurum Kasae
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Yesu Ba sɛ Ɔhene
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Numeri Mu Nsɛntitiriw
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
  • Numeri Nhoma Hyɛ Nkuran Sɛ, Nya Obu Ma Yehowa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
Hwɛ Pii Ka Ho
Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
my asɛm 42
Afurum no rekasa akyerɛ Bileam, efisɛ ɔbɔfo bi asiw ɔkwan no

ASƐM 42

Afurum Kasa

WOATE sɛ afurum rekasa pɛn? Ebia wobɛka sɛ ‘Dabi, mmoa nkasa.’ Nanso Bible ka afurum bi a ɔkasae ho asɛm. Ma yɛnhwɛ sɛnea ɛbae.

Na aka kakra ma Israelfo no adu Kanaan asase no so. Moab hene Balak suro Israelfo. Enti ɔsoma kɔfrɛɛ obi a n’ani atew a wɔfrɛ no Bileam sɛ ɔnkɔdome Israelfo. Balak hyɛɛ Bileam bɔ sɛ ɔbɛma no sika pii, enti Bileam foro traa n’afurum so sɛ okohu Balak.

Na Yehowa mpɛ sɛ Bileam dome Ne nkurɔfo. Enti ɔsomaa ne bɔfo ma ɔde nkrante tenten bi kogyinaa kwan so ma wasiw Bileam kwan. Na Bileam ntumi nhu ɔbɔfo no, nanso afurum no hu no. Enti afurum no bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛsan n’akyi, na awiei koraa no obutuw fam wɔ kwan no so. Bileam bo fuwii kɛse, na ɔde abaa hwee afurum no.

Afei Yehowa maa afurum no kasa kyerɛɛ Bileam. Afurum no bisae sɛ: ‘Dɛn na mayɛ wo na woboro me yi?’

Bileam kae sɛ: ‘Woama mayɛ sɛ ɔkwasea. Sɛ mewɔ nkrante a anka mekum wo!’

Afurum no bisae sɛ: ‘Mayɛ wo saa da anaa?’

Bileam buae sɛ: ‘Dabi.’

Afei Yehowa maa Bileam huu ɔbɔfo a okura nkrante gyina kwan no so no. Ɔbɔfo no kae sɛ: ‘Dɛn nti na woaboro w’afurum no? Mebae sɛ merebesi wo kwan, efisɛ ɛnsɛ sɛ wokɔdome Israel. Sɛ w’afurum no annan ne ho amfi m’anim a, anka mikum wo, nanso anka merenyɛ afurum no hwee.’

Bileam kae sɛ: ‘Mayɛ bɔne. Na minnim sɛ wugyina kwan no so.’ Ɔbɔfo no maa Bileam kɔe, na okohuu Balak. Ɔbɔɔ mmɔden ara sɛ ɔbɛdome Israel, nanso, mmom no, Yehowa ma ohyiraa Israel mprɛnsa.

Numeri 21:21-35; 22:1-40; 23:1-30; 24:1-25.

Nsɛmmisa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena