Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lfb adesua 28 kr. 70-kr. 71 nky. 1
  • Baalam Afurum Kasae

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Baalam Afurum Kasae
  • Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Afurum Kasa
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Numeri Mu Nsɛntitiriw
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
  • Numeri Nhoma no Mu Nsɛntitiriw
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • Numeri Nhoma Hyɛ Nkuran Sɛ, Nya Obu Ma Yehowa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
Hwɛ Pii Ka Ho
Sua Biribi Fi Bible Mu
lfb adesua 28 kr. 70-kr. 71 nky. 1
Baalam afurum abutuw kwan no mu efisɛ wahu Onyankopɔn bɔfo

ADESUA 28

Baalam Afurum Kasae

Ná Israelfo no atena sare so bɛyɛ mfe 40. Ná wɔako adi nkurow a ɛyɛ den pii so nkonim. Afei wɔtu kɔtenaa Moab sare so. Ɛwɔ Asubɔnten Yordan no apuei fam. Ná bere aso sɛ wɔkɔ Bɔhyɛ Asaase no so. Ná Balak yɛ Moab hene, na na osuro sɛ Israelfo no bɛko afa n’asaase. Enti ɔfrɛɛ ɔbarima bi a ne din de Baalam sɛ ɔmmra Moab mmɛdome Israelfo no.

Nanso Yehowa ka kyerɛɛ Baalam sɛ: ‘Ɛnsɛ sɛ wodome Israelfo no.’ Enti Baalam ankɔ. Ɔhene Balak san soma ma wɔkɔfrɛɛ no. Ɔhene no kaa sɛ nea Baalam pɛ biara, ɔde bɛma no. Nanso, Baalam ampene so. Afei Onyankopɔn kaa sɛ: ‘Wubetumi akɔ, nanso asɛm a mɛka akyerɛ wo nko ara na ɛsɛ sɛ woka.’

Baalam tenaa n’afurum so. Ɔde n’ani kyerɛɛ anaafo fam kɔɔ Moab. Ná Yehowa aka akyerɛ no sɛ ɛnsɛ sɛ ɔdome Israelfo no. Nanso na wayɛ n’adwene sɛ ɔbɛdome wɔn. Yehowa bɔfo yii ne ho adi mprɛnsa wɔ kwan no so. Baalam anhu ɔbɔfo no, nanso n’afurum no de, ohuu no. Nea edi kan no, afurum no de n’ani kyerɛɛ wuram. Afei afurum no kɔfam ɔfasu bi ho maa Baalam nan ka miaa ɔfasu no. Awiei koraa no, afurum no butuw kwan no mfinimfini. Emu biara no, na Baalam de abaa hwe afurum no.

Nea ɛto so mmiɛnsa akyi no, Yehowa maa afurum no kasae. Afurum no bisaa Baalam sɛ: ‘Adɛn nti na woda so ara rehwe me?’ Baalam kaa sɛ: ‘Woama mayɛ sɛ ogyimfo. Sɛ nkrante bi kura me a, anka sesɛɛ makum wo.’ Afurum no kaa sɛ: ‘Woatena me so mfe pii ni. Woahu sɛ mayɛ wo saa pɛn?’

Afei Yehowa maa Baalam huu ɔbɔfo no. Ɔbɔfo no kaa sɛ: ‘Yehowa ka kyerɛɛ wo sɛ nnome Israelfo no.’ Baalam kaa sɛ: ‘Mayɛ bɔne. Mɛsan m’akyi akɔ fie.’ Nanso ɔbɔfo no kaa sɛ: ‘Wubetumi akɔ Moab, nanso asɛm a Yehowa bɛka akyerɛ wo nko ara na ɛsɛ sɛ woka.’

Nea ɛtoo Baalam no, osuaa biribi fii mu anaa? Daabi. Ɛno akyi no, Baalam yɛe sɛ ɔbɛdome Israelfo no. Ɔyɛɛ saa mprɛnsa. Nanso emu biara no, Yehowa maa ohyiraa Israelfo no mmom. Nea ɛbae ne sɛ, Israelfo no dii Moab so nkonim, na wɔkum Baalam. Sɛ Baalam tiee Yehowa a, wohwɛ a anka saa na ɛbɛto no?

“Monhwɛ yiye wɔ adifudepɛ biara ho, efisɛ sɛ onipa nya agyapade ma ebu so mpo a, ɛnyɛ nneɛma a ɔwɔ no na ɛbɛma wanya nkwa.”—Luka 12:15

Nsɛmmisa: Adɛn nti na Baalam kɔɔ Moab? Ɔrekɔ no, dɛn na esii wɔ kwan so?

Numeri 22:1–24:25; 31:8; Nehemia 13:2; 2 Petro 2:15, 16; Yuda 11

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena