Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • my asɛm 102
  • Yesu Te Ase

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yesu Te Ase
  • Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Onyankopɔn Kae Ne Ba No
    Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
  • Wɔanhu Amu no, Efisɛ na Yesu Anyane!
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Yesu Te Ase!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Yesu Nyan Fii Awufo Mu
    Sua Biribi Fi Bible Mu
Hwɛ Pii Ka Ho
Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
my asɛm 102
Abɔfo mmienu bi wɔ baabi a wosiee Yesu no. Wɔreka akyerɛ Maria Magdalene sɛ wɔanyan Yesu

ASƐM 102

Yesu Te Ase

WUNIM nnipa ko a ɔbea no ne mmarima baanu no yɛ? Ɔbea no yɛ Maria Magdalene, a ɔyɛ Yesu adamfowa. Na mmarima a wɔhyehyɛ ntade fitaa no yɛ abɔfo. Ɔdan ketewa a Maria rehwɛ mu no ne baabi a wosiee Yesu bere a owui no. Wɔfrɛ no ɔboda. Nanso afei amũ no nni hɔ! Hena na ɔbɛfae? Ma yɛnhwɛ.

Yesu wu akyi no, asɔfo no ka kyerɛɛ Pilato sɛ: ‘Yesu te ase no ɔkae sɛ ɔbɛsan asɔre nnansa akyi. Enti ma wɔnkɔwɛn ɔdamoa no. Na n’asuafo no ankowia ne funu no na wɔanka sɛ wasɔre!’ Pilato kae sɛ wɔnsoma asraafo mma wɔnkɔwɛn ɔdamoa no.

Nanso Yesu wu akyi da a ɛto so abiɛsa anɔpa tutuutu no Yehowa bɔfo bae mpofirim. Opirew ɔbo no fii ɔda no ano. Ehu kaa asraafo no araa ma na wontumi nka wɔn ho. Akyiri yi bere a wɔhwɛɛ ɔda no mu no na amũ no nni hɔ! Asraafo no binom kɔka kyerɛɛ asɔfo no. Wunim nea asɔfo bɔne no yɛe? Wɔmaa asraafo no sika sɛ wonni atoro. Wɔkae sɛ: ‘Monka sɛ n’asuafo no baa anadwo, bere a na yɛadeda, na wobewiaa amũ no.’

Saa bere no mu no, mmea bi a na wɔyɛ Yesu nnamfowa kɔɔ ɔda no so. Hwɛ wɔn ho dwiriw a edwiriw wɔn sɛ wohui sɛ ɔda no ano da hɔ a hwee nni mu! Mpofirim ara abɔfo baanu a wɔn ntade hyerɛn puei. Wobisae sɛ: ‘Dɛn nti na morehwehwɛ Yesu wɔ ha? Wɔanyan no. Monka mo ho nkɔka nkyerɛ n’asuafo no.’ Hwɛ mmirika ara a mmea no tui! Nanso ɔbarima bi ma wogyinae. Wunim nipa ko? Ɛyɛ Yesu! Ɔkae sɛ: ‘Monkɔka nkyerɛ m’asuafo.’

Bere a mmea no ka kyerɛɛ asuafo no sɛ Yesu asɔre na wɔahu no no, na asuafo no ntumi nnye nni. Petro ne Yohane tuu mmirika kɔɔ ɔda no so sɛ wɔn ankasa rekɔhwɛ, na na hwee nni ɔda no mu! Bere a Petro ne Yohane fii hɔ no, Maria Magdalene kaa akyi. Saa bere no na ɔhwɛɛ ɔda no mu huu abɔfo baanu no.

Wunim nea ɛbaa Yesu amũ no so? Onyankopɔn ma ɛyerae. Ɛnyɛ ɔhonam nipadua a Yesu de wui no na Onyankopɔn de nyan no. Ɔmaa Yesu honhom nipadua foforo te sɛ abɔfo a wɔwɔ soro no. Nanso sɛnea ɛbɛyɛ na Yesu asuafo no ahu sɛ ɔte ase no, ɔfaa nipadua a nnipa betumi ahu, sɛnea yebesua ho ade no.

Mateo 27:62-66; 28:1-15; Luka 24:1-12; Yohane 20:1-12.

Nsɛmmisa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena