Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • my asɛm 96
  • Yesu Sa Ayarefo Yare

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yesu Sa Ayarefo Yare
  • Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ná Yesu Dɔ Nnipa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Ɛnyɛ Homeda A Wogu Ho Fĩ
    Nyan!—1981
  • Yesu Ba sɛ Ɔhene
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Adwuma Ne Ahomegye “Wɔ Ne Bere”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2019
Hwɛ Pii Ka Ho
Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
my asɛm 96
Yesu resa ɔbea bi yare, na nyamesom akannifo no bo afuw no denneennen

ASƐM 96

Yesu Sa Ayarefo Yare

BERE a Yesu tutuu akwan wɔ ɔman no mu no, ɔsaa ayarefo yare. Wɔkaa anwonwade ahorow yi ho asɛm wɔ nkurow ne nkuraa nyinaa ase. Enti nkurɔfo de abubuafo ne anifuraefo ne asotifo ne ayarefo afoforo pii baa ne nkyɛn. Na Yesu saa wɔn nyinaa yare.

Ná bɛboro mfe abiɛsa atwam fi bere a Yohane bɔɔ Yesu asu. Na Yesu ka kyerɛɛ n’asomafo sɛ ɛrenkyɛ ɔbɛkɔ Yerusalem, baabi a wobekum no. Nanso Yesu kɔɔ so saa nkurɔfo yare.

Da koro bi na Yesu rekyerɛkyerɛ Homeda. Na Homeda yɛ da a Yudafo mfa nyɛ adwuma. Ɔbea a wuhu wɔ ha no ayare paa. Bɛyɛ mfe 18 ni na ne mu akom, a ontumi nteɛ ne mu. Enti Yesu de ne nsa guu ɔbea no so, na ɔbea no fii ase teɛɛ ne mu. Ne ho atɔ no!

Eyi maa nyamesom mpanyimfo no bo fuwii. Wɔn mu biako teɛɛm ka kyerɛɛ nnipadɔm no sɛ: ‘Nnansia na ɛsɛ sɛ yɛde yɛ adwuma. Saa da no na obetumi asa yare, ɛnyɛ Homeda!’

Nanso Yesu buae sɛ: ‘Abɔnefo. Mo mu biara bɛsan n’afurum ma wakɔnom nsu Homeda. Na ɔbea yi a ɔyɛ mmɔbɔ, a wayare mfe 18 yi de, ɛnsɛ sɛ wɔsa no yare Homeda?’ Mmuae a Yesu mae no maa saa nnipa bɔne yi ani wui.

Akyiri yi Yesu ne n’asomafo siim sɛ wɔrekɔ Yerusalem. Bere a woduu Yeriko no, anifuraefo baanu tee sɛ Yesu retwam. Enti wɔteɛteɛɛm sɛ: ‘Yesu, boa yɛn!’

Yesu frɛɛ anifuraefo no bisaa wɔn sɛ: ‘Dɛn na mopɛ sɛ meyɛ ma mo?’ Wɔkae sɛ: ‘Awurade, ma yɛn aniwa mmue.’ Yesu de ne nsa kekaa wɔn ani, na amonom hɔ ara wohuu ade! Wunim nea enti a Yesu yɛɛ eyi nyinaa? Efisɛ na ɔdɔ nnipa, na na ɔpɛ sɛ wogye no di. Enti sɛ odi so sɛ Ɔhene a, obiara renyare bio.

Mateo 15:30, 31; Luka 13:10-17; Mateo 20:29-34.

Nsɛmmisa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena