Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • jy ti 134 kr. 304-kr. 305 nky. 5
  • Wɔanhu Amu no, Efisɛ na Yesu Anyane!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔanhu Amu no, Efisɛ na Yesu Anyane!
  • Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yesu Te Ase!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Yesu Te Ase
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • “Mahu Awurade!”
    Suasua Wɔn Gyidi
  • Yesu Nyan Fii Awufo Mu
    Sua Biribi Fi Bible Mu
Hwɛ Pii Ka Ho
Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
jy ti 134 kr. 304-kr. 305 nky. 5
Mmaa no ho dwirii wɔn sɛ wɔanhu Yesu amu no

TI 134

Wɔanhu Amu No—Ná Yesu Anyane!

MATEO 28:3-15 MARKO 16:5-8 LUKA 24:4-12 YOHANE 20:2-18

  • WƆNYANEE YESU

  • NEA ƐKƆƆ SO WƆ BAABI A WƆSIEE YESU NO

  • ƆYII NE HO ADI KYERƐƐ MMAA BI

Bere a mmaa no huu sɛ Yesu amu no nni hɔ no, wɔn yam hyee wɔn yie! Ɛhɔ ara na Maria Magdalene sɔɔ mmirika mu kɔka kyerɛɛ “Simon Petro ne osuani foforɔ a Awurade pɛ n’asɛm no.” Saa osuani no ne ɔsomafo Yohane. (Yohane 20:2) Nanso, mmaa a wɔkaa hɔ no huu ɔbɔfo bi wɔ kwan no ano. Ná ɔbɔfo baako nso “hyɛ atade tenten fitaa” te baabi a na Yesu amu no da no.​—Marko 16:5.

Abɔfo no baako ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monnsuro, na menim sɛ morehwehwɛ Yesu a wɔbɔɔ no asɛndua mu no. Ɔnni ha, na wɔanyane no sɛdeɛ ɔkaeɛ no. Mommra, monhwɛ faako a na ɔda no. Na monkɔ ntɛm nkɔka nkyerɛ n’asuafoɔ no sɛ wanyane afiri awufoɔ mu, na hwɛ! ɔredi mo anim akɔ Galilea.” (Mateo 28:5-7) Ná mmaa no “ho repopo na awɔse agu wɔn,” enti wɔsii kwan so kɔka kyerɛɛ asuafo no.​—Marko 16:8.

Bere a Maria tuu mmirika kɔhwehwɛɛ Petro ne Yohane huu wɔn no, ɔde ahopere ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Wɔayi Awurade afiri ɛda no mu, na yɛnnim baabi a wɔde no akɔtoɔ.” (Yohane 20:2) Petro ne Yohane nso sɔɔ mmirika mu de wɔn ani kyerɛɛ ɛda no so. Yohane na ɔdii kan kɔduu hɔ, na ɔde n’ani tɛɛ hɔ huu sɛ ntoma a wɔde kyekyeree Yesu no gu hɔ.

Petro deɛ, ɔduu hɔ ara na ɔbɔ wuraa mu, na ɔhuu sɛ nwera a wɔde kyekyeree Yesu no ne ntoma a wɔde kyekyeree ne ti no gu hɔ. Afei Yohane nso wuraa mu kɔhuu sɛ nea Maria bɛkae no yɛ nokware. Ɛwom sɛ na Yesu adi kan aka sɛ ɔwu a ɔbɛsɔre deɛ, nanso Petro ne Yohane anhu sɛ ɛno na abam no. (Mateo 16:21) Afei wɔdanee wɔn ho kɔɔ fie, nanso na wɔnte nea asi no ase. Maria deɛ, ɔsan baa ɛda no so bio.

Mmaa a aka no nso de wɔn ani kyerɛɛ asuafo no hɔ sɛ wɔrekɔka akyerɛ wɔn sɛ Yesu anyane. Wɔdi mmirika rekɔ no, Yesu hyiaa wɔn wɔ kwan so ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Asomdwoeɛ nka mo!” Wɔhwee ne nan ase “kotoo no.” Afei Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monnsuro! Monkɔ nkɔbɔ me nuanom amanneɛ sɛ wɔnkɔ Galilea, na wɔbɛhu me wɔ hɔ.”​—Mateo 28:9, 10.

Bere a asasewosow no sii a abɔfo no bae no, asraafo a na wɔwɔ hɔ no ho “popoeɛ na wɔyɛɛ sɛ deɛ wɔawuwuo.” Wɔn ani so tetee wɔn no, wɔkɔɔ kuro no mu “kɔkaa deɛ asie nyinaa kyerɛɛ asɔfoɔ mpanimfoɔ no.” Afei asɔfo no ne Yudafo mpanimfoɔ no kɔtuu asɛm no ho agyina. Wɔyɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛma asraafo no sika de abɔ wɔn ano. Wɔka kyerɛɛ asraafo no sɛ wɔnkɔka sɛ: “Anadwo a yɛadeda no, n’asuafoɔ no bɛwiaa no.”​—Mateo 28:4, 11, 13.

Saa bere no, sɛ Roma sraani rewɛn baabi na ɔda a, na wɔtumi kum no. Enti asɔfo no hyɛɛ asraafo no bɔ sɛ wɔkɔdi atoro sɛ wɔdedae a, wɔbɛka bi ama wɔn. Wɔkaa sɛ: “Sɛ ɛduru amrado no asom a yɛbɛpa no kyɛw na moannya asɛm biara.” (Mateo 28:14) Asraafo no nso gyee sika no hyɛɛ wɔn ho kɔyɛɛ nea asɔfo no kae no. Ɛno maa saa atosɛm no tenee Yudafo no mu sɛ asuafo no akɔwia Yesu amu.

Yɛrekasa yi nyinaa, na Maria Magdalene da so gyina ɛda no so rete nisuo. Ɔbɔɔ ne mu ase hwɛɛ ɛda no mu, na ɔhuu sɛ abɔfo mmienu hyɛ ntade fitaa te hɔ. Ná baako te baabi a na Yesu ti da, ɛnna baako nso te baabi a na ne nan gu. Wɔbisaa Maria sɛ: “Ɔbaa, adɛn na woresu?” Ɔyii wɔn ano sɛ: “Wɔafa me Wura kɔ, na mennim baabi a wɔde no akɔtoɔ.” Ɔdanee ne ho nso, na obi gyina n’akyi. Ɔno nso bisaa no nea enti a ɔresu, na afei ɔbisaa no sɛ: “Hwan na worehwehwɛ no?” Ɛyɛɛ Maria sɛ ɔno na ɔhwɛ turom hɔ, enti ɔbuaa sɛ: “Owura, sɛ wo na woafa no afiri ha a, kyerɛ me baabi a wode no akɔtoɔ na menkɔfa no nkɔ.”​—Yohane 20:13-15.

Maria deɛ, na ɔnnim sɛ Yesu anyane na ɔno na ɔne no rekasa no. Nanso, bere a ɔkaa sɛ “Maria!” no, ɛhɔ ara na ɔhuu sɛ ɛyɛ Yesu, efisɛ na ɔnim sɛnea ɔne no kasa. Ɛnna Maria de anigye kaa sɛ “Rabuni!” (aseɛ ne “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ!”) Nanso, na ɔsuro sɛ Yesu rebɛforo akɔ soro, enti ɔsɔɔ ne mu. Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Gyaa me mu, na mennya nkɔɔ Agya no hɔ. Mmom si kwan so kɔ me nuanom nkyɛn kɔka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Merekɔ m’Agya ne mo Agya ne me Nyankopɔn ne mo Nyankopɔn no nkyɛn.’”​—Yohane 20:16, 17.

Maria de mmirika kɔɔ baabi a asomafo no ne asuafo a aka no ahyiam no. Ɔno nso de bi kɔtoo nea na mmaa no adi kan akɔka akyerɛ wɔn no so sɛ: “Mahunu Awurade!” (Yohane 20:18) Nanso, nsɛm a wɔkae no “yɛɛ wɔn sɛ nsɛnhunu bi.”​—Luka 24:11.

  • Bere a Maria Magdalene huu sɛ Yesu nni baabi a wɔsiee no no, dɛn na ɔyɛe? Mmaa a aka no nso, dɛn na wɔyɛe?

  • Dɛn na Petro ne Yohane yɛe bere a wɔhuu sɛ Yesu amu no nni hɔ no?

  • Bere a mmaa a aka no rekɔka nea asi akyerɛ asomafo no, dɛn na ɛsii kwan so? Maria Magdalene san kɔɔ Yesu nna no so no, dɛn na ɛsii?

  • Bere a mmaa no kɔbɔɔ asomafo no amanneɛ sɛ Yesu anyane no, wɔfaa no sɛn?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena