Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lfb adesua 64 kr. 152-kr. 153 nky. 4
  • Daniel Da Agyata Amena Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Daniel Da Agyata Amena Mu
  • Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Daniel wɔ Agyata Amoa no Mu
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Wogyee No Fii Gyata Anom!
    Tie Daniel Nkɔmhyɛ No!
  • Daniel Som Onyankopɔn Daa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Dario—Ɔhene a Ɔwɔ Atɛntrenee Su
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
Hwɛ Pii Ka Ho
Sua Biribi Fi Bible Mu
lfb adesua 64 kr. 152-kr. 153 nky. 4
Mmarima a wɔn ani bere Daniel no huu sɛ Daniel rebɔ mpae wɔ mpoma bi a wɔabue ato hɔ anim

ADESUA 64

Daniel Da Agyata Amena Mu

Dario nso bɛyɛɛ Babilon hene. Ná ɔyɛ Mediani. Dario huu sɛ Daniel yɛ onipa soronko. Enti, ɔma ɔhwɛɛ mmarima atitiriw paa a wɔwɔ ɔman no mu nyinaa so. Ná saa mmarima no ani bere Daniel. Enti na wɔpɛ sɛ wɔkum no. Ná nkurɔfo no nim sɛ Daniel bɔ Yehowa mpae mprɛnsa da biara. Enti nkurɔfo no ka kyerɛɛ Dario sɛ: ‘Ɔhene, yɛsrɛ wo, hyɛ mmara bi sɛ, wo nko ara na ɛsɛ sɛ obiara bisa biribi fi wo hɔ. Obiara a obebu mmara no so no, ɛsɛ sɛ wɔde no kɔto agyata amena mu.’ Dario ani gyee asɛm no ho. Enti ɔde ne nsa hyɛɛ mmara no ase.

Bere a Daniel tee mmara foforo no ho asɛm pɛ, ɔkɔɔ ne fie. Obuu nkotodwe wɔ mpoma bi a wɔabue ato hɔ anim, na ɔbɔɔ Yehowa mpae. Mmarima a na wɔn ani bere Daniel no kɔɔ ne fie. Wɔkohuu sɛ Daniel rebɔ mpae. Wɔtuu mmirika kɔɔ Dario nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: ‘Daniel rebu wo mmara no so. Da biara, ɔbɔ ne Nyankopɔn mpae mprɛnsa.’ Ná Dario pɛ Daniel asɛm paa. Enti na ɔmpɛ sɛ okum no. Saa da no nyinaa, ɔhene no hwehwɛɛ ɔkwan a ɔbɛfa so agye Daniel nkwa. Nanso, na ɔhene no mpo rentumi nsesa mmara a wadi kan de ne nsa ahyɛ ase no. Enti, na ɛsɛ sɛ ɔka kyerɛ ne mmarima no sɛ wɔntow Daniel nkyene agyata a wɔn ho yɛ hu no amena mu.

Saa anadwo no, Dario dwinnwen Daniel ho ara ma wantumi anna. Ade kyee anɔpa no, otuu mmirika kɔɔ amena no ho. Ɔfrɛɛ Daniel sɛ: ‘Wo Nyankopɔn no atumi agye wo anaa?’

Dario tee ɛnne bi. Ná ɛyɛ Daniel nne! Daniel ka kyerɛɛ Dario sɛ: ‘Yehowa abɔfo abɛkata agyata no ano. Enti agyata no antumi anyɛ me hwee.’ Dario ani gyee paa! Ɔkaa sɛ, wɔnnyi Daniel mfi amena no mu. Daniel ho baabiara antwa. Afei, ɔhene no kaa sɛ: ‘Montow mmarima a wɔdii Daniel ho nkɔnkɔnsa no ngu amena no mu.’ Bere a wɔtow saa mmarima no guu amena no mu no, agyata no wee wɔn pasaa.

Dario hyɛɛ mmara, na ɔka kyerɛɛ ne nkurɔfo sɛ: ‘Ɛsɛ sɛ obiara suro Daniel Nyankopɔn no. Ɔno na ogyee Daniel fii agyata no nsam.’

Ɛyɛ a, wobɔ Yehowa mpae daa sɛnea Daniel yɛe no?

Daniel da agyata amena mu

“Yehowa nim sɛnea obegye wɔn a wɔde onyamesom pa tena ase no afi sɔhwɛ mu.”—2 Petro 2:9

Nsɛmmisa: Dɛn na na Daniel yɛ mprɛnsa da biara? Dɛn na Yehowa yɛ de gyee Daniel nkwa?

Daniel 6:1-28

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena