Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • my asɛm 79
  • Daniel wɔ Agyata Amoa no Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Daniel wɔ Agyata Amoa no Mu
  • Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Daniel Da Agyata Amena Mu
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Wogyee No Fii Gyata Anom!
    Tie Daniel Nkɔmhyɛ No!
  • Daniel Som Onyankopɔn Daa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Dario—Ɔhene a Ɔwɔ Atɛntrenee Su
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
Hwɛ Pii Ka Ho
Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
my asɛm 79
Wɔde Daniel ato gyata amena mu

ASƐM 79

Daniel wɔ Agyata Amoa no Mu

HYIEE! Ɛte sɛ nea asɛm ato Daniel. Nanso agyata no nyɛ no hwee! Wunim nea enti? Hena na ɔde Daniel bɛtoo agyata yi mfinimfini ha? Ma yɛnhwɛ.

Afei de na wɔfrɛ Babilon hene no Dario. Na ɔpɛ Daniel asɛm kɛse efisɛ Daniel yɛ ɔyamyefo ne onyansafo. Dario paw Daniel sɛ sodifo panyin wɔ n’ahenni no mu. Eyi maa nnipa afoforo a wɔwɔ ahemman no mu ani beree Daniel, enti nea wɔyɛe ni.

Wɔkɔɔ Dario nkyɛn kɔkae sɛ: ‘Ɔhene, yɛatu agyina sɛ hyɛ mmara foforo sɛ ɛnsɛ sɛ obiara bɔ onyame anaa onipa biara mpae adaduasa yi mu, gye wo Ɔhene nkutoo. Sɛ obi anni mmara no so a, ɛsɛ sɛ wɔtow no kyene agyata amoa no mu.’ Na Dario nnim nea enti a mmarima yi pɛ sɛ wɔhyɛ saa mmara yi. Nanso osusuwii sɛ ɛyɛ adwempa, enti ɔma wɔkyerɛw mmara no. Afei worentumi nsakra mmara no.

Bere a Daniel tee mmara no, ɔkɔɔ fie kɔbɔɔ mpae sɛnea ɔyɛ daa no. Ná nnipa bɔne no nim sɛ Daniel rennyae Yehowa mpaebɔ da. Ɛyɛɛ wɔn dɛ efisɛ ɛyɛɛ te sɛ nea nhyehyɛe a wɔayɛ sɛ wobeyi Daniel afi hɔ no bɛyɛ yiye.

Bere a Ɔhene Dario tee nea enti a na saa mmarima yi pɛ sɛ wɔhyɛ mmara yi no, ne werɛ howee kɛse. Nanso na ɔrentumi nsakra mmara no, enti na ɛsɛ sɛ ɔhyɛ ma wɔtow Daniel to agyata amoa no mu. Ɔka kyerɛɛ Daniel sɛ: ‘Migye di sɛ wo Nyankopɔn a wosom no no begye wo.’

Ɔhene Dario rehwɛ gyata amena no mu

Ɛhaw Dario araa ma wantumi anna anadwo no. Ade kyee no ɔyɛɛ ntɛm kɔɔ agyata amoa no ano. Wutumi hu no wɔ hɔ. Ɔteɛɛm sɛ: ‘Daniel, ɔteasefo Nyankopɔn no akoa! So Onyankopɔn a wosom no no tumi gyee wo fii agyata no anom anaa?’

Daniel buae sɛ: ‘Onyankopɔn somaa ne bɔfo ma obemuamuaa agyata no ano, enti wɔanyɛ me hwee.’

Ɛyɛɛ ɔhene no dɛ pii. Ɔma woyii Daniel fii amoa no mu. Afei ɔma wɔtow nnipa bɔne a wɔpɛe sɛ wokum Daniel no maa agyata no. Wɔannu amoa no ase mpo na agyata no kyeree wɔn bobɔɔ wɔn nnompe nyinaa mu.

Ɔhene Dario kyerɛw kɔmaa n’ahemman no mufo nyinaa sɛ: ‘Mehyɛ sɛ ɛsɛ sɛ obiara de obu ma Daniel Nyankopɔn no. Ɔyɛ anwonwade akɛse. Ogyee Daniel fii agyata no anom.’

Daniel 6:1-28.

Nsɛmmisa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena